Monnkora so na Mmom Momfa Nyɛ Adwuma
Asafo pii agye nhoma dedaw bebree agu hɔ. Dɛn nti na wunnye bi mfa nhyehyɛ w’ankasa nhomakorabea? Ɛwom, ebia wowɔ Watchtower Library a nhoma dedaw yi nyinaa bi wɔ so. Nanso mfaso wɔ so sɛ yenya nea wɔatintim no bi nso gu hɔ. So wo ne obi reyɛ Bible adesua a ɔrenya nkɔso? Ɛnde, hyɛ no nkuran ma onnye nhoma dedaw yi bi na omfi ase nhyehyɛ n’ankasa nhomakorabea. Ɛsɛ sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no hwɛ ma wɔde nhoma dedaw ahorow a asafo no wɔ bi sum hɔ no bi hyehyɛ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no mu. Nhoma ahorow yi ho da so ara hia. Ɛyɛ papa sɛ yɛde nhoma ahorow yi bedi dwuma sen sɛ asafo no bɛkora so wɔ baabi a wɔde nhoma gu no!