Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase February 14
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 14
Dwom 72 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 17 ¶16-20, adaka a ɛwɔ kr. 181 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Nehemia 9-11 (Simma 10)
No. 1: Nehemia 11:1-14 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Asɛm a Ɛwɔ Mateo 1:23 no Kyerɛ sɛ Bere a na Yesu wɔ Asase so no na Ɔyɛ Onyankopɔn?—rs-E kr. 214 ¶1-3 (Simma 5)
No. 3: Akwan Horow a Onyankopɔn Dom Da Adi—1 Pet. 4:10 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
12 min: Sɛnea Wo ne Ahɔho Bɛbɔ Nkɔmmɔ. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 62-64 so. Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a wonim no sɛ otumi ne afoforo fi nkɔmmɔbɔ ase bere a ɔredi adanse wɔ bɔnnɔ so anaa afie afie mu no nsɛm tiawa.
18 min: “Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!” Nsɛmmisa ne mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ mususuw asɛm no ho wie a, ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛkɔ asɛnka wɔ March, April, ne May mu no ho asɛm. Kyerɛ bere nhyehyɛe a ebetumi aboa obiara ma watumi de nnɔnhwerew 50 ayɛ asɛnka adwuma no wɔ ɔsram biara mu. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ afe a etwaam Nkaedi bere no mu ɛmfa ho sɛ na wonni adagyew anaa ahoɔden no nsɛm.
Dwom 8 ne Mpaebɔ