Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/83 kr. 3
  • Nyamesom Atemmu Bere

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyamesom Atemmu Bere
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yebetumi Aboa Pii Ma Wɔaba Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa no April 2
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nkaedi Ho Nsato Krataa a Wɔbɛkyekyɛ wɔ Wiase Nyinaa!
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Lidia—Onyankopɔn Somfo a Ɔpɛ Ahɔhoyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 3/83 kr. 3

Nyamesom Atemmu Bere

1 Eyi ne baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa mu Kwasida, April 10 no asɛmti a ɛkanyan adwene no. Ɛyɛ aniberesɛm ampa sɛ wubehu sɛ nyamesom nyinaa rehyia atemmu a etwa to bi; sɛ bere a atemmu pa wɔ hɔ ma wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn no wɔ nokware mu no, atoro som behyia atemmu a etia wɔn ne ɔsɛe a etwa to. Bible no de ɔsɛe a ɛbɛba atoro som so no ho nkɔmhyɛ pii ma, na nneɛma ahorow a wuhu sɛ ɛresisi nnɛ no kyerɛ nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu mprempren. Eyi ma ɛbɛyɛ nea egye ntɛmpɛ kɛse ma wɔn a wɔdɔ trenee sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ nokware som NNƐ!

2 “Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nii hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” Ɛsɛ sɛ saa nsɛm a wobisaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no ka yɛn koma nso, na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no. (Rom. 10:14) Na bere a yɛka asɛm wɔ March ne April asram no mu no, momma yɛmfa hokwan biara a yebenya nka Kristo wu Nkaedi wɔ March 29 ne ɔkasa titiriw wɔ April 10 no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo.

3 Wɔahyɛ da atintim nsaano nkrataa ama dwumadi ahorow abien yi. Ebia wobɛpɛ sɛ wode nea ɛbɔ baguam ɔkasa no ho dawuru no di dwuma wɔ afie afie asɛnka no mu bere a yɛrekyekyɛ nsɛmma nhoma ne bere a yɛredi adanse ankasa. Nanso bere a worekɔ abusuafo hɔ, woreyɛ sankɔhwɛ, woreto nsa afrɛ wɔn a wo ne wɔn sua ade anaasɛ woreto nsa afrɛ afoforo a wɔkyerɛ anigye titiriw no, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nsaano nkrataa abien no bɛbom ama.

4 Krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo a wɔatintim no betumi de nsɛm atitiriw a anigyefo hia no ama nanso ɛsɛ sɛ yefi anigye mu de ma, na yefi koma pa mu srɛ wɔn sɛ wɔmmra. Enti suasua Lidia honhom a oyii no adi bere a ɔtoo nsa frɛɛ afoforo no. Asomafo no Nnwuma 16:15 se “ɔsrɛe sɛ!” Sɛ́ woresrɛ kyerɛ sɛ “worepa obi kyɛw; sɛ worekorɔkorɔ obi.” So biribi fii Lidia akorɔkorɔ no mu bae? Wɔn a wotiei no se: “Ɔyɛe ara ma yɛbae.” (NW) Bere a yɛda honhom koro no ara adi March ne April mu na yɛhyɛ nnipa koma pafo nkuran ma wɔne yɛn hyiam no, susuw nhyira ara a ɛbɛyɛ no ho! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ te nko na mpempem pii bɛte na mmom wobegye Nea wɔate ne ho asɛm no adi, na wɔafi Babilon Kɛse no mu, atwa ahohiahia kɛse no na wɔanya asase foforo a atoro som nguu ho fi nhyira horow no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena