Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Feb. 1
“Sɛ mmusua de afotu yi yɛ adwuma a, mfaso bɛn na wususuw sɛ wobenya? [Kenkan Efesofo 4:31. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de Bible mu nyansahyɛ a ɛbɛboa awarefo ma wɔasiesie aware mu akasakasa na wɔakɔ so anya anigye ma.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.
Awake! Feb.
“Ebinom susuw sɛ Onyankopɔn kyerɛw bɔne biara a yɛyɛ to hɔ. Afoforo nso te nka sɛ, ɔde bɔne biara firi, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ bɔne a emu yɛ duru no. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma abiɛsa a ɛwɔ Bible mu a sɛ obi yɛ a, Onyankopɔn behu no mmɔbɔ ho asɛm.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban Mar. 1
“Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ Bible mu asɛm yi a nnipa dodow no ara nim no ho. [Kenkan Yohane 3:16.] So woadwen sɛnea onipa baako wu betumi ama afoforo anya daa nkwa no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya Yesu wu so mfaso mu fann.”
Awake! Mar.
“Wususuw sɛ ɔsom nyinaa ye? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible ka fa ebinom som ho. [Kenkan Marko 7:7.] Ɛbɛyɛ dɛn na obi ahu sɛ ɔsom bi nkyerɛkyerɛ yɛ nokware na ɛnyɛ ‘nnipa ahyɛde’? So obi betumi ahu ɔsom a ne nkyerɛkyerɛ yɛ nokware mpo? Nsɛmma nhoma yi bua saa nsɛmmisa yi.”