“Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
1. Dɛn nti na Nkaedi afahyɛ no ho hia?
1 “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Yesu nam saa asɛm a ɔkae yi so de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnkae n’afɔrebɔ wu no. Esiane nea agyede no atumi ayɛ nyinaa nti, afe afe Nkaedi afahyɛ no ho hia anaasɛ ɛsom bo ma Kristofo sen da foforo biara. Bere a afe yi afahyɛ a yebedi no April 5 rebɛn no, dɛn na yebetumi ayɛ de ada anisɔ adi akyerɛ Yehowa?—Kol. 3:15.
2. Dɛn na yebetumi asua na yɛadwinnwen ho de akyerɛ Nkaedi no ho anisɔ?
2 Siesie Wo Ho: Yɛtaa siesie yɛn ho ma nneɛma a yesusuw sɛ ɛho hia no. Yebetumi asua nsɛm a esisii bere a na Yesu asetena reba awiei wɔ asase so no sɛ abusua, na yɛadwinnwen ho de asiesie yɛn koma ama Nkaedi no. (Esra 7:10) Yehu ɛho kyerɛw nsɛm kakra wɔ yɛn kalenda no so ne Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no mu, na wɔahyehyɛ ɛho kyerɛw nsɛm no dodow no ara ne ti ahorow a yebehu wom wɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu wɔ February 1, 2011, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 23-24.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu de akyerɛ Nkaedi no ho anisɔ?
3 Ka Asɛm No: Yebetumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu nso de ada anisɔ a yɛwɔ no adi. (Luka 6:45) Efi Memeneda, March 17 no, yebefi ase ayɛ ɔsatu bi wɔ wiase nyinaa de ato nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu na wode bere pii ayɛ asɛnka adwuma no, ebia sɛ ɔkwampaefo boafo? Dɛn nti na munsusuw ho sɛ abusua wɔ mo anwummere Abusua Som a edi hɔ no mu?
4. Sɛ yɛkɔ Nkaedi afahyɛ no a, mfaso horow bɛn na yebetumi anya?
4 Sɛ yɛkɔ Nkaedi afahyɛ no ase afe biara a, yenya so mfaso paa! Sɛ yesusuw ayamye mu a Yehowa fi de ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ agyede no ho a, ɛma yɛn ani gye paa na ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse. (Yoh. 3:16; 1 Yoh. 4:9, 10) Eyi mma yɛntena ase mma yɛn ho bio. (2 Kor. 5:14, 15) Ɛma yɛsan nya ɔpɛ sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam. (Dw. 102:19-21) Nokwarem no, Yehowa asomfo a wɔwɔ anisɔ de ahopere retwɛn hokwan a yebenya wɔ Nkaedi afahyɛ a yebedi no April 5 ase no de ‘apae mu aka Awurade wu’ no.—1 Kor. 11:26.