Exodus 15:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Wode wɔn bɛba na woabedua wɔn wo bepɔw so,+ w’agyapade so,Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,Tenabea kronkron a wo, Yehowa, wode wo nsa ayɛ no. Dwom 78:55 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 55 Ɔpam amanaman no fii wɔn anim;+Ɔde susuhama kyekyɛɛ agyapade maa wɔn,+Na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn afi mu.+ Dwom 80:8, 9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wuyii bobe dua+ bi fii Egypt; Wopam amanaman no, na wuduae.+ 9 Wusiesiee baabi maa bobe no,Na enyaa ntini trɛtrɛwee wɔ asaase no so.+
17 Wode wɔn bɛba na woabedua wɔn wo bepɔw so,+ w’agyapade so,Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,Tenabea kronkron a wo, Yehowa, wode wo nsa ayɛ no.
55 Ɔpam amanaman no fii wɔn anim;+Ɔde susuhama kyekyɛɛ agyapade maa wɔn,+Na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn afi mu.+
8 Wuyii bobe dua+ bi fii Egypt; Wopam amanaman no, na wuduae.+ 9 Wusiesiee baabi maa bobe no,Na enyaa ntini trɛtrɛwee wɔ asaase no so.+