Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 24
DAPƐN A EFI ASE JUNE 24
Dwom 123 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 11 ¶1-8 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 8-10 (Simma 10)
Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu (Simma 20)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: “Ka Nsɛmma Nhoma Biako Ho Asɛm, Nanso Fa Abien no Nyinaa Ma.” Ɔkasa. Ɔkasa no akyi no, ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ sɛnea yebefi adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Yɛn Adwuma Renyɛ Ɔkwa. (Heb. 6:10) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2013 Yearbook no kratafa 113-115 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Nhoma a Yɛde Bɛma July ne August. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Munsusuw nhomawa ahorow a yɛde bɛma no mu nsɛm bi ho tiawa. Ma wɔnyɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de ama ho ɔyɛkyerɛ abien. Ɛsɛ sɛ wɔde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no yɛ emu biako. Wobetumi de nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 anaa ɔkwan a yɛbɛfa so de ama a ɛwɔ March 2013 Yɛn Ahenni Som mu no bi ayɛ nea ɛto so abien no.
Dwom 129 ne Mpaebɔ