Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/92 kr. 3-7
  • “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahosiesie ma Nkaedi No
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Munsiesie Mo Ho Mma Nkaedi No
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 4/92 kr. 3-7

“Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae”

1 Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhyɛ ne wu ho fã. (Luka 22:19) Saa afahyɛ yi bɛma wɔakae afɔre kɛse a Yesu bɔ maa adesamma no. Afe yi Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛhyɛ Kristo wu Nkae no ho fã Fida, April 17, bere a owia akɔtɔ.

2 Ahosiesie a W’ankasa Wobɛyɛ: Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn ho ama afahyɛ titiriw a ɛfata yi? Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛde mpaebɔ besusuw Yesu asase so asetra ne ne som adwuma no ho. Ɔbɛyɛɛ adesamma Gyefo denam ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ a ɔde mae no so. (Mat. 20:28) Nea ɛbɛyɛ na aboa obiara ma wanya nsiesiei yi ho anisɔ no, yɛkamfo kyerɛ sɛ onsusuw Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no atiri 112 kosi 116 ho.

3 Yɛn Bible akenkan a yɛbɛyɛ ansa na yɛayɛ Nkaedi no afe yi a wɔahyehyɛ wɔ 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses so no yɛ Bible nhoma a ɛne Marko no mu nkyekyem ahorow a wɔapaw. Wɔayɛ Bible akenkan titiriw yi ho nhyehyɛe wɔ nnansia a efi Kwasida kosi Fida, April 12-17 no mu. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛde bere a ɛdɔɔso dwen nsɛm a anibere wom a esisii yi ho.

4 Ahosiesie Fefeefe a Mpanyimfo No Bɛyɛ: Monhwɛ nhu sɛ mowɔ nkrataa a wɔde to nsa frɛ afoforo. So nkongua a ɛdɔɔso wɔ hɔ ma wɔn a mohwɛ kwan sɛ wɔbɛba no nyinaa? Faako a asafo a wɔde asa no bedi dwuma no boro biako no, ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe yiye na ama asafo biara anya bere a ɛdɔɔso de ayɛ Nkaedi no. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn a wɔde abodoo no ne nsa no bɛfa nnipa no anim no hu wɔn nnwuma. Wɔbɛpɛ sɛ wodi kan ma nnipa afoforo a wɔbɛba no akwaaba. Ɛsɛ sɛ wɔpaw ɔkasafo a ɔfata yiye a obegyina Kyerɛwnsɛm so ama ɔkasa no pefee ma emu ada hɔ. Mompaw mpanyimfo anaasɛ asomfo a wɔfata mma wɔmfa abodoo ne nsa no mfa nnipa no anim. Ɛsɛ sɛ mode abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ a wɔmfraa mu di dwuma. Sɛ mopɛ amanneɛbɔ afoforo a, monhwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27.

5 Ɛdenam ahosiesie feefee so no, yɛbɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ nea bere titiriw yi kyerɛ no yiye, na yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Kristo wu Nkae no ho fã de di Yesu ahyɛde so.—1 Kor. 11:23-26.

[Kratafa 7 adaka]

1. So moaka bere ne beae pɔtee a mobɛhyɛ fã no akyerɛ obiara a ɔkasafo no nso ka ho? So ɔkasafo no wɔ afiri a ɔde bɛba?

2. So moayɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma moanya abodoo ne bobesa no?

3. So moayɛ nhyehyɛe sɛ obi mfa ntama a ani tew a wɔde sɛw ɔpon so ne glass ne prɛte dodow a mohwehwɛ no mmra?

4. Nhyehyɛe bɛn na moayɛ a ɛbɛma moasiesie asa no so ansa na moayɛ Nkaedi no, na sɛ asafo foforo nso de asa no bedi dwuma saa anwummere no a, moasiesie hɔ kakra ama wɔn?

5. So moapaw wɔn a wɔbɛma ahɔho akwaaba ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim? So mo ne wɔn ayɛ nhyehyɛe sɛ mubehyiam asan ahwɛ sɛnea wɔbɛyɛ wɔn nnwuma no ansa na Nkaedi no adu? Bere bɛn? Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so na ama wɔatumi de nneɛma no afa obiara anim yiye?

6. So moayɛ nhyehyɛe a mode bɛboa anuanom a wɔn mfe akɔ anim na wonni ahoɔden no awie? So moayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mode abodoo ne bobesa no bi akɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu bi a ebia wɔabubu agu hɔ a wontumi mma Ahenni Asa so no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena