Hwehwɛ Hokwan Pii a Wode Bɛkamfo Yehowa
1. Nhyehyɛe foforo bɛn na wɔayɛ a ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛakamfo Yehowa pii’?
1 Wɔ March 2013 mu no, yefii nhyehyɛe foforo a ɛbɛma adawurubɔfo anya hokwan de nnɔnhwerew 30 ayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ March ne April mu ase. Wobetumi ayɛ saa nso wɔ asram a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra asafo no mu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ fi ase wɔ ɔsram bi awiei na ɛba awiei wɔ ɔsram foforo mfiase a, adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo no betumi apaw asram abien no mu nea wɔpɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew 30 yɛ asɛnka adwuma no. Akwampaefo aboafo nyinaa betumi akɔ nhyiam a ɔmansin sohwɛfo ne akwampaefo ne akwampaefo atitiriw yɛ no nyinaa bi. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ yɛrentumi nnya nnɔnhwerew 50 no a, yebetumi de nnɔnhwerew 30 ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no mpɛn anan wɔ afe no mu de ‘akamfo Yehowa pii’!—Dw. 109:30; 119:171.
2. Dɛn na wɔn a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ bere a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra asafo no benya mu kyɛfa?
2 Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Abɛsra Asafo No: Seesei, nnipa pii betumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi bere a ɔmansin sohwɛfo abɛsra asafo no, na eyi bɛma wɔne no abom ayɛ asɛnka adwuma no na obiara anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ. (Rom. 1:11, 12) Ɛda adi sɛ akwampaefo aboafo pii bɛyɛ nhyehyɛe ayi da bi asi hɔ na wɔne ɔmansin sohwɛfo no akɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu. Wɔn a wɔkɔ adwuma wɔ dapɛn no mu betumi aka akyerɛ ɔmansin sohwɛfo no na wɔne no akɔ asɛnka Memeneda anaa Kwasida. Bio nso, daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw nhyiam a akwampaefo aboafo bɛkɔ bi no bɛhyɛ wɔn nkuran paa!
3. Dɛn nti na Nkaedi bere yɛ bere pa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo?
3 March ne April Mu: Wɔn a wonyaa hokwan de nnɔnhwerew 30 yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma ɔsram biako wɔ Nkaedi bere mu no betumi abɔ wɔn “ayeyi afɔre” no mmɔho seesei! (Heb. 13:15) March ne April yɛ ɔsram a eye paa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma de atrɛw yɛn som mu. Afe biara, sɛ edu saa asram no a yɛhwɛ kwan sɛ yɛde anigye bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase. Bio nso, esiane sɛ adawurubɔfo pii bɛtrɛw wɔn som adwuma mu wɔ Nkaedi bere mu nti, yebetumi ne wɔn akɔ asɛnka. Sɛ yewie Nkaedi no a, yɛsan kɔ anigyefo a wɔbae no nkyɛn kɔkanyan wɔn anigye ma wobetie baguam ɔkasa titiriw no. Wo koma bɛka wo ma wode hokwan foforo yi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi?—Luka 6:45.