Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo?
1. Dɛn nti na Nkaedi bere yɛ bere pa a yebetumi de atrɛw yɛn som adwuma mu?
1 Nkaedi bere yɛ bere pa a yebetumi de atrɛw yɛn som adwuma mu. Saa bere no na yesusuw agyede a Yehowa nam ne Ba no so de mae de daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ yɛn no ho. (Yoh. 3:16) Eyi ma anisɔ hyɛ yɛn koma ma, na yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo na yɛama wɔahu nea ɔreyɛ ama adesamma. (Yes. 12:4, 5; Luka 6:45) Saa bere no ara nso na yɛyɛ ɔsatu titiriw de to nsa frɛ amannifo ne nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ma wɔbɛka yɛn ho ma yɛyɛ Nkaedi no. Ɛno akyi no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔn a wɔbae no anya asɛm no ho anigye kɛse. So wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ March, April, anaa May mu de atrɛw wo som adwuma mu?
2. Dɛn nti na March yɛ ɔsram titiriw a eye paa sɛ yɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi?
2 Ma March Nyɛ Ɔsram Titiriw: March bɛyɛ ɔsram titiriw a eye paa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. Wɔn a wɔbɛyɛ bi no betumi apaw sɛ wɔde nnɔnhwerew 30 anaa 50 a wɔhwehwɛ no bɛyɛ. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo no wɔ March mu a, akwampaefo aboafo betumi akɔ nhyiam a ɔmansin sohwɛfo ne daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw bɛyɛ no nyinaa bi. Ɔsatu a yɛde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi a yɛbɛyɛ no Benada, March 26, 2013 no befi ase March 1. Afe yi de, wɔde bere a yɛde bɛyɛ ɔsatu no bi aka ho. Bio nso, adapɛn awiei anum na ɛwɔ March mu. Ɛnde, dɛn nti na wunsusuw ho yiye nhwɛ sɛ ebia wo nso wubetumi aboa ma ɔsram yi ayɛ ɔsram titiriw wɔ afe no mu?
3. Nhyehyɛe bɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu?
3 Yɛ Nhyehyɛe Seesei: Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ wo bere nhyehyɛe yiye na ama wɔahu nsakrae a ehia sɛ woyɛ, na wɔatumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Ɛho behia sɛ abusua no muni biara boa, enti wɔ mo anwummere Abusua Som mu no, munnye bere mfa nsusuw botae a mo abusua no de asi mo ani so no ho, na monyɛ ho nhyehyɛe. (Mmeb. 15:22) Sɛ woantumi anyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi a, mma w’abam mmu. So wubetumi ayɛ wo bere mu nsakrae na ama woakyɛ wɔ asɛnka mu? So wubetumi de da foforo aka nna a wode kɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu no ho?
4. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ pii wɔ March, April, ne May mu a, mfaso bɛn na yebenya?
4 Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ pii wɔ March, April, ne May mu a, ɛbɛma anigye ne akomatɔyam a Yehowa som ne nneɛma a yɛyɛ ma afoforo ma yenya no ayɛ kɛse. (Yoh. 4:34; Aso. 20:35) Nea ɛsen biara no, ahofama a yɛda no adi no bɛma Yehowa ani agye.—Mmeb. 27:11.