Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Jan. 1
“Wugye asɛm a Bible ka wɔ ha yi tom? [Kenkan Yakobo 3:2.] Asɛm yi ma yenya Bible mu nyansahyɛ a ɛremma yɛnka asɛm a ɛbɛhaw yɛn abusua mufo.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
Awake! Jan.
“Ɔhaw wɔ aware biara mu. Ɛhe na wususuw sɛ awarefo benya afotu a ɛbɛboa wɔn? [Twɛn ma ommua.] Tie akwankyerɛ pa a ɛwɔ ha yi. [Kenkan Efesofo 5:22, 25.] Asɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyere brɛ ne ho ase ma ne kunu mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 28 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban Feb. 1
“Ɔhaw pii a yehyia nnɛ nyinaa akyi no, wususuw sɛ yebetumi anya asomdwoe ankasa? [Twɛn ma ommua.] Ebinom asusuw daakye ho anidaso a ɛwɔ Bible mu ho ma aboa wɔn. [Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔde emu asɛm aba anaa wɔatwe adwene asi so wɔ asɛm no mu biako.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ nea ɛyɛe a yɛbae, nea enti a yɛte ase, ne nea ɛbɛba daakye ho.”
Awake! Feb.
“Esiane sɛ nsɛmmɔnedi adɔɔso nti, ehu aka nnipa pii. Wususuw sɛ nneɛma bɛyɛ yiye da bi? [Twɛn ma ommua.] Tie Bible mu nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi. [Kenkan Dwom 37:10.] Nsɛmma nhoma yi ka nea ɛde nsɛmmɔnedi ba ne sɛnea Bible kyerɛ sɛ wobeyi afi hɔ ho asɛm.”