Ahosiesie ma Nkaedi No
So moaka bere ne beae pɔtee a mobɛyɛ afahyɛ no akyerɛ obiara a ɔkasafo no nso ka ho? So ɔkasafo no wɔ afiri a ɔde bɛba?
So moayɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma moanya abodoo ne bobesa no ma mode asisi hɔ bere a ɛsɛ mu?
So moayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔadi kan de ɔpon a ɔpon so ntama a ani tew sɛw so a glass ne mprɛte dodow a ɛsɛ sisi so asi hɔ?
Nhyehyɛe horow bɛn na moayɛ na ama moadi kan asiesie Ahenni Asa no so?
So moapaw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim? So mo ne wɔn ahyehyɛ sɛ mobɛyɛ nhyiam ma wɔahwɛ sɛnea wɔbɛyɛ wɔn nnwuma no ansa na Nkaedi no aso? Bere bɛn? Ɔkwan bɛn so na mobɛfa na ama wɔde nneɛma no afa wɔn nyinaa anim yiye?
So moayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moaboa anuanom a wɔn mfe akɔ anim a wonni ahoɔden no awie? So moayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mode abodoo ne bobesa no bi akɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ebia wontumi nnantew a wontumi ne asafo no nhyiam no?