Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 24, 2013 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.
1. Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 3:14, 15 no ka sɛ: “Sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare no so no, saa ara na etwa sɛ wɔma onipa Ba no so.” Dɛn na saa asɛm yi a ɔkae no kyerɛ? [May 6, it-1-E kr. 505; gt ti 17 nky. 5]
2. Bere bɛn na Kristo akyidifo nya nkwa wɔ wɔn mu, anaa wɔkɔ asetena a edi mũ mu? (Yoh. 6:53) [May 13, w03 9/15 kr. 31 nky. 3]
3. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa n’Agya adi kyerɛɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ? Ma ho nhwɛso. (Yoh. 8:28) [May 20, w11 4/1 kr. 7 nky. 3]
4. Dɛn na yesua fi su a “Yesu sui” bere a n’adamfo Lasaro wui no mu? (Yoh. 11:35) [May 20, w08 5/1 kr. 24 nky. 3-5]
5. Asuade a tumi wom bɛn na yenya fi asomafo no nan ho a Yesu hohoroe no mu? (Yoh. 13:4, 5) [May 27, w99 3/1 kr. 31 nky. 1]
6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi akyerɛ yɛn kwan yiye? (Yoh. 14:26) [May 27, w11 12/15 kr. 14-15 nky. 9]
7. Dɛn na asɛmfua “eyinom” a ɛwɔ Yohane 21:15 no kyerɛ, na dɛn na yebetumi asua afi mu? [June 3, w08 4/15 kr. 32 nky. 10]
8. Sɛnea Asomafo Nnwuma 2:44-47 ne Asomafo Nnwuma 4:34, 35 kyerɛ no, su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden suasua? [June 10, w08 5/15 kr. 30 nky. 5]
9. So asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 7:59 no kyerɛ sɛ na Stefano rebɔ Yesu mpae? [June 17, w08 5/15 kr. 31 nky. 2]
10. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Barnaba nhwɛso pa no, na mfaso bɛn na yebenya afi mu? (Aso. 9:26, 27) [June 24, bt kr. 65 nky. 19]