Ma Wonhu Yehowa Nneyɛe
1 “Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so . . . na wayɛ ade akɛse.” (Yes. 12:4, 5) Woyɛ w’ade dɛn wɔ nkuranhyɛsɛm yi ho? Sɛ yesusuw sɛnea Yehowa ne yɛn adi sɛ nnipakuw ne sɛ ankorankoro no ho a, so ɛnka yɛn koma ma yɛnka ho asɛm nkyerɛ afoforo? Bɛyɛ mfe 73 ni no, Yehowa gyee ne nkurɔfo fii Babilon nnommumfa mu. Efi 1919 reba no, wɔde nokware som asi hɔ pintinn, na mprempren atrɛw akodu asase afanan nyinaa. Faako a Yehowa ayɛ eyi akodu no atra nea yɛhwɛɛ kwan. Sɛ ankorankoro no, Onyankopɔn akwankyerɛ, ahobammɔ, ne nhyira ho anisɔ a yɛwɔ no kɛse te dɛn? So wubetumi ayɛ pii ma wɔahu ne nneyɛe na wɔama ne din so?
2 Nkaedi bere no ma yɛkae Onyankopɔn adeyɛ bi a yɛde aseda bɛma no wɔ ho daa. April yɛ bere a ɛfata titiriw sɛ yɛma Yehowa hu yɛn aseda ne anisɔ denam akwampaefo aboafo a yɛbɛyɛ no so. Afei nso, sɛ woyɛ akwampaefo boafo wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu a, wubenya mmoa ne nkuranhyɛ a ɔde ma wɔ ɔsom adwuma mu no mu mfaso pii.
3 Mpɛn pii no, sɛ adawurubɔfo kuw yɛ akwampaefo aboafo a, nhyehyɛe ahorow no yɛ yiye. Wobetumi ayɛ bere nhyehyɛe pa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn mu biara anya obi a ɔne no bɛyɛ adwuma, na anuawanom a wɔwɔ mmofra a wosusuae betumi ayɛ nhyehyɛe aboa wɔn ho wɔn ho. Nhyehyɛe pa nti, pii ahu sɛ ɛnyɛ den pii sɛ wobenya nnɔnhwerew 60 no. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, eyi kyerɛ sɛ wode nnɔnhwerew abien bɛkɔ asɛnka da biara, anaasɛ wode nnɔnhwerew 15 bɛyɛ saa dapɛn biara. Akwampaefo aboafo binom de dɔnhwerew biako anaasɛ abien di adanse ansa na wɔakɔyɛ wɔn honam fam adwuma anaa wɔ bere a wɔapɔn no akyi, na wɔde bere pii kɔ asɛnka wɔ dapɛn no awiei.
4 Sɛ woantumi anyɛ akwampaefo boafo mpo a, ebia wubetumi ama w’asɛnka adwuma akɔ anim. Afei nso, wɔn a wɔyɛ akwampae adwuma no lɔre akatua a wobɛboa wɔn ma wɔatua anaasɛ adwuma a wo ne wɔn bɛyɛ no bɛhyɛ wɔn nkuran. Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ anisɔ no behu biribiara a yɛbɛyɛ de ama wɔahu Yehowa din ne ne nneyɛe no.—Mal. 3:16.