Nnwom
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Kora mma dwom.+ Maskil.*
44 O Onyankopɔn, yɛde yɛn ankasa aso ate,
Yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn,+
Nnwuma a woyɛe wɔ wɔn bere so
Wɔ tete mmere mu no.
Womaa amanaman no dii nkogu, na wopam wɔn fii hɔ.+
5 Yɛnam wo tumi so bɛpam yɛn atamfo;+
Ahotoso a yɛwɔ wɔ wo din mu nti, yebetiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no so,+
8 Onyankopɔn na yebeyi no ayɛ daa nyinaa,
Na yɛbɛkamfo wo din daa daa. (Sela)
9 Nanso afei de, woatow yɛn akyene na woama yɛn anim agu ase,
Na wonka yɛn asraafo ho nkɔ bio.
13 Woama yɛn anim agu ase wɔ wɔn a wɔtete bɛn yɛn no anim;
Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa di yɛn ho fɛw, na wɔhwɛ yɛn serew.
15 Daa nyinaa m’anim gu ase,
Na aniwu amene me,
16 Esiane wɔn nne a wɔde twa me adapaa ne nsɛmmɔne a wɔka tia me nti;
Esiane yɛn tamfo a ɔretua yɛn so ka nti.
18 Yɛn koma nnyaee w’akyi di;
Yɛn anammɔn nso mman mfii wo kwan so.
19 Nanso woabubu yɛn pasaa wɔ sakraman tenabea;
Wode sum kabii akata yɛn so.
20 Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din
Anaasɛ yɛatrɛw yɛn nsam abɔ onyame foforo bi mpae a,
21 Anka Onyankopɔn renhu anaa?
Onim koma mu ahintasɛm.+
23 O Yehowa, Sɔre. Dɛn nti na woada?+
Nyan, na ntow yɛn nkyene afebɔɔ.+
24 Adɛn nti na wode w’anim ahintaw?
Adɛn nti na wo werɛ afi amanehunu ne nhyɛso a ɛba yɛn so no?
Wo dɔ a enni huammɔ nti gye yɛn.+