Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
1 Afe a ɛto so 11 ni a wofii akwampaefo boafo adwuma nhyehyɛe no ase. Efi bere a wofii ase wɔ September 1976 mu no, yɛn nuanom mpem ɔhaha pii de wɔn ho ahyem. Eyinom mu mpempem pii yɛ nhyehyɛe som sɛ akwampaefo aboafo wɔ afe no mu asram bi mu. Afoforo nso atumi asom daa sɛ akwampaefo aboafo wɔ bere tenten bi mu. Wɔn nyinaa anya hokwan anya honhom mu mfaso, woabɛn Yehowa kɛse, na wɔabɛyɛ asɛmpa no ho asomfo a wɔn ho akokwaw kɛse.
2 Bere a nhyehyɛe yi fii ase wɔ Ghana wɔ October 1976 mu no, yenyaa akwampaefo aboafo 295; na ɛno boro wɔn a wobuu akontaa sɛ bere tiaa mu akwampaefo wɔ ɔsram a edi ɛno anim mu no so 80. Akwampaefo boafo adwuma no ho anigye kɔɔ so araa ma yenyaa dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 2,966 wɔ April 1985 mu. Yɛannya pii saa wɔ April 1986 mu efisɛ na wɔn a anka wɔyɛ akwampaefo aboafo no mu pii abɛyɛ daa akwampaefo. Ɛno mpo, nnipa a wɔboro 2,600 de wɔn ho hyeem a ɛyɛ akwampaefo aboafo dodow a ɛsen biara a ɛto so abien.
3 Wɔ pii fam no, akwampaefo boafo adwuma abɛyɛ nea wogyina so du hokwan afoforo te sɛ daa akwampae anaa Betel som adwuma ho. Nanso sɛ tebea a wowom mprempren no mma wuntumi mfa wo ho nhyɛ ɔsom adwuma afoforo no mu a, so worempɛ sɛ wubenya anigye a pii renya nnɛ sɛ akwampaefo aboafo no bi?
PII ATUMI AYƐ
4 So woyɛ ɔwofo a wo mma da so ara wɔ fie? So ɛsɛ sɛ wode wo bere nyinaa yɛ honam fam adwuma na ama woatumi ahwɛ wo ho ne w’abusua? So woyɛ obi a wanyin anaasɛ obi a onni nipadua mu ahoɔden pii? Mfa ntɛmpɛ nka sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ akwampaefo boafo de, nanso worentumi nyɛ mprempren. Sɛ wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ anyɛ yiye koraa no wobɛyɛ akwampae adwuma ɔsram biako anaa abien a, ebia ɔkwan no bebue ama wo.
5 Ebia nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no bɛyɛ biribi a ɛyɛ den ma wo, nanso sɛ wususuw ho sɛ, sɛ wɔkyekyem a ɛyɛ nnɔnhwerew 2 pɛ da biara a ɛma wunya bere a aka no de di nneɛma afoforo a ɛho hia ho dwuma a, nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no renyɛ nea ɛyɛ den biara. So wutumi de bere bi yɛ asɛnka adwuma da biara wɔ bere pɔtee bi mu?
6 Yɛsrɛ wo susuw nea asafo ahorow bi ayɛ de ahyɛ akwampaefo boafo adwuma ho nkuran ne nea ɛyɛ anigye a afi wɔn mmɔdenbɔ no mu aba no ho. Wɔ asafo bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ adawurubɔfo no fã yɛɛ akwampaefo boafo adwuma, na mpanyimfo baasa ne asafo mu asomfo baasa ka ho. Ade biako a ɛboa maa pii bɛyɛɛ bi ne akwampae adwuma a wosii so dua asram pii ansa na April reba no. Wɔmaa obiara a ɔwɔ asafo no mu hui sɛ April yɛ ɔsram a wɔde yɛ akwampae adwuma. Nnipa 28 de wɔn ho hyeem. Ná wɔn mu bɛboro fã yɛ awarefo. Na awarefo bi wɔ mma baanum na na foforo nso wɔ asia, nanso esiane nhyehyɛe a nti wotumi dii wɔn abusua asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye na wonyaa nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no nso. Ná wɔn mu baason wɔ honam fam adwuma a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ a egye wɔn nnɔnhwerew 40 kosi 50 dapɛn biara. Onua biako a na mfiase no osuro sɛ ɔbɛyɛ no kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw koraa sen sɛnea na misusuw sɛ ɛte no. Nea egye ara ne nhyehyɛe pa.”
7 Ɔpanyin bi a ɔwɔ United States kesee fam kyerɛwee sɛ n’asafo mufo 29 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma. Bere a wɔbobɔɔ wɔn a wɔayɛ bi no din no, ɛhyɛɛ afoforo nso nkuran ma wɔyɛɛ bi. Sɛ wokan daa ɔkwampaefo biako a ɔwɔ hɔ no ka 29 no ho a, na wɔyɛ anuanom mmarima 10 ne mmea 20. Ná wɔadi fi mfe 18 kosi 71.
W’ANKASA MFASO HOROW
8 Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔyɛ akwampaefo boafo adwuma nea edi kan no de anigye ka sɛnea n’ankasa anya asɛnka adwuma a wayɛ no kɛse no mu mfaso ho asɛm. Ebinom ka sɛ wɔte nka sɛ wɔabɛn Yehowa kɛse, wɔanya adwuma no mu anigye kɛse, wɔanya ahotoso kɛse wɔ apon ano, ne osuahu ahorow a sɛ ɛnyɛ eyi a anka wɔrennya.
9 Ɛwom sɛ na onuawa bi wɔ mma baanum, ɔyɛ honam fam adwuma a ne kunu mmɔɔ asu de, nanso otumi yɛɛ akwampaefo boafo adwuma. Ɔkwan bɛn so na onyaa mu mfaso? Ne kunu boaa no, na esiane ne nhwɛso pa no nti, ɛhyɛɛ ne kunu den ma ofii asɛnka ase ɔsram a edi hɔ no. Onuawa foforo a na waka dedaw sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo kyerɛw bɛkae sɛ n’adwumawura atwe asan wɔ ka a ɔkae sɛ ɔbɛma no bere bi a ɔremfa nyɛ adwuma no mu. Enti onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ogyae adwuma no, sɛ wannya bere a ohia no a. Ɔka kyerɛɛ n’adwumawura no sɛ anka obetumi aka sɛ ɔyare te sɛ nea afoforo yɛ no, nanso ɔrenyɛ saa efisɛ ɛnyɛ nokwaredi. Ɔpenee so sɛ ɔbɛma no bere a ohia no. Mfaso bɛn na onyae? Nna kakraa a ɔde yɛɛ akwampaefo boafo adwuma no boa hyɛɛ ne ho a ɔde to Yehowa so no mu den. Ɔkae sɛ: “Minnwen sikasɛm ho kɛse te sɛ nea na meyɛ no. Ná ɛsɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ me ma mede me ho to no so.”
10 Onua bi a ɔyɛ obubuafo kyerɛw brɛɛ Asafo ti no wɔ sɛnea ɔne ne yere atumi ayɛ akwampaefo aboafo no ho. Ɔkae sɛ: “Meyɛ obubuafo, enti bere kakraa bi na mitumi de kɔ da biara, enti nnɔnhwerew 60 ɔsram biara yɛ nea eye ma me. Yefii ase September 1 na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛtra mu. Yɛrenya nhyira pii, na nea edi kan fi bere a yɛne asafo no fii ase yɛɛ adwuma no, yɛte nka sɛ yetumi yɛ biribi wɔ asasesin no mu.” Eyi yɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe yɛ akwampaefo boafo adwuma nsɛm a wɔka no ho nhwɛso kakraa bi pɛ.
WOBƐSƆ AHWƐ?
11 So woyɛ adawurubɔfo pii a wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo nanso wɔka sɛ wɔn nsɛm tebea remma wɔn kwan mma wɔnnyɛ no daa no mu biako? Ná wo ho adwene wɔ Asafo ti no tirim bere a wɔyɛɛ akwampaefo boafo nhyehyɛe no. Yehowa nhyira ne nhyehyɛe pa a wobɛyɛ ho hia, nanso wubetumi anya awerɛhyem sɛ honhom mu onyin ne anigye a wubenya no bɛma ayɛ nea ɛfata kɛse. (Neh. 8:10) Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe pa mprempren ara na wonyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ April ne May mu? Wɔ ebinom fam no, ebia May bɛyɛ ɔsram a eye ma akwampae adwuma efisɛ ɛwɔ adapɛn awiei anum afe yi.
12 Kae sɛ, sɛ wubetumi ayɛ a, nhyehyɛe pa ho hia. Eyi da adi wɔ wɔn a wɔwɔ abusua asɛyɛde ahorow, wɔyɛ honam fam adwuma, na wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow nanso wotumi yɛɛ akwampaefo boafo adwuma osuahu ahorow no mu. Obiara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Dɛn nti na mepɛ sɛ meyɛ akwampae adwuma? Mɛyɛ dɛn adu me botae no ho?’ Otwa adwuma no mmaa awiei ara ɛ, na wɔ mmeae pii no, ‘ɛdɔɔso’ ampa.—Mat. 9:37, 38; Yoh. 4:35.
13 Eyi yɛ bere ka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa de yere wɔn ho yɛ adwuma kɛse. So worentumi nyi ɔsram biako anaa abien nsi hɔ afe biara mfa nyɛ adwuma kɛse wɔ akwampaefo boafo adwuma no mu? (Efe. 5:16) Yɛn nuanom mpem ɔhaha pii asɔ ahwɛ dedaw. Wo nso wubetumi ayɛ bi anaa?