Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/07 kr. 1
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 3/07 kr. 1

“Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”

Yɛbɛkae Yesu Wu no April 2

1. Dɛn nti na April 2, 2007 yɛ da titiriw saa?

1 Sɛ edu April 2, 2007 a, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam akae Yesu afɔrebɔ wu no. Yesu wui sɛ obi a ogyina ne soro Agya no tumidi akyi, na ɔma ɛdaa adi sɛ Satan Ɔbonsam sobo a ɔbɔɔ nnipa sɛ nea wonya fi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no no yɛ atoro. (Hiob 2:1-5) Awurade Anwummeduan no nso kae yɛn sɛ Yesu nam ne wu sɛ onipa a ɔyɛ pɛ na bɔne nni ne ho no so ‘de ne kra yɛɛ agyede de gyee nnipa bebree.’ (Mat. 20:28) Enti Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) So anisɔ a wowɔ ma Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo yi aka wo ma woafi ase resiesie wo ho akae ɔdɔ a ɛkyɛn so a wɔada no adi akyerɛ yɛn no?—Yoh. 3:16.

2. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma ama Nkaedi no?

2 Siesie Wo Koma: Sɛ yesusuw nea esii wɔ Yesu nna a etwa to sɛ onipa no mu biara ho a, yebetumi asiesie yɛn koma ama Nkaedi no. (Esra 7:10) Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi no, wɔayɛ Bible akenkan ho nhyehyɛe titiriw wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ—2007 de no mu ne 2007 Calendar no so. Bible akenkan ho nhyehyɛe yi ne nna a nsɛm a ɛfa Yesu wu ho sisii no ne kalenda a yɛde di dwuma nnɛ no hyia. Nna a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no gyina Yudafo kalenda a wɔkan nna fi owiatɔe kosi owiatɔe no so. Wogyinaa sɛnea na wobu nna yi so na ɛhyehyɛɛ Nkaedi Bible akenkan no. Sɛ yɛyɛ Bible akenkan yi na yɛde mpaebɔ susuw sɛnea Onyankopɔn dɔ kɔ akyiri fa no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Nkaedi no so mfaso kɛse.

3. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔanya Nkaedi no so mfaso?

3 To Nsa Frɛ Afoforo Bra Nkaedi no Ase: Krataa a ɛhyɛ February Yɛn Ahenni Som mu no kaa ɔsatu titiriw bi a yɛbɛyɛ de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba adeyɛ titiriw yi ase ho asɛm. So woayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wode wo ho ahyɛ ɔsatu yi mu yiye? So woakyerɛw nnipa a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn din, na woafi ase rekɔ wɔn nkyɛn? Yɛ nhyehyɛe sɛ anwummere a yɛbɛyɛ Nkaedi no wubedu hɔ ntɛm na woama wɔn a wotoo nsa frɛɛ wɔn no ne anigyefo afoforo a wɔbɛba no akwaaba. Ebia wobɛpɛ sɛ wo ne wɔn tra faako, na woahwɛ ama wɔn Bible ne nnwom nhoma. Fa wɔn kyia anuanom afoforo a wɔwɔ asafo no mu no. Sɛ muwie Nkaedi no a, gye bere fa bua wɔn nsɛmmisa. To nsa frɛ wɔn ma wommetie ɔkasa titiriw a yɛbɛma no April 15 no bi. Mpanyimfo titiriw ani begye ho sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔne asafo no abɔ pɛn nanso wɔayɛ mmerɛw no aba Nkaedi no ne ɔkasa titiriw no ase.

4. Wɔ Nkaedi no akyi no, yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔakɔ so anya Onyankopɔn ho nimdeɛ?

4 Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo ne Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw ma Wonnya Nkɔso: Nea ɔbɛma Nkaedi ho ɔkasa no bɛkyerɛkyerɛ Bible adesua ho nhyehyɛe a yɛyɛ no mu tiawa na wahyɛ wɔn a wɔyɛ foforo no nkuran ma wɔakɔ so asua Yehowa ho ade. Wubetumi agyina ne nsɛm no so aboa wɔn a wotoo nsa frɛɛ wɔn no ma wɔasua Yehowa ho ade pii. Sɛ mprempren wɔne obiara nsua Bible no a, hwɛ sɛ wobɛkɔ akɔsra wɔn wɔ Nkaedi no akyi pɛɛ na kyerɛ wɔn sɛnea yɛne afoforo yɛ Bible adesua a wontua hwee. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii no, ɛho behia nso sɛ wɔkɔ asafo nhyiam ahorow. (Heb. 10:24, 25) Sɛ wobetumi ayɛ saa a, hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkɔ asafo nhyiam daa. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo kɔsra Kristofo a wɔayɛ mmerɛw a wɔbaa Nkaedi no, na wɔboa wɔn ma wosusuw Nkaedi ho ɔkasa no mu nsɛm ho. Eyi betumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔasan ne asafo no abɔ.

5. Mfaso bɛn na yebetumi anya afi Nkaedi no so?

5 Nkaedi no ma yenya hokwan susuw nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no ho anibere so. Nsusuwho a ɛte saa no ma ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu yɛ den na ɛka sɛnea yɛbɔ yɛn bra. (2 Kor. 5:14, 15; 1 Yoh. 4:11) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yefi ase siesie yɛn ho na yɛboa anigyefo ma wɔn nso siesie wɔn ho ma adeyɛ titiriw yi a yɛde ‘bɛpae mu aka Awurade wu’ no ho asɛm no.—1 Kor. 11:26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena