So Yebetumi Aboa Pii Ma Wɔaba Ase?
1 Afe a etwaam, Yawda, April 8 no, nnipa 76,305 baa Nkaedi no ase wɔ Ghana nyinaa. Ná ɛyɛ Yawda a edi “Yesu Amanehunu” anim a na nkurɔfo pii retu kwan akodi “Easter” no. Afei nso na bere a aban ahyɛ a ɛsɛ sɛ nkurɔfo de da no wɔ anim dodo saa bere no sen mprempren. Afe yi de tebea no yɛ soronko, ɛwɔ akyiri sen afe a etwaam no. Enti, so yebetumi aboa pii ma wɔaba ase March 29? Wɔyɛ nea edidi so yi ho nyansa:
2 March 7-13 dapɛn no: Fi ase to nsa frɛ wɔn a wo ne wɔn yɛ ofie Bible adesua. Wɔ adesua no akyi no ɛbɛyɛ nea eye sɛ wode simma du kosi dunum bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ obiara ba ase bi March 29 no mu. Mubetumi asusuw nsɛm afoforo a ɛfa ho ho adapɛn a edidi so no mu.
3 March 14-20 dapɛn no: To nsa frɛ abusuafo ma wɔnka wo ho mmra Nkaedi no ase. Yɛn abusuafo no pii wɔ hɔ a wɔmmaa Yehowa Adansefo nhyiam da. Kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ Yesu hyɛɛ n’abusuafo nkuran sɛ wontie nea ɔwɔ ka, na n’abusuafo a wɔbɛn pɛɛ no bi te sɛ Maria, ne ne nuanom Yuda ne Yakobo bɛyɛɛ gyidifo.—Aso. 1:14; Gal. 1:19; Yuda 1.
4 March 21-27 dapɛn no: To nsa frɛ wɔn a wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no. So womaa nkurɔfo kraa Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! wɔ afe a etwaam no mu? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ wunim faako a wɔn a wɔkrae no wɔ. So wowɔ nkurɔfo a woma wɔn nsɛmma nhoma bere nyinaa? Saa nnipa yi, ne wɔn a wɔkra bi no anya ɔkwan sɛ wobedi honhom mu aduan a wɔde ma denam nsɛmma nhoma yi so no daa. Momma yɛnhyɛ da mmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ saafo no nkyɛn na yɛato nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ase, ne ɔkasa titiriw no nso ase Kwasida, April 10.
5 March 28, 29 dapɛn no: Kɔ wɔn a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ no nkyɛn, na wo ne wɔn a wɔbɛba no nwie nhyehyɛe ahorow a ɛho hia nyinaa. Ɔkyerɛwfo no betumi de wɔn a bere bi a atwam na wɔkɔ asɛnka na wɔba adesua nanso ɛnte saa bio no din ne address ama. Mpanyimfo a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ sua ade no betumi adi nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ March 7-13 dapɛn no mu no akyi. Ɛnyɛ papa sɛ wubesusuw sɛ anigyefo no ankasa betumi aba nhyiam no. Eye sɛ wubebisa na wode mmoa ama. Ɛno bɛma anigyefo no ahu sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛpɛ sɛ wɔba.
6 Yebetumi de nsaano krataa titiriw a wɔde to nsa frɛ afoforo a Asafo de ama no adi dwuma wɔ tebea horow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nyinaa mu. Bio nso, eye sɛ yebegyaw nsaano krataa no bi ama anigyefo a yɛsan kɔsra wɔn wɔ asasesin no mu no. Ɛde asɛm a ɛbɛkanyan wɔn ma wɔaba ma. Sɛ yedi nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ atifi hɔ no akyi dapɛn biara a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛhyɛ nnipa pii nkuran ma wɔaba ase.