Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/13 kr. 1
  • Fa Anigye Koma Siesie wo Ho ma Nkaedi No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Anigye Koma Siesie wo Ho ma Nkaedi No
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi No?
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 3/13 kr. 1

Fa Anigye Koma Siesie wo Ho ma Nkaedi No

1. Nkaedi bere no yɛ bere titiriw a yɛde bɛyɛ dɛn?

1 Nkaedi a yɛbɛyɛ no Benada, March 26 no bɛma yɛanya hokwan a ɛso bi nni adi ahurusi wɔ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde begye yɛn no ho. (Yes. 61:10) Ansa na afahyɛ no mpo bedu so no, ɛho anigye no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho yiye. Ɔkwan bɛn so?

2. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛtoto nneɛma yiye ma Nkaedi afahyɛ no?

2 Ahoboa a Yɛbɛyɛ Ama Afahyɛ No: Ɛwom sɛ Awurade Anwummeduan no yɛ bere tiaa bi mu adeyɛ de, nanso ɛho hia paa. Ne saa nti, ehia sɛ yedi kan toto nneɛma yiye na amma yɛammu yɛn ani angu nneɛma a ɛho hia no so. (Mmeb. 21:5) Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo paw bere ne beae a ɛfata ma Nkaedi no. Ehia nso sɛ moyɛ paanoo ne bobesa a ɛfata ho nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ yesiesie beae a yɛbɛyɛ dwumadi no ma ɛhɔ tew kama. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔkasafo a wɔbɛpaw no no siesie ne ho yiye, na ɛsɛ sɛ wɔpaw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde bobesa ne paanoo bɛfa nkurɔfo anim no nso. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛayɛ emu dodow no ara ho nhyehyɛe dedaw. Agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛtoto nneɛma yiye ma afahyɛ kronkron yi.—1 Pet. 1:8, 9.

3. Dɛn na yɛbɛyɛ de asiesie yɛn koma ama Awurade Anwummeduan no?

3 Yensiesie Yɛn Koma: Ɛyɛ papa nso sɛ yesiesie yɛn koma, na aboa ma yɛate nea Nkaedi no kyerɛ ase yiye. (Esra 7:10) Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yegye bere susuw Nkaedi Bible akenkan titiriw no ho, na yedwennwen Yesu asetena nna a etwa to wɔ asase so no ho. Sɛ yedwennwen ahofama a Yesu daa no adi no ho a, ɛbɛka yɛn ma yɛasuasua ne nhwɛso pa no.—Gal. 2:20.

4. Mfaso a agyede no ma yenya no mu nea ɛwɔ he na ɛma w’ani gye paa?

4 Sɛ yedwinnwen mfaso horow a agyede no ma yenya ho wɔ Nkaedi bere no ne ɛno akyi a, ɛbɛma anigye ahyɛ yɛn koma ma. Ɛnyɛ saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛtow pon anaa yɛkyerɛw Nkaedi no ho nkyia titiriw bi fa mobile fon so mena nkurɔfo. Mmom no, ɛyɛ bere a yedwinnwen nsɛm ho. Kristo wu no bɛma obiara ahu sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. Ɛma yɛde yɛn ho fi bɔne ne owu ho. (1 Yoh. 2:2) Ɛma asomdwoe tena yɛne Onyankopɔn ntam, na ɛbɛma yɛanya daa nkwa nso. (Kol. 1:21, 22) Ɛma yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛtena ase ma ɛne Yehowa apɛde ahyia no nso mu yɛ den, na yɛkɔ so gyina pintinn sɛ Kristo asuafo. (Mat. 16:24) Ɛmmra sɛ anigye a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse bere a yesiesie yɛn ho ma Nkaedi no na yɛkɔ ase!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena