Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/85 kr. 1-8
  • Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NNEƐMA A ƐSƐ SƐ YƐYƐ
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 3/85 kr. 1-8

Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya

1“Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Ɛdenam nsɛm yi so no, yɛn Awurade Yesu Kristo de ahyɛde maa n’akyidifo anadwo a ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ no. Wɔda so ara di saa ahyɛde no so nokwarem wɔ saa afahyɛ da a ɛyɛ Nisan 14 no mu de besi yɛn bere yi so wɔ nea ɛboro mfe 1,900 akyi no mu. Wɔ afe 1985 yi mu no, Nkaedi no besi Yawda, April 4, bere a owia akɔtɔ. Saa bere no, wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛboro 48,000 wɔ wiase nyinaa no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo behyiam de adi Yesu ahyɛde no so.

2 Nkaedi no kyerɛ biribi kɛse ma Yehowa Adansefo. Wɔ mmeae binom no, Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔne no bedi ahene wɔ ɔsoro Ahenni no mu no binom bɛyɛ wɔn a wɔka wɔn a wɔaba ase no ho. Wɔ mmeae afoforo nso no, ebia ɛbɛyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛka “nnipakuw kɛse” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no ho no nkutoo na ebehyiam. Eyinom wɔ asase so anidaso a ɛne sɛ wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase. Nanso wɔ emu biara mu no, esiane sɛ ɛyɛ bere titiriw nti, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔaba afahyɛ no ase, na wɔto nsa frɛ nnipa a wɔkyerɛ Bible mu nokware no ho anigye nyinaa. Enti dɛn na yebetumi ayɛ na ama nnipa pii a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fa sɛnea ɛfata no aba ase? Nneɛma ahorow bi a ɛsɛ sɛ ɛtra yɛn adwenem ni.

NNEƐMA A ƐSƐ SƐ YƐYƐ

3 Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde Nkaedi nsaano nkrataa no ma yɛn Bible adesuafo ne wɔn a esiane yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nti wɔkyerɛ nokware no ho anigye no. Nanso, kae sɛ aka adapɛn bi ansa na Nkaedi bere no adu. Ebia ebinom werɛ befi nsa a woato afrɛ wɔn no. Enti ɛho behia sɛ wokɔ so kae wɔn sɛ wɔmma bere no ntra wɔn adwenem. Ebia ɛho behia sɛ woboa ebinom wɔ lɔre ho asɛm mu. Hwɛ sɛ wobɛma wɔahu bere ne beae a Nkaedi no bɛkɔ so no, efisɛ wɔankyerɛ eyi wɔ nsaano krataa no so.

4 Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nea ɛkɔ so wɔ Nkaedi no ase no mu akyerɛ afoforofo. Ebia na wɔn a wotoo nsa frɛɛ wɔn no mu binom nnim nea enti a wɔde Nkaedi no sii hɔ, wɔn a wodi bi ne nea enti a wɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ na ɛyɛ no ho asɛm pii. Wubetumi akyerɛkyerɛ anidaso a wɔn a wodi bi no wɔ ne bɛhwɛadefo a wonni nkae ade no bi de no mu.

5 Ebia asafo no mufo binom benya kyɛfa a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ ma Ahenni Asa, anaa beae foforo a wɔbɛyɛ wɔ hɔ no atew a efĩ biara nni hɔ a wɔahyehyɛ nkongua no yiye. Mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔn nsa aka abodoo a mmɔkaw nnim, bobesa kɔkɔɔ ne nneɛma afoforo a ɛho hia, na sɛ wɔwɔ akasam afiri nso a, wɔahwɛ sɛ ɛyɛ adwuma yiye, ne sɛ wɔanya wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde nneɛma no bɛfa nnipa no anim a wɔakyerɛkyerɛ wɔn nea wɔbɛyɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ ɔpanyin a ne ho akokwaw nsa ma ɔma Nkaedi ɔkasa no. Mubetumi de 1983 Nkaedi ɔkasa a Asafo ti de mae no adi dwuma bio. Ɛsɛ sɛ ɔkasa no yɛ honhom mu aduan a ɛyɛ dɛ ma wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa, sɛ́ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa nguan foforo, anaa anigyefo.

6 Mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔhwɛ nso sɛ wobedi bere a wɔahyehyɛ no so, titiriw faako a asafo a ɛboro biako na ebehyiam wɔ asa koro no ara so no. Sɛ́ ankorankoro ne abusua akuw horow no, wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi anya mfaso wɔ Bible akenkan a wɔapaw wɔ nna kakra a edi Nkaedi no anim mu no mu. Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa nsɛm a esisii kosii bere a wɔde Nkaedi no sii hɔ ho a yɛbɛkenkan betumi ama anisɔ a yɛwɔ ma Nkaedi no mu ayɛ den. Wɔayɛ Bible akenkan a ɛte sɛɛ ho nhyehyɛe wɔ ha. Bio, momma yɛn nyinaa nnya mfaso kɛse wɔ Nkaedi no mu, na ɛdenam yɛn abrabɔ ne yɛn ani a egye bere titiriw yi ho so no, yɛama ada adi ama obiara sɛ ampa yɛrehyɛ Nkaedi ho fa no ‘de akae’ Kristo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena