Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Feb. 1
“Wususuw sɛ sɛ obiara de asɛm yi di dwuma a, anka yɛn ho rentɔ yɛn wɔ mpɔtam ha? [Kenkan Efesofo 4:25. Afei twɛn ma ommua.] Nnipa pii susuw sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wobedi atoro wɔ nneɛma bi mu. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛka nokware bere nyinaa no mu.”
Awake! Feb.
“Wɔ mmeae bi no, ɛte sɛ nea nnipa resesa wɔn adwene wɔ nyamesom ho. Wususuw sɛ asɔre ahorow no nkyerɛkyerɛ ntumi nnya wɔn so tumi bio? [Twɛn ma ommua.] Ɔsomafo Paulo nsɛm yi kyerɛ nea enti a ebinom ani nnye nyamesom ho bio no. [Kenkan Asomafo Nnwuma 20:29, 30.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka fa nea ɛbɛba Kristosom so daakye ho.”
Ɔwɛn-Aban Feb. 15
“Ebinom susuw sɛ nnipa resɛe asase no. So ɛno haw wo? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam yi nsow. [Kenkan Adiyisɛm 11:18.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea ɛma asase yi da nsow no mu. Ɛsan nso ma yehu nea Bible ka wɔ nea asase bɛyɛ daakye ho.”
Awake! Feb.
“Wususuw sɛ eyi nti na ɔhaw pii wɔ wiase saa no? [Kenkan 1 Yohane 5:19. Afei twɛn ma omua.] Asɛm yi ma yehu onii a Bible ka sɛ ɔyɛ ‘ɔbɔnefo no’ ne sɛnea yebetumi akwati ne nkɛntɛnso bɔne no.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no kyerɛ no.