Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/11 kr. 1
  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • ‘Di Asɛmpa no ho Adanse na Kyerɛkyerɛ mu Fann’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Ma Nkaedi Bere Yi Nyɛ Anigye!
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 2/11 kr. 1

Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no pii wɔ March, April, ne May mu?

1 So wubetumi ayɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ Nkaedi bere a ɛreba no mu? Adawurubɔfo binom a wɔyɛ adwumayɛfo bɛkɔ ahomegye, na sukuufo nso bɛkɔ akwamma, enti wobetumi de saa bere no akɔ asɛnka. Afoforo nso bɛyɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw adwuma a wɔbɛyɛ no asram a ɛreba no. Efi April 2 no, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw bi de ato nsa afrɛ anigyefo ma wɔne yɛn akɔ Nkaedi a yɛbɛyɛ no April 17 no. Ɛno akyi no, yɛbɛbɔ mmɔden akanyan wɔn a wɔbaa bi no anigye na yɛato nsa afrɛ wɔn ma wɔabetie ɔkasa titiriw a yɛbɛma fi April 25 dapɛn no mu no. Nokwarem no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no pii wɔ March, April, ne May mu.

2. Ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so ayɛ pii wɔ yɛn som adwuma no mu?

2 Akwampaefo Aboafo Adwuma: Akwampaefo aboafo adwuma no yɛ ɔkwampa a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Esiane sɛ yɛn nyinaa nni adagyew nti, eyi hwehwɛ sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe na yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn bere mu. (Mmeb. 21:5) Ebia wubetumi atu nneɛma bi a woyɛ no daa a ɛho nhia kɛse no ahyɛ bere foforo. (Filip. 1:9-11) Dɛn nti na wonka ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no ho asɛm nkyerɛ afoforo wɔ asafo no mu nhwɛ sɛ wɔn nso bɛyɛ bi anaa?

3. Nhyehyɛe bɛn na mmusua betumi ayɛ na ama wɔatumi ayɛ pii?

3 Sɛ́ abusua no, wɔ mo Abusua Som anwummere a edi hɔ no mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ mususuw mo botae ahorow ho. (Mmeb. 15:22) Sɛ abusua no mufo boa a, ebia wɔn mu bi betumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ ɔsram biako anaa nea ɛboro saa mu. Na sɛ muhu sɛ nea ɛte biara morentumi nyɛ bi nso ɛ? Abusua no betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔayere wɔn ho ayɛ pii wɔ asɛnka mu anwummere anaa wɔakyɛ wɔ asɛnka mu wɔ adapɛn no awiei.

4. Sɛ yɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ Nkaedi bere no mu a, nhyira bɛn na yebenya?

4 Yehowa hu nea yɛyɛ de som no no nyinaa, na n’ani sɔ yɛn ahofama no. (Heb. 6:10) Yenya anigye bere a yɛde yɛn ho ma Yehowa ne afoforo no. (1 Be. 29:9; Aso. 20:35) So wubetumi ayɛ pii wɔ Nkaedi bere yi mu na woanya so nhyira ne anigye pii anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena