Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ
1. Dɛn ne Yehowa anwonwade a w’ani gye ho paa?
1 Obiara ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ tumi no nsɛ! Dawid kyerɛwee sɛ: “Awurade, me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.” (Dw. 40:5) Yehowa anwonwade no bi ne amansan a ɔbɔe, Mesia Ahenni no, adɔe a ɔda no adi wɔ ne nkurɔfo so, ne wiase nyinaa asɛnka adwuma no. (Dw. 17:7, 8; 139:14; Dan. 2:44; Mat. 24:14) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. (Dw. 145:5-7) Yebenya hokwan ayɛ eyi kɛse wɔ March, April, ne May mu.
2. Ɔkwan bɛn so na yenya akwampaefo boafo adwuma a yɛyɛ no so mfaso?
2 Sɛ Akwampaefo Boafo: Wubetumi ayɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew 50 ayɛ asɛnka adwuma no wɔ asram atitiriw yi mu biako anaa nea ɛboro saa mu? Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya nsakrae a wobɛyɛ wɔ wo nsɛm tebea mu no so mfaso kɛse. (Efe. 5:16) Nnipa pii ahu sɛ akwampaefo boafo adwuma a wɔyɛ no boa wɔn ma wotu mpɔn wɔ wɔn asɛnka adwuma mu. Ɛma wotumi ka asɛm wɔ afie afie mu a wonsuro na ɛma wɔde Bible no di dwuma kɛse. Bere pii a wɔde yɛ asɛnka adwuma no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsan akɔ anigyefo biara a wonya wɔn no nkyɛn, na wɔn a kan na wonni Bible adesua no atumi afi bi ase bere a wɔyɛ akwampaefo boafo adwuma no. Esiane sɛ akwampaefo boafo adwuma no hwehwɛ sɛ yetu yɛn ho ma de boa afoforo nti, ɛyɛ adwuma a anigye wom.—Aso. 20:35.
3. Ɔkwan bɛn so na ebinom atumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma no ɛmfa ho nsɛm tebea a emu yɛ den?
3 Mpere wo ho nka sɛ wo nsɛm tebea mma wo kwan mma wuntumi mfa wo ho nhyem. Asafo mu panyin bi a ɔde ne ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma mu afe a etwaam no wɔ mma baanu na ɔyɛ adwuma a egye ne bere nyinaa. Ɛyɛɛ dɛn na onua yi a onni adagyew yi tumi yɛɛ bi? Esiane sɛ ɔkɔ adwuma fi Dwoda kosi Fida nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe de bere pii kɔɔ asɛnka wɔ dapɛn awiei, na sɛ edu Memeneda biara a, ɔde mmorɔn so adansedi fi ase anɔpa 7:00. Anuanom pii a wɔwɔ asafo no mu a wɔn nsɛm tebea te saa ara no nso de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu bi, na wɔboaa wɔn ho wɔn ho hyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Wɔ asafo foforo mu no, bere a onuawa bi a wadi mfe 99 babea too nsa frɛɛ no sɛ ɔmma wɔnyɛ akwampae adwuma no, osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ bi wɔ May mu. Afoforo a wɔwɔ asafo no mu no boaa onuawa a ne mfe akɔ anim yi ma ɔkɔɔ afie afie yɛɛ Bible adesua ahorow denam ne mmubuafo akongua a wopia maa no no so. Ɔde ne ho hyɛɛ telefon so adansedi, mmorɔn so adansedi, ne nkrataakyerɛw nso mu. Ogye di sɛ ɛnyɛ n’ankasa ahoɔden na otumi de yɛɛ eyi na mmom ɛdenam Yehowa mmoa so.—Yes. 40:29-31.
4. Nneɛma bɛn na yebetumi asusuw ho bere a yɛreyɛ nhyehyɛe de ayɛ akwampaefo boafo adwuma no?
4 Bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe a ɛne wo nsɛm tebea behyia paa ho kyerɛwtohɔ. Asɛnka nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛka eyi ho no betumi aboa wo. So wode bere nyinaa na ɛyɛ adwuma anaasɛ wokɔ sukuu? Nhyehyɛe a ɛbɛma wode adapɛn awiei adi dwuma yiye betumi aboa wo kɛse. Sɛ woyare na sɛ wunni ahoɔden a wode bɛkyɛ wɔ asɛnka mu a, nhyehyɛe a ɛbɛma wode bere tiaa adi adanse da biara no betumi aboa wo. Ka ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ebia wɔn nso de bɛyɛ wɔn botae.
5. Botae ahorow bɛn na mmofra betumi de asisi wɔn ani so wɔ March, April, ne May mu?
5 Akwan a Mmabun Betumi Afa So Ayɛ Bi: Sɛ mmofra ka Yehowa anwonwade kyerɛ a, ɛma n’ani gye. (Dw. 71:17; Mat. 21:16) Sɛ woyɛ abofra na sɛ wabɔ asu a, wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ ɔsram a sukuufo ama kwan no mu. Sɛ wuntumi nsom sɛ akwampaefo boafo a, wubetumi de botae ahorow pɔtẽẽ bi asisi w’ani so na woama w’asɛnka atu mpɔn wɔ saa asram yi mu? Sɛ wo ne w’awofo kɔ asɛnka nanso wunnya mmɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a, ɛnde eyi bɛyɛ bere pa a wubetumi afata ama asɛnka adwuma no. Enhia sɛ wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wo ho kokwaw wɔ Bible nsɛmmisa ho mmuaema mu anaasɛ ɛsɛ sɛ wunya nimdeɛ pii te sɛ wɔn a wɔabɔ asu no ansa. So wote Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no ase? So wudi Bible mu abrabɔ gyinapɛn ahorow akyi? So wopɛ sɛ afoforo hu wo sɛ Yehowa Dansefo? Ɛnde wo ne w’awofo nka eyi ho asɛm. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe na wɔne wo ahu mpanyimfo no ahwɛ sɛ ebia wudu ahwehwɛde ahorow no ho anaa.—Hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 98-9.
6. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Bible asuafo ma wɔabɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo?
6 Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔakɔ Asɛnka: Bible adesuafo a wɔrenya nkɔso betumi afata aka yɛn ho sɛ adawurubɔfo wɔ asram a ɛreba a yɛbɛyɛ adwuma titiriw wom no mu. Sɛ wowɔ Bible suani a ɔrenya nkɔso a ɛsɔ ani a, ka ne ho asɛm kyerɛ wo nhoma adesua sohwɛfo anaa ɔsom adwuma sohwɛfo no. Wɔn mu biako betumi aka wo ho wɔ mo adesua no mu ahwɛ sɛnea osuani no nkɔso te. Sɛ osuani no fata na sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a, ɔhwɛfo guamtrani no betumi ayɛ nhyehyɛe ma mpanyimfo baanu ne wo ne osuani no ahyia. (Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 15, 1988, kratafa 17.) Sɛ wonya pene osuani no so pɛ a, fi ase tete no wɔ asɛnka mu ntɛmpa ara.
7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw anaa wɔagyae asɛnkakɔ no?
7 Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo ma wɔn ani kũ wɔn a wɔwɔ wɔn kuw mu a wɔayɛ mmerɛw anaa wɔagyae asɛnkakɔ no ho paa. Hyɛ da to nsa frɛ wɔn na wo ne wɔn nkɔ asɛnka. Sɛ wɔyɛɛ mmerɛw akyɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo baanu di kan ne wɔn kasa de hwɛ hu sɛ ebia wɔfata anaa. (Hwɛ November 2000 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã.) Nsi a anuanom a wɔwɔ asafo no mu bɛda no adi wɔ saa asram atitiriw yi mu no betumi akanyan wɔn ma wɔasan akɔ asɛnka daa.
8, 9. Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de akanyan anuanom anigye wɔ dwumadi titiriw yi ho?
8 Munsiesie Mo Ho Sɛ Mobɛyɛ Adwuma Pii: Mpanyimfo, mumfi ase mprempren sɛ mobɛkanyan akwampaefo boafo adwuma no ho anigye wɔ asafo no mu. Monam mo nsɛm a ɛhyɛ nkuran ne mo nhwɛso pa so betumi ayɛ pii. (1 Pet. 5:3) Nnipa dodow a ɛsen biara a wɔyɛɛ akwampaefo boafo adwuma afe a etwaam wɔ mo asafo no mu yɛ baahe? So mubetumi anya nea ɛboro saa afe yi? Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo ne wɔn aboafo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so aboa wɔn kuw mufo nyinaa ma wɔayɛ pii. Ɔsom adwuma so ahwɛfo betumi ayɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe no bi aka ho. Munni kan mma asafo no nhu nhyehyɛe a moreyɛ no. Monhwɛ nhu sɛ mobɛma adawurubɔfo a wɔfata adi anim na afei wɔafi asɛnka nhyiam ase, na wɔapɔn wɔ bere ano. (Hwɛ September 2001 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã.) Afei ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no yɛ nhyehyɛe ma wonya asasesin, nsɛmma nhoma, ne nhoma horow a ɛsɛ.
9 Afe a etwaam no, asafo bi mu mpanyimfo pii de anigye dii kan gyigyee akwammisa krataa de hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no ho nkuran. Wɔyɛɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyeɛ no bi kaa ho—wofii bi ase anɔpa 5:30 de yɛɛ mmorɔn so adansedi, wofii foforo ase anwummere 3:00 maa wɔn a wɔapɔn sukuu no, na wɔyɛɛ nea ɛto so abiɛsa no anwummere 6:00 maa wɔn a wɔapɔn adwuma. Memeneda nso, wɔyɛɛ asɛnka nhyiam ahorow abiɛsa de kaa nea na wɔyɛ no ho. Asafo no mufo 66 na wɔkyerɛɛ ho anisɔ de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu wɔ April!
10. Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi asiesie wɔn ho ayɛ pii wɔ asɛnka mu?
10 Dɛn nti na mompɛ bere bi wɔ mo abusua adesua a edi hɔ no mu mfa botae ahorow a mubetumi adu ho wɔ asram a ɛreba no mu nsisi mo ani so? Sɛ mode biakoyɛ yɛ ho nhyehyɛe pa a, abusua no mufo bi anaa mo nyinaa betumi ayɛ akwampaefo boafo. Sɛ ɛno ntumi nyɛ yiye a, momfa nsi mo ani so sɛ mobɛkyɛ wɔ asɛnka mu asen sɛnea moyɛ daa no, anaasɛ mode bere foforo bɛka nea mode kɔ asɛnka no ho. Momfa mpaebɔ nsusuw ho sɛ abusua. Mubetumi anya awerɛhyem sɛ, Yehowa behyira mo mmɔdenbɔ no so.—1 Yoh. 3:22.
11. (a) Nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na Kristo afɔrebɔ no dii ho dwuma? (b) Bere ne beae bɛn na wɔbɛhyɛ Nkaedi no ho fa wɔ baabi a mowɔ no?
11 Onyankopɔn Anwonwade a Ɛsen Biara: Ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi ne ne Ba no a ɔde no mae sɛ agyede maa yɛn no. (1 Yoh. 4:9, 10) Ogye afɔre no ne mmara kwan a wɔnam so agye adesamma abɔnefo afi bɔne ne owu mu. (Rom. 3:23, 24) Yesu mogya a ohwie gui no na ɛmaa apam foforo no dii mu, na nnipa a wɔnyɛ pɛ nam so bɛyɛɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ anidaso sɛ wobedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu. (Yer. 31:31-34; Marko 14:24) Nea ehia sen biara no, osetie a edi mũ a Yesu daa no adi no tew Yehowa din ho. (Deut. 32:4; Mmeb. 27:11) Yɛbɛhyɛ Kristo wu Nkae no ho fã Kwasida, April 4, bere a owia akɔtɔ wɔ wiase nyinaa.
12. Ɔkwan bɛn so na anigyefo betumi anya ba a wɔbɛba Awurade Anwummeduan ase no so mfaso?
12 Awurade Anwummeduan no ho fã a yɛbɛhyɛ no kamfo Yehowa anwonwade kyerɛ. Ɔkasa a wɔbɛma no boa ma yɛte nea Yehowa yɛ maa yɛn denam agyede no a ɔde mae no so ase. Anigyefo a wɔbɛba no benya hokwan ahu Onyankopɔn anwonwade afoforo. Wobehu biakoyɛ ne ɔdɔ a emu yɛ den a Yehowa akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnna no adi no. (Efe. 4:16, 22-24; Yak. 3:17, 18) Ba a obi bɛba dwumadi titiriw yi ase no betumi anya ne nsusuwii so nkɛntɛnso ankasa, enti yɛpɛ sɛ nnipa pii ba ase.—2 Kor. 5:14, 15.
13, 14. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔba Nkaedi no ase, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
13 Afoforo a Yɛbɛto Nsa Afrɛ Wɔn: Fi ase siesie wo ho nnɛ denam wɔn a wobɛto nsa afrɛ wɔn a wobɛkyerɛw wɔn din ato hɔ no so. Ɛsɛ sɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo ne sukuufo, Bible adesuafo a wo ne wɔn resua ade mprempren ne wɔn a bere a atwam no na wo ne wɔn sua ade, ne wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ nyinaa, ka wɔn a wobɛkyerɛw wɔn din no ho. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo de adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw no ka wɔn a wɔbɛkyerɛw wɔn din no ho.
14 Fa nsaano krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo ba Nkaedi ase no di dwuma, na kyerɛw bere ne baabi a Nkaedi no bɛkɔ so no gu so fɛfɛɛfɛ. Anaasɛ wubetumi de asɛm a ɛwɔ March 15, 2004 Ɔwɛn-Aban anaa March 22, 2004 Engiresi Nyan! akyi a wɔde reto nsa afrɛ afoforo no adi dwuma. Bere a April 4 rebɛn no, wubetumi akɔbɔ wɔn a wɔakyerɛw wɔn din no nkae anaa wubetumi afa telefon so ayɛ saa.
15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ahɔhoyɛ su adi anadwo a yɛredi Nkae no?
15 Wɔ Nkaedi no Ase: Bɔ mmɔden sɛ anwummere a yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã no, wubedu hɔ ntɛm. Da ahɔhoyɛ su adi denam anigye a wode bekyia ahɔho no so. (Rom. 12:13) Ɛyɛ w’asɛyɛde titiriw sɛ woma w’ani kũ wɔn a wobɛto nsa afrɛ wɔn no ho. Ma wɔn akwaaba na fa wɔn kyiakyia asafo no mufo afoforo. Wubetumi aboa wɔn ma wɔatra baabi a ɛbɛn wo. Na sɛ wɔn mu bi nni Bible anaa nnwom nhoma a, ma wɔnhwɛ wo de, anaa obi foforo de mu bi. Afahyɛ no akyi no, siesie wo ho sɛ wubebua nsɛmmisa biara a ebia wɔwɔ. Sɛ saa da no ne bere a edi kan a ebinom aba hɔ a, bisa wɔn sɛ ebia wɔbɛpɛ sɛ wohu pii fa Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow ho anaa. Na wo ne wɔn nhyehyɛ ofie Bible adesua.
16. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no na ama wɔanya honhom fam nkɔso?
16 Monkɔ So Mmoa Wɔn a Wɔbae No: Ebia wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no behia sɛ ɛno akyi no, yɛboa wɔn. Saafo no mu bi ne wɔn a bere bi na wɔba nhyiam ahorow daa nanso afei de wɔntaa mfa wɔn ho mmɔ asafo no. Mpanyimfo no bɛhwɛ na wɔammu ani angu wɔn so, na mmom wɔahwehwɛ nea enti a wotwaa wɔn adesua no so. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wohu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ nnɛ no. (1 Pet. 4:7) Mommoa obiara ma wonhu mfaso a ɛwɔ so sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo hyiam daa no so.—Heb. 10:24, 25.
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Yehowa anwonwade kyerɛ?
17 Sɛ yɛtra ase daa mpo a, yɛrentumi nte Yehowa anwonwade ase nwie da. (Hiob 42:2, 3; Ɔsɛnk. 3:11) Ne saa nti, nneɛma a yebegyina so ayi Yehowa ayɛ no rensa da. Nkaedi bere yi, yebetumi ada Yehowa anwonwade ho anisɔ adi denam mmɔden a yɛbɛhyɛ da abɔ de atrɛw yɛn asɛnka mu no so.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5]
Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Denam Nhyehyɛe Yi Mu Biako a Wode Bedi Dwuma So?
March K D* B* W* Y F M Ɔsram Nkabom
Da Biara 2 1 1 1 1 1 5 51
Nnanu 0 5 0 5 0 0 0 50
Dapɛn Awiei Nkutoo 5 0 0 0 0 0 8 52
Dapɛn Awiei ne
Dapɛn mu Nnanu 2 0 0 2 0 2 6 50
April K D B W Y* F* M Ɔsram Nkabom
Da Biara 2 1 1 1 1 1 5 50
Nnanu 0 0 0 0 5 5 0 50
Dapɛn Awiei Nkutoo 5 0 0 0 0 0 8 52
Dapɛn Awiei ne
Dapɛn mu Nnanu 2 0 0 2 0 2 6 50
May K* D* B W Y F M* Ɔsram Nkabom
Da Biara 2 1 1 1 1 1 4 51
Nnanu 0 5 0 0 0 0 5 50
Dapɛn Awiei Nkutoo 3 0 0 0 0 0 7 50
Dapɛn Awiei ne
Dapɛn mu Nnanu 2 0 0 2 0 2 5 51
* Anum wɔ ɔsram no mu