Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi No?
Nisan da a ɛtɔ so 13 afe 33 Y.B. no, na Yesu nim sɛ anwummere baako pɛ na aka a ɔne ne nnamfonom bɛhyiam ansa na n’atamfo akum no. Na ɔne wɔn bɛdi Twam no na wɔwie a, ɔde Awurade Anwummeduan no asi hɔ. Na wei yɛ biribi a ɛho hia paa, enti na ɛgye ahosiesie. Enti ɔsomaa Petro ne Yohane sɛ wɔnkɔsiesie baabi a wɔbɛhyɛ fã no. (Luka 22:7-13) Ɛfi saa bere no, afe biara sɛ Nkaedi no reyɛ adu so a, Kristofo yɛ ahoboa a ɛfata. (Luka 22:19) Afe yi Nkaedi no bɛba so April 3. Nneɛma bɛn saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ansa na da no adu?
Ahoboa a Adawurubɔfo Bɛyɛ:
Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nnipa dodow biara a wobɛtumi aba Nkaedi no.
Nea ɛbɛyɛ na wo werɛ remfi wo Bible asuafo, abusuafo, wo mfɛfo sukuufo ne adwumayɛfo ne afoforo a wonim wɔn nyinaa no, di kan kyerɛw wɔn din to hɔ. Afei fa wɔn so mmaako mmaako na to nsa frɛ wɔn.
Nkaedi rebɛdu a, wotwa Bible fa bi ma yɛn sɛ yɛnkenkan. Gye bere kenkan na susu ho.
Du asa no so ntɛm na woatumi ama ahɔho akwaaba.