Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/02 kr. 3-6
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 2/02 kr. 3-6

‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’

1 Sɛ w’ani sɔ biribi pa a woanya ankasa a, so womfa wo su ne wo nneyɛe nkyerɛ? Nokwarem no, woyɛ saa! Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛɛ n’ade wɔ papayɛ ne adɔe a Yehowa yi adi kyerɛ adesamma ho no nsow. Ɔkae sɛ: “Aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no nti”! Dɛn na ɛka saa “akyɛde” no ho? Wɔ “Onyankopɔn dom a aboro so” a wayi adi akyerɛ yɛn nyinaa mu no, nea ɛsen biara ne n’ankasa Ba a ɔde no mae sɛ akyɛde a ɛyɛ yɛn bɔne ho agyede no.—2 Kor. 9:14, 15; Yoh. 3:16.

2 So Paulo aseda no yɛ nsɛm a ɔde ano kɛkɛ na ɛkae? Dabi! Ɔdaa anisɔ kɛse a na ɔwɔ no adi wɔ akwan pii so. Na odwen ne mfɛfo Kristofo honhom fam yiyedi ho yiye na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi de boa wɔn ma wonya Onyankopɔn adɔe so mfaso koraa. Paulo kaa saafo no ho asɛm sɛ: “Sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tes. 2:8) Wɔ wɔn a na wɔwɔ asafo no mu dedaw a Paulo boaa wɔn na ama wɔanya nkwagye akyi no, ɔde nnamyɛ kaa asɛmpa no, na ɔfaa asase ne po so twaa akwansin mpempem pii kɔhwehwɛɛ wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa.’ (Aso. 13:48) Anisɔ kɛse a na Paulo wɔ wɔ nea Yehowa ayɛ ama no nyinaa ho no kanyan no ma ‘ɔkaa Onyankopɔn asɛm wiei koraa.’—Kol. 1:25.

3 So nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ a yɛwɔ no nka yɛn mma yɛmfa honhom fam mmoa mma wɔn a wohia mmoa wɔ asafo no mu no? (Gal. 6:10) Na so ɛnka yɛn mma yennya Ahenni no ho asɛmpa a yɛka wɔ yɛn asasesin mu nyinaa no mu kyɛfa kɛse sɛnea yebetumi?—Mat. 24:14.

4 Hokwan a Yɛde Bɛkyerɛ Anisɔ: Afe biara Kristo wu Nkaedi no ma yenya hokwan soronko bi de kyerɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. Eyi nyɛ nhyiam foforo bi kɛkɛ anaasɛ asɛm bi a esii a yɛkae ara kwa. Yesu kae sɛ: ‘Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.’ (Luka 22:19) Kristo wu Nkaedi no yɛ bere a yɛde kae onipa ko a Yesu yɛ. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɔte ase na ɔyɛ adwuma nnɛ, na ɔwɔ anuonyam ne ahenni a ne nokwaredi ne n’afɔrebɔ ma wɔde maa no no. Afahyɛ yi san yɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Kristo tiyɛ ase bere a ɔkyerɛ Kristofo asafo no nsɛm ne dwumadi kwan no. (Kol. 1:17-20) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa de obu kɔ Kristo wu Nkaedi no ase. Afe yi yɛbɛyɛ no Yawda March 28, 2002, bere a owia akɔtɔ.

5 Esiane mmɔden kɛse a yɛbɔe ansa na yɛredi Nkaedi no wɔ afe a etwaam no mu nti, yenyaa nnipa dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 236,088 ma wɔbaa ase wɔ Ghana. Nnipa baahe na wɔbɛba afe yi? Ebegyina ‘adwumaden a yɛbɛyɛ ne yere a yɛbɛyere yɛn ho’ aboa nnipa pii ma wɔaba no so kɛse.—1 Tim. 4:10.

6 Wɔ Awurade Anwummeduan ase a yɛbɛkɔ akyi no, ebia yebetumi ama yɛn asɛnka adwuma no akɔ anim. Akyinnye biara nni ho sɛ anuanom mmarima ne mmea ɔpedudu pii de ɔsram biako anaa abien bɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma. Afe biara wɔ mfe anum a atwam no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛɛpɛɛ a, yenya akwampaefo aboafo 2,990 wɔ Nkaedi bere no mu, fi March kosi May. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe na ama woanya hokwan ayɛ ɔkwampaefo boafo afe yi? Ɛbɛyɛ ɔkwan pa a wobɛfa so akyerɛ sɛ wufi wo komam kyerɛ Onyankopɔn dɔ nsiesiei a ɛne Kristofo afɔrebɔ no ho anisɔ. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo sɛnea osuahu ahorow a edidi so yi kyerɛ no.

7 Onuawa bi a ɔde ne bere nyinaa yɛ honam fam adwuma kyerɛw osuahu a onyae wɔ akwampaefo aboafo adwuma a ɔyɛe wɔ March mu no mu sɛ: “February 2001 Yɛn Ahenni Som no hyɛɛ obiara a ne tebea bɛma no kwan no nkuran sɛ ɔnyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ Nkaedi bere no mu. Esiane sɛ na March kura Memeneda anum nti, ɛne me bere nhyehyɛe hyiae. Enti misii gyinae sɛ mede m’akwammisa krataa bɛma.” Bere a ofii ase wɔ ɔsram no mu no, ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obefi ofie Bible adesua ase. So otumi yɛɛ saa? Yiw, wɔ n’adansedi dɔnhwerew a ɛto so 52 wɔ saa ɔsram no mu no mu! Owiee n’asɛm no dɛn? “Sɛ yemia yɛn ani kakra a, yebenya nhyira horow a ɛyɛ anigye.”

8 Mfaso horow bɛn na abusua a wɔbom yɛ akwampaefo adwuma no nya? Abusua bi a emufo yɛ baanan a wɔyɛɛ bi wɔ April a etwaam no mu no hui sɛ ɛyɛ ɔsram a wɔbɛkae bere nyinaa. Ɛna no kae sɛ: “Hwɛ nneɛma pa a yɛhwɛɛ kwan da biara, efisɛ na yɛyɛ biako wɔ ɔsom adwuma no mu! Yɛn da biara asɛnka adwuma ho nkɔmmɔbɔ ma adidi bere yɛ anigye yiye.” Ɔbabarima no kae sɛ: “M’ani gyei sɛ me ne Papa yɛɛ adwuma wɔ asɛnka mu wɔ dapɛn no mu wɔ bere a anka ɔde yɛ honam fam adwuma mu.” Ne papa de kaa ho sɛ: “Sɛ́ abusua ti no, minyaa akomatɔyam bere a mihui sɛ yɛabom reyɛ adwuma a ɛho hia sen biara wɔ yɛn bere yi mu no mu.” So mo abusua no betumi abom ayɛ akwampae adwuma? Dɛn nti na mo abusua no nsusuw ho na monhwɛ sɛ ebia mo nyinaa betumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ Nkaedi bere no mu?

9 So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ March Mu Asen Ɔsram Biara? Wɔ 2000 mfiase no, Yɛn Ahenni Som no bisae sɛ: “So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?” Dɛn na yɛyɛe wɔ ho? Yenyaa nkɔanim ahorow pii. Yenyaa ɔsram biako mu akwampaefo aboafo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 7,117. Afei nso, yenyaa nnɔnhwerew, adawurubɔfo, daa akwampaefo, ne Bible adesuafo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo. So wokae anigye a honhom fam dwumadi pii a ɛkɔɔ so wɔ saa ɔsram titiriw no mu no ma munyae wɔ mo asafo no mu no? So yebetumi ayɛ nea yetumi yɛe saa afe no anaa nea ɛsen saa mpo? Sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden a, March 2002 betumi ayɛ ‘Ɔsram a Yɛbɛyɛ Pii Asen Biara.’ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛyɛ March?

10 Nneɛma abien nti na ɛsɛ sɛ March yɛ dwumadi ɔsram titiriw bi. Nea edi kan no, yɛbɛyɛ Nkaedi no wɔ ɛrekɔ March awiei, na ɛbɛma yɛanya hokwan kɛse wɔ ɔsram no mfiase de ato nsa afrɛ nnipa pii ma wɔaba bi. Nea ɛto so abien no, afe yi March kura adapɛn awiei anum, na ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔn a wɔyɛ honam fam adwuma anaa wɔkɔ sukuu no bɛyɛ akwampaefo aboafo. Dɛn nti na afei wontra ase mfa krataa yi mu kalenda no nyɛ nhyehyɛe a wubetumi de adi dwuma? Akwampaefo aboafo adwuma betumi ayɛ mmerɛw sen sɛnea wususuw no. Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wode nnɔnhwerew 8 bɛkɔ asɛnka wɔ adapɛn awiei anum no biara mu a, ebehia sɛ woyɛ nhyehyɛe nya nnɔnhwerew 10 pɛ wɔ ɔsram no nna a aka no mu na ama woanya nnɔnhwerew 50 a wɔhwehwɛ no.

11 Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de aboa asafo no muni biara ma ‘waka asɛmpa no awie koraa’? Ɛsɛ sɛ wɔkanyan ho anigye wɔ nhyiam afã horow ne nkɔmmɔ a wɔne afoforo bɔ no mu. Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo ne wɔn aboafo betumi ne wɔn kuw no muni biara akasa na wɔaboa no. Ebia nea ebehia ara ne sɛ wɔbɛka nkuranhyɛ nsɛm kakra na wɔde nyansahyɛ ahorow bi a wobetumi de adi dwuma ama. (Mmeb. 25:11) Pii behu sɛ, sɛ wɔyɛ nsakrae kakra wɔ wɔn nhyehyɛe mu a, wobetumi anya hokwan asom sɛ akwampaefo aboafo. Mpanyimfo ne asafo mu asomfo dodow no ara ne wɔn yerenom, sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa mpo a, bom yɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ Nkaedi bere mu de yɛ nhwɛso pa. Eyi ahyɛ adawurubɔfo pii nkuran ma wɔne wɔn ayɛ. Esiane honam fam mmerɛwyɛ ne nsɛm tebea foforo nti, ebia adawurubɔfo bi ntumi nyɛ akwampae adwuma, nanso wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔne asafo no mufo a aka no ayɛ pii a wobetumi wɔ asɛnka mu de ada wɔn anisɔ adi.

12 Sɛ wobetumi ayɛ saa a, egyina nhyehyɛe a mpanyimfo no bɛyɛ no yiye so. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam wɔ bere pa mu wɔ dapɛn no mu nyinaa. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, ɔsom adwuma sohwɛfo no bedi kan apaw anuanom mmarima a wɔfata ma wɔayɛ asɛnka nhyiam no nyinaa. Ebehia sɛ wosiesie wɔn ho yiye na nhyiam yi anni ammoro simma 10 kosi 15, a akuw no ne asasesin a wɔbɛkyekyɛ, ne mpaebɔ ka ho. (Hwɛ September 2001 Yɛn Ahenni Som no mu Asɛmmisa Afã hɔ.) Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ ɔsram no dwumadi ho nhyehyɛe mu pefee kyerɛ asafo no na wɔde bɔ amanneɛbɔ pon so.

13 Ɛsɛ sɛ wonya asasesin a ɛso sɛnea ɛsɛ. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no ne onua a ɔhwɛ nsasesin so no hyia yɛ nhyehyɛe a wɔde bɛyɛ nsasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu adwuma. Ɛsɛ sɛ wosi adwuma a wɔbɛyɛ wɔ afie a wɔanto nnipa wom, mmorɔn so ne sotɔɔ mu ne anwummere adansedi so dua. Baabi a ɛfata no, wobetumi aboa adawurubɔfo bi ma wɔde telefon adi adanse.

14 Boa Wɔn Mma Wɔnsom Bio: So ebinom wɔ mo asafo no asasesin mu a wɔagyae asɛmpa no ka? Saafo no da so ara yɛ asafo no mufo na wohia mmoa. (Dw. 119:176) Esiane sɛ wiase dedaw yi awiei abɛn yiye na wiase foforo no wɔ yɛn anim pɛɛ nti, yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no. (Rom. 13:11, 12) Wɔ mfe anum a atwam no mu no, nnipa bɛboro 570 gye mmoa tom afe biara na ama wɔasan ayɛ den. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa afoforo pii ma wɔasan anya ɔdɔ ne ahotoso a na wɔwɔ mfiase no?—Heb. 3:12-14.

15 Mpanyimfo kuw no bɛpɛ sɛ wosusuw sɛnea wobetumi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ mfe kakra a atwam no mu ho. (Mat. 18:12-14) Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ Asafo Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin no mu na ɔkyerɛw wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nyinaa din. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden paa de mmoa ma denam nsrahwɛ nhyehyɛe no so. Ebia ɔpanyin bi bɛpɛ sɛ ɔkɔ ɔdawurubɔfo bi nkyɛn esiane sɛ kan no na ɔne saa onii no bɔ nti anaasɛ wobetumi aka akyerɛ adawurubɔfo afoforo ma wɔaboa no. Ebia wɔne nea wɔayɛ mmerɛw seesei no suaa ade na wobegye hokwan no atom de mmoa soronko ama wɔ bere a ohia yi mu. Yɛwɔ anidaso sɛ mobɛkanyan wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu pii ma wɔasan afi ase aka Onyankopɔn asɛm no bio. Sɛ wɔfata a, bere pa biara nni hɔ a wobefi ase asen Nkaedi bere!—Hwɛ November 2000 Yɛn Ahenni Som no mu Asɛmmisa Afã hɔ na wanya nkyerɛkyerɛmu foforo.

16 So Afoforo Fata sɛ Wɔka Asɛm? Yehowa kɔ so hyira ne nkurɔfo denam “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” a ɔde wɔn ba no so. (Hag. 2:7) Afe biara nnipa mpempem pii fata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Wɔne henanom? Yehowa Adansefo mma ne Bible adesuafo a wɔrenya nkɔso. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔfata sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo?

17 Yehowa Adansefo Mma: Mmofra pii aka wɔn awofo ho akɔ afie afie mfe pii, ɛwom sɛ seesei wɔnsom sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu de. March betumi ayɛ bere pa a wɔbɛma wɔafi ase. Woyɛ dɛn hu sɛ ebia wo ba fata? Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no ka wɔ kratafa 100 sɛ ɛyɛ bere a ‘abofra yɛ nhwɛso wɔ abrabɔ mu na otumi da ne gyidi adi denam asɛmpa no a ɔka kyerɛ afoforo a ɛyɛ nea efi ne koma mu so.’ Sɛ wususuw sɛ wo ba fata a, wo ne Asafo Ɔsom Boayikuw no mu mpanyimfo biako nka ho asɛm.

18 Bible Adesuafo a Wɔfata: Sɛ Bible suani bi anya nimdeɛ na ɔba asafo nhyiam bere tenten bi ni a, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ Ahenni ɔdawurubɔfo. Sɛ wo ne osuani a ɔte saa no na ɛyɛ adesua a, susuw nsɛmmisa yi ho: So ɔrenya nkɔso ma ɛne mfe a wadi ne nea otumi yɛ hyia? So wafi ase ka ne gyidi ho asɛm wɔ bɔnnɔ so kyerɛ afoforo? So ɔrehyɛ ‘nipasu foforo’ no? (Kol. 3:10) So odu ahwehwɛde ma adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a wɔka ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 97-9 no ho? Sɛ odu ho a, ɛsɛ sɛ wokohu Asafo Ɔsom Boayikuw no na ama wɔatumi ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo baanu ne wo ne osuani no ahyia. Sɛ ɔfata a, mpanyimfo baanu no bɛka akyerɛ no sɛ obetumi afi ase anya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa.

19 Na April ne May Nso Ɛ? Eyi nso bɛyɛ asram atitiriw a yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no pii. Wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo wɔ March mu no mu pii betumi asan ayɛ saa wɔ April anaasɛ May mu. Wɔ April ne May mu no, yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no na ebedi dwuma titiriw wɔ asɛnka mu. Hwɛ nkɛntɛnso pa a anya wɔ wɔn a wɔkenkan no asetra so! Nsɛmma nhoma yi aboa kɛse wɔ nkɔso pii a yɛanya wɔ wiase nyinaa no mu. Yɛbɛbɔ mmɔden paa wɔ April ne May mu sɛ yɛde nsɛmma nhoma no bɛma nnipa sɛnea yebetumi. Yɛ nhyehyɛe nnɛ na woanya mu kyɛfa kɛse.

20 Esiane sɛ yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse nti, so ehia sɛ wofa asafo no so gye nsɛmma nhoma no bi ka nea wugye no ho? Wɔ ɔsom afe no nyinaa mu no, yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! dii dwuma Memeneda biara, a yɛato din sɛ Nsɛmma Nhoma Da. Nanso, esiane sɛ nnipa pii bɛyɛ akwampaefo aboafo na yɛn nyinaa de nsɛmma nhoma bedi dwuma asram abien nti, ebia ebehia sɛ wugye nsɛmma nhoma no bi ka nea asafo no kra ma wo no ho. Sɛ wobɛyɛ saa a, yɛsrɛ sɛ ka ho asɛm kyerɛ w’asafo no mu nsɛmma nhoma sohwɛfo no ntɛm ara. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ nhoma sohwɛfo no hwɛ hu sɛ mowɔ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no pii wɔ hɔ a obiara de bedi dwuma.

21 Nnipa pii akyerɛ Yɛn Ahenni Som mu asɛm a ne ti ne “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho” no ho anisɔ. So wode eyi adi dwuma denam nsɛm a wɔka kyerɛ de nsɛmma nhoma ma a wusua no so? Dɛn nti na momfa mo abusua Bible adesua no fã bi nsua nsɛm a wɔka akyerɛ yi?

22 Yɛ Pii Wɔ Nkaedi Bere Yi Mu: Te sɛ ɔsomafo Paulo no, momma yɛmma Yehowa nhu sɛnea yɛn ani sɔ “n’akyɛde a ɛso nni” no denam honhom fam dwumadi a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama Nkaedi bere yi a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu koraa no so. Eyi bi ne (1) kɔ a yɛbɛkɔ adeyɛ titiriw a ɛsen biara wɔ afe no mu, Awurade Anwummeduan ho fa a yɛbɛhyɛ Yawda, March 28, 2002 no ase; (2) wɔn a wɔayɛ mmerɛw a yɛbɛboa wɔn ma wɔasan anya “[wɔn] kan dɔ no” (Adi. 2:4; Rom. 12:11); (3) yɛn mma anaa Bible adesuafo biara a wɔfata sɛ wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a yɛbɛboa wɔn; ne (4) asɛmpaka adwuma no a yɛbɛyɛ bi sɛnea yebetumi, sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ March mu anaasɛ akyi mpo.—2 Tim. 4:5.

23 Yefi yɛn komam bɔ mpae sɛ yɛn nyinaa benya Ahenni ho asɛmpaka no mu kyɛfa kɛse wɔ Nkaedi bere yi mu, na yɛnam saayɛ so akyerɛ sɛnea yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa no.

[Kratafa 6 adaka]

W’ankasa Asɛnka Ho Nhyehyɛe Ma March 2002

Kwasida Dwoda Benada Wukuda Yawda Fida Memeneda

1 2

Nsɛmma Nhoma Da

3 4 5 6 7 8 9

Nsɛmma Nhoma Da

10 11 12 13 14 15 16

Nsɛmma Nhoma Da

17 18 19 20 21 22 23

Nsɛmma Nhoma Da

NKAEDI Nsɛmma Nhoma Da

BERE A OWIA

AKƆTƆ

24 25 26 27 28 29 30

31

So wubetumi de nnɔnhwerew 50 ayɛ ɔkwampaefo boafo wɔ March mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena