Asɛmmisa Afã
◼ Nhoma horow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde hyehyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea?
Wɔasiesie honhom fam nhoma pii a Onyankopɔn nkurɔfo betumi anya mu mfaso. Esiane sɛ adawurubɔfo pii ankasa nni eyinom nyinaa bi nti, Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no ma wonya ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma horow a ebia anka wonnya bi no mu. Enti ɛsɛ sɛ wɔde Bible nkyerɛase horow, Asafo ti no nhoma horow a aba foforo, Yɛn Ahenni Som, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! po ahorow, ne Watch Tower Publications Index ahorow hyehyɛ mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm asekyerɛ nhoma foforo a etu mpɔn nso ka ho. Sɛ wobenya bi a, nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm, asase ho mfonini nhoma, anaa kasa ho mmara ne abakɔsɛm ho nhwehwɛmu nhoma nso ho betumi aba mfaso. Nanso ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ so titiriw.—Mat. 24:45.
Wɔ mmeae horow bi no, wɔbɔ amanneɛ sɛ wɔde nhoma horow a ɛmfata ahyehyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea. Ɛmfata sɛ yɛde anansesɛm nhoma, Bible ho nsɛm a ɛtwe adwene si ɔkasatia a emu yɛ den so, anaa nyansapɛ anaa ahonhonsɛmdi nhoma hyehyɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛde nhoma a ɛbɛboa wɔn a wɔde di dwuma no ma wɔanya honhom mu nkɔso nkutoo na ɛhyehyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea hɔ.—1 Tim. 4:15.
Sukuu sohwɛfo no na ɔhwɛ nhomakorabea no so, ɛwom sɛ onua bi betumi aboa no ma wɔahwɛ so de. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ nhomakorabea no bɛyɛ nea edi mũ, na ɔde nhoma foforo hyehyɛ mu bere a woyi no adi ara pɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw asafo ko a nhoma no yɛ ne de no din gu nhoma biara mu. Afe biara, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ nhoma no mu hwɛ sɛ ebia ɛsɛ sɛ wosiesie bi anaasɛ wɔsesa.
Obiara betumi aboa ma wɔahwɛ nhomakorabea no so. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye bere a woso nhoma no mu na wɔde di dwuma no. Ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma mmofra de di agoru, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obiara sensane mu. Wobetumi akyerɛw abɔ hɔ fɛfɛɛfɛ de abɔ nkae sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔfa nhoma horow no fi Ahenni Asa so hɔ.
Bere a wɔkɔ so tew asafo horow no, akyinnye biara nni ho sɛ nhomakorabea pii bɛyɛ ketewa. Adawurubɔfo a wɔwɔ yɛn nhoma dedaw no bi no betumi asusuw ho na wɔde akyɛ asafo no. Mpanyimfo no betumi akra Ɔwɛn-Aban bound volume ahorow a Asafo ti no asan atintim no bi. Saa akwan yi so no, Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea no ho bɛba mfaso ama yɛn nyinaa ma yɛahu akorade horow a ahintaw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma nimdeɛ, nyansa, ne ntease no.—Mmeb. 2:4-6.