Yɛ Nhyehyɛe Seesei sɛ Wobɛyɛ Pii Wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
1. Ade titiriw bɛn na Nkaedi bere ma yenya, na dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama saa bere no?
1 Nkaedi bere biara ma yenya hokwan foforo de ‘kamfo Yehowa pii.’ (Dw. 109:30) So wobɛyɛ pii wɔ asɛnka mu wɔ March mu de akyerɛ sɛ ɛno ne ɔkwan biako a wonam so kyerɛ anisɔ ma Nea ɔde agyede no mae no? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wufi ase yɛ ho nhyehyɛe.—Mmeb. 21:5.
2. Bere a wɔkae sɛ yebetumi de nnɔnhwerew 30 ayɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu wɔ afe a etwaam no mu no, dɛn na wo ne afoforo yɛe wɔ ho?
2 Akwampaefo Aboafo: Afe a etwaam no, asafo ahorow no ani gyei kɛse bere a wɔtee sɛ wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛde nnɔnhwerew a wɔatew so ayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ April mu no. Onuabarima bi kyerɛwee sɛ: “Meda so ara rekɔ ntoaso sukuu, na mintumi nyɛɛ daa ɔkwampaefo. Nanso, mede nnɔnhwerew 30 bɛyɛ wɔ March mu na mabɔ mmɔden de nnɔnhwerew 50 ayɛ wɔ April mu.” Onuawa bi a ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma kyerɛwee sɛ: “Nnɔnhwerew aduasa de—metumi anya paa!” Bere a wɔkaa nhyehyɛe yi ho asɛm no, onuawa bi a wadi boro mfe 80 a wagyae akwampae adwuma no kae sɛ: “Nea na merehwɛ kwan ara ni! Yehowa nim sɛ bere a m’ani gyei wɔ asetena mu paa ne bere a na meyɛ ɔkwampaefo no!” Afoforo a wɔantumi anyɛ akwampaefo aboafo no de yɛɛ wɔn botae sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu.
3. Nneɛma bɛn na ɛbɛma yɛasusuw ho sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April, ne May mu?
3 March bɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo efisɛ yebetumi apaw sɛ yɛde nnɔnhwerew 30 anaa 50 bɛyɛ saa. Afei nso, efi Memeneda, March 17 no, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw de ato nsa afrɛ afoforo ma wɔne yɛn akɔ Nkaedi no wɔ April 5. Yɛn mu pii ani begye sɛ yɛyɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu ma enti yɛbɛpɛ sɛ yɛde nnɔnhwerew 50 bɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu nso.
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atrɛw yɛn asɛnka adwuma no mu, na dɛn na ebefi mu aba?
4 Dɛn nti na momfa mo Abusua Som a edi hɔ no nsusuw sɛnea abusua no muni biara betumi atrɛw ne som adwuma mu wɔ Nkaedi bere no mu ho? (Mmeb. 15:22) Monsrɛ Yehowa mma onhyira mo mmɔdenbɔ so. (1 Yoh. 3:22) Bere a woyɛ pii wɔ asɛnka mu no, ɛbɛma woakamfo Yehowa pii na anigye a wowɔ no nso bɛyɛ kɛse.—2 Kor. 9:6.