Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 1
DAPƐN A EFI ASE JULY 1
Dwom 69 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 11 ¶9-14 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Asomafo Nnwuma 11-14 (Simma 10)
No. 1: Asomafo Nnwuma 11:1-18 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Nkɛntɛnso Bɛn na Ɛsɛ sɛ Agyede no Nya wɔ Sɛnea Yɛbɔ Yɛn Bra no So?—rs-E kr. 311 ¶4-6; +w12 1/15 kr. 24 ¶15–kr. 25 ¶18 (Simma 5)
No. 3: Henanom ne Wo Nnamfo Paa?—Dw. 119:63 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ July Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan Luka 12:16-31. Munsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm yi betumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu no ho.
Dwom 35 ne Mpaebɔ