Asemmisa Afa
◼ So ɛfata sɛ wotintim Asafo ti nhoma ahorow no foforo na wɔde mema afoforo?
Mfe a atwam no mu no, Asafo ti no ayɛ nhoma ahorow pii a ɛkame ayɛ sɛ ɛka Bible nimdeɛ afã biara ho asɛm. Ebia ankorankoro a wɔasua nokware no wɔ nnansa yi mfe yi mu no bɛte nka sɛ wɔannya nhoma ahorow a wotintimii wɔ bere a atwam no mu, a mprempren Asafo ti no ntintim bio no mu mfaso. Ebinom abɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya nhoma ahorow dedaw no bi, na afoforo nso afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ Asafo ti nhoma ahorow no foforo na wɔde amema wɔ akwan horow so. Nea ɛka eyi ho ne nhoma ahorow no a wɔsan tintim ankasa ne nea wɔde kɔmputa yɛ no foforo. Wɔ tebea horow bi mu no, wɔayɛ eyi de apɛ sika fam mfaso.
“Akoa” nokwafo no nim yɛn honhom fam ahiade ahorow na ɔyɛ nsiesiei wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Bere a ebehia sɛ wɔsan de nsɛm a wɔatintim wɔ bere a atwam no mu ma no, Asafo ti no ayɛ nhyehyɛe ma wɔayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, wɔasan atintim Watchtower bound volume ahorow a efi 1960 besi 1985 no na ama obiara atumi anya bi. Nanso, sɛ ankorankoro ankasa di kan yɛ nhoma a ɛte sɛɛ foforo na wɔde mema a, ɔhaw ahorow a enhia betumi asɔre.
Ɔhaw ahorow a emu yɛ den sɔre bere a wɔyɛ nhoma yi foforo na wɔde mema de nya sika fam mfaso no. October 1977 Yɛn Ahenni Som no mu Asemmisa Afã no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛremfa teokrase ayɔnkofa no so mpɛ yɛn nuanom no ho mfaso wɔ sika fam denam aguadi anaa nneɛma bi tɔn wɔ Ahenni Asa no so anaa asafo nhoma mu adesua anaa Yehowa nkurɔfo nhyiam horow ase no so. Eyi bɛboa yɛn na yɛatumi atwe yɛn adwene nyinaa asi honhom mu nneɛma so sɛnea ɛfata sɛ yɛyɛ no na yɛama aguadi ho nhyehyɛe no nso atra beae a ɛfata.” Enti, ehia sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wɔpɛ sika mfaso, sɛ ɛba Onyankopɔn Asɛm a wɔde di gua ne ho nsɛm afoforo so a.