Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/08 kr. 3-6
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Monkɔ So Nka Yehowa Anwonwade Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!
    Yɛn Ahenni Som—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 1/08 kr. 3-6

‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’

1. Asɛmpa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo?

1 Yɛanya hokwan sɛ ‘yebedi Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse na yɛakyerɛkyerɛ mu fann’ wɔ wiase a yɛntaa nte asɛmpa wom no mu. (Aso. 20:24) Nea ɛka ho bi ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ ɛrenkyɛ Yehowa wiase foforo a trenee wom a saa bere no na “kan nneɛma no atwam” no bɛba abesi “nna a edi akyiri” no ananmu. (Adi. 21:4; 2 Tim. 3:1-5) Saa bere no na ɔyare nni hɔ bio. (Yes. 33:24) Yɛn adɔfo a wɔawuwu benyan afi nkae ada mu aba na wɔne abusuafo ne wɔn nnamfo abehyia. (Yoh. 5:28, 29) Wɔbɛyɛ asase no nyinaa paradise fɛfɛ. (Yes. 65:21-23) Asɛmpa a ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo no mu kakraa bi pɛ ni!

2. Dɛn nti na yebenya hokwan kɛse wɔ Nkaedi bere no mu adi asɛmpa no ho adanse?

2 Yebenya hokwan kɛse aka asɛmpa a ɛte saa wɔ March, April ne May asram no mu. Wɔ asram yi mu no, wim tebea ye na ade nsa ntɛm wɔ wiase mmeae pii, enti ɛyɛ bere pa a yebetumi de bere pii akɔ asɛnka. Bio nso, yɛbɛyɛ Nkaedi, ade a ɛho hia sen biara a yɛyɛ wɔ afe no mu no wɔ wiase nyinaa wɔ Memeneda, March 22. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ yefi ase siesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ asɛnka mu.

3. Sɛ́ mmusua no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ pii wɔ asɛnka mu?

3 Akwampaefo Aboafo: So wubetumi ayɛ nhyehyɛe na woayɛ akwampaefo boafo wɔ asram no biako, abien, anaa abiɛsa no nyinaa mu? Dɛn nti na munnye bere wɔ mo abusua adesua a edi hɔ no mu mfa nsusuw asɛm yi ho? Sɛ moboa mo ho mo ho a, ebia abusua no muni baako anaa nea ɛboro saa betumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. (Mmeb. 15:22) Mommɔ eyi ho mpae, na monhwɛ sɛnea Yehowa behyira mo mmɔdenbɔ so. (Mmeb. 16:3) Sɛ abusua no muni biara ntumi nyɛ akwampaefo aboafo mpo a, wɔn nyinaa betumi de botae bi asi wɔn ani so ayɛ pii wɔ asɛnka mu, na wɔne wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo no ayɛ adwuma.

4. Sɛ yɛde yɛn bere nyinaa yɛ adwuma a, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo aboafo?

4 Sɛ wode wo bere nyinaa yɛ adwuma a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe pa ayɛ akwampaefo boafo. Ebia wubetumi de awia ahomegye bere no bi aka asɛm no. Anaa wubetumi agye asasesin a ɛbɛn wo fie anaa w’adwumam na wode bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa akɔ asɛnka ansa na woakɔ adwuma anaa bere a woapɔn no. Sɛ wode nneɛma a ɛho nhia pii kɔhyɛ ɔsram foforo, na sɛ wode da mũ no nyinaa nso kɔ asɛnka dapɛn awiei a, wubetumi anya bere no bi aka ho. Ebinom atumi agye da koro anaa nnanu wɔ wɔn ahomegye bere mu de akɔ asɛnka.

5. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔn a wonni ahoɔden pii no ma wɔayɛ akwampaefo aboafo?

5 Sɛ wo mfe akɔ anim anaa wunni ahoɔden pii a, ebia wubetumi akɔ asɛnka kakra da biara de ayɛ akwampaefo boafo. Srɛ Yehowa na ɔmma wo “tumi a ɛboro nnipa de so.” (2 Kor. 4:7) Onuawa baako a wadi mfe 106 tumi yɛɛ akwampaefo boafo! Ɛdenam n’abusuafo a wɔyɛ Kristofo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu mmoa so no, otumi dii adanse wɔ afie afie, yɛɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua, na ɔde ne ho hyɛɛ asɛnka adwuma no afã afoforo mu. Ɔboaa afoforo ma wɔne nnipa du fii Bible adesua ase. Ɔkae sɛ: “Sɛ midwen hokwan a minya de yɛɛ akwampaefo boafo no ho a, ɛma ɔdɔ ne anisɔ a mewɔ ma Yehowa, ne Ba no, ne N’ahyehyɛde a ɔdɔ wom no yɛ kɛse. Nea mepɛ sɛ meka ne sɛ, ‘Yehowa meda wo ase.’”

6. Mmofra a wɔabɔ asu a wɔda so kɔ sukuu no bɛyɛ dɛn atumi ayɛ akwampaefo aboafo?

6 Sɛ woyɛ abofra a woabɔ asu a woda so kɔ sukuu a, wo nso wubetumi ayɛ akwampaefo boafo. Ebia wubetumi de dapɛn awiei titiriw akɔ asɛnka te sɛ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma no. Nna bi wɔ hɔ nso a, wubetumi de dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa akɔ asɛnka bere a woapɔn sukuu no. So ahomegye da bi wɔ mo sukuu nna mu a wubetumi de akɔ asɛnka? Sɛ wopɛ sɛ woyɛ akwampaefo boafo a, wo ne w’awofo nka ho asɛm.

7. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de ama asafo no anya asɛnka ho anigye kɛse wɔ Nkaedi bere no mu?

7 Momma Wonnya Ho Anigye Kɛse: Asafo mu mpanyimfo nam wɔn nhwɛso so betumi ayɛ pii de ama asafo no anya asɛnka ho anigye kɛse. (1 Pet. 5:2, 3) Wobetumi ahwɛ sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe foforo ka nea ɛwɔ hɔ ho ma wɔn a wɔbɛkɔ asɛnka anɔpa paa, wɔn a wɔapɔn sukuu, anaa wɔn a wɔapɔn adwuma no. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ sɛ ɔbɛma adawurubɔfo a wɔfata ahwɛ asɛnka nhyiam no so, na ɔhwɛ nso sɛ asasesin, nsɛmma nhoma ne nhoma dodow a ɛsɛ wɔ hɔ a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ asram soronko yi mu.

8. Dɛn na yesua fi nea asafo bi yɛe mu?

8 Wɔ asafo biako mu no, mpanyimfo no fii ase hyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no ho nkuran asram pii ansa na ɛredu hɔ. Dapɛn biara na wɔka adawurubɔfo dodow a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo no kyerɛ asafo no. Eyi maa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ asɛnka mu no nyaa awerɛhyem sɛ wobenya nnipa pii ne wɔn akɔ. Wɔyɛɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe foforo maa anɔpa paa ne anwummere. Nea efii mu bae ne sɛ, adawurubɔfo 53, a wɔyɛ bɛyɛ asafo no mu adawurubɔfo fã yɛɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu!

9. Dɛn nti na Nkaedi bere no bɛyɛ bere pa ama wɔn a wɔfata sɛ wofi asɛnka ase no?

9 Boa Afoforo ma Wɔnka Asɛm No: Sɛ wɔn a wɔyɛ foforo ne mmofra fata sɛ wofi asɛnka ase a, adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi ne wɔn akɔ asɛnka. Wobetumi anya hokwan a ɛte saa wɔ Nkaedi bere no mu bere a asafo no mufo bebree reyɛ pii wɔ asɛnka mu no. Wowɔ Bible suani bi a ɔrenya nkɔso a ɔde Yehowa mmara rebɔ ne bra? Wowɔ mmofra a wɔwɔ suban pa a wɔrenya nkɔso nanso wonnya mfii asɛnka ase? Sɛ saafo no akyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wofi asɛnka ase na wote nka sɛ wɔfata a, ɛnde ka kyerɛ asafo no mu ɔpanyin bi. Ɔhwɛfo guamtrani no bɛyɛ nhyehyɛe ma asafo mu mpanyimfo baanu ahyia wo ne wo ba anaa wo suani no.

10. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no?

10 Asram a ɛreba no nso bɛyɛ bere pa ama wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no ma wɔasan ne asafo no akɔ asɛnka. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo ne mpanyimfo afoforo bɔ mmɔden paa srasra saafo yi na wofi ɔdɔ mu to nsa frɛ wɔn ne wɔn kɔ asɛnka. Sɛ wɔagyae asɛnkakɔ bere tenten a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo baanu di kan ne wɔn kasa hwɛ sɛ wɔfata anaa.—km-TW 11/00 kr. 7.

11. Dɛn ne “Onyankopɔn adom” a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ yɛn?

11 Siesie Wo Ho Ma Nkaedi No: “Onyankopɔn adom” a ɛsen biara a wada no adi akyerɛ yɛn ne agyede no. (Aso. 20:24) Nnipa ɔpepem pii a wɔkyerɛ agyede no ho anisɔ a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam Memeneda, March 22, bere a owia akɔtɔ no ayɛ Kristo wu no ho Nkaedi. Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ nnipa komapafo nyinaa ma wɔba adeyɛ a ɛho hia yi a edi Yehowa adom a wada no adi akyerɛ adesamma no ho adanse no ase.

12. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba Nkaedi no?

12 Kyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no din. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobɛkyerɛw wɔn din no bi bɛyɛ w’abusuafo, afipamfo, wo mfɛfo adwumayɛfo anaa sukuufo, wɔn a na kan wo ne wɔn sua Bible ne wɔn a seesei wugu so ne wɔn sua, ne afoforo a wotaa kɔ wɔn nkyɛn. Sɛ nnipa a wobɛto nsa afrɛ wɔn no mu binom wɔ Nkaedi no ho nsɛmmisa bi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nkekaho a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no kratafa 206 kosi 208 a ɛfa Awurade Anwummeduan ho no bedi dwuma. Ebia eyi bebue kwan ma wo ne onii no ayɛ Bible adesua efisɛ ɛbɛma woanya kwan ma wode nhoma a yɛde yɛ Bible adesua no akyerɛ no.

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa mmɔden a adawurubɔfo baanu bɔe sɛ wɔbɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no so?

13 Onuawa bi kyerɛw mmusua 48 a na ɔpɛ sɛ ɔto nsa frɛ wɔn no din. Sɛ ɔto nsa frɛ wɔn a, otwa wɔn din mu na ɔkyerɛw da a ɔde too nsa frɛɛ wɔn no. Hwɛ sɛnea n’ani gyei bere a nnipa a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu 26 baa Nkaedi no! Onua bi a ɔwɔ sotɔɔ too nsa frɛɛ obi a ɔne no yɛ adwuma a na kan ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔbarima no kɔe na akyiri yi ɔkae sɛ: “Mede dɔnhwerew biako huu nneɛma pii wɔ Bible no mu sen mfe 30 a midii wɔ Katolek Asɔre no mu.” Nkaedi no akyi pɛɛ no, ɔpenee so sɛ wɔne no nsua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no.

14. Ɔsatu bɛn na yebefi ase March 1 wɔ wiase nyinaa?

14 Ɔsatu: Efi Memeneda, March 1, kosi March 22 no, yɛbɛkyekyɛ Nkaedi ho nsato krataa titiriw bi wɔ wiase nyinaa. Adawurubɔfo nyinaa de wɔn ho bɛhyɛ ɔsatu a ɛho hia yi mu bi. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde nsato krataa no bɛhyɛ afiewuranom nsam sen sɛ yɛde bɛhyɛ wɔn pon ase. Nanso sɛ mowɔ asasesin a ɛso paa a, ebia asafo mu mpanyimfo no bɛma mode nsato krataa no ahyɛ baabi a ɛfata ama wɔn a yɛnto wɔn wɔ fie. Sɛ edu adapɛn awiei a, yɛde nsɛmma nhoma a aba foforo no nso bɛma.

15. Dɛn na yebetumi aka de Nkaedi ho nsato krataa no ama?

15 Esiane sɛ yenni bere pii a yɛde bɛkyekyɛ nsato krataa no nti, ɛbɛyɛ papa sɛ worenkasa pii. Da adamfofa su adi na fa anigye kasa. Wubetumi aka biribi sɛɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wo ne w’abusua, ne wo nnamfo na moba nhyiam titiriw bi a yɛbɛyɛ no March 22 no bi. Nea yɛde reto nsa afrɛ mo ni. Ɛho nsɛm nyinaa wɔ krataa yi so.” Ebia ofiewura no bebisa wo ɛho nsɛm. Anaasɛ obegye nsato krataa no na waka akyerɛ wo mpo sɛ ɔbɛba. Sɛ ɛba saa a, yɛ ho kyerɛwtohɔ, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no.

16. Osuahu bɛn na ɛkyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ ɔsatu a yɛyɛ de to nsa frɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ma wɔkɔ Nkaedi no ase so?

16 Afe a etwaam no, ɔsraani bi behui sɛ wɔde Nkaedi ho nsato krataa no ahyɛ ne pon ase. Osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ nanso na ɛsɛ sɛ ɔsrɛ kwan fi ne panyin hɔ. Bere a ɔde nsato krataa no kyerɛɛ ne panyin no, ne panyin no yɛɛ dinn na ɔka kyerɛɛ no sɛ n’awofo yɛ Adansefo na na ɔne wɔn kɔ wɔn nhyiam ahorow. Ne panyin no maa no kwan, na ɔkaa ne ho ma wɔn baanu nyinaa kɔɔ Nkaedi no!

17. Yɛyɛ dɛn kyerɛ sɛ yennyee Onyankopɔn adom no mmaa n’atirimpɔw nyɛɛ kwa?

17 Da Anisɔ Adi: Bere a afe 2008 Nkaedi bere no bɛn no, momma yɛn nyinaa nsusuw ɔdom a Yehowa de adom yɛn no ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛn nso yɛsrɛ mo sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.” (2 Kor. 6:1) Yɛyɛ dɛn kyerɛ sɛ yennyee Onyankopɔn adom no mmaa n’atirimpɔw nyɛɛ kwa? Paulo kyerɛe sɛ: “Mmom ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.” (2 Kor. 6:4) Enti yɛnam yɛn suban pa ne nsi a yɛde ka asɛmpa no so kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa akyɛde no. Yebenya hokwan soronko de ayɛ pii wɔ Nkaedi bere yi mu de adi asɛmpa no ho adanse akyerɛkyerɛ mu fann.

[Adaka wɔ kratafa 3]

Henanom na Wobetumi Ayɛ Akwampaefo Aboafo?

◼ Mmusua

◼ Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma

◼ Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wonni ahoɔden pii

◼ Wɔn a wɔkɔ sukuu

[Adaka wɔ kratafa 4]

Sɛ Worekyekyɛ Nkaedi ho Nsato Krataa a:

◼ Nkasa pii; fa anigye kasa

◼ Yɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no ho kyerɛwtohɔ na san kɔsra wɔn

◼ Fa nsɛmma nhoma ma wɔ dapɛn awiei

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena