Nkaedi Ho Nsato Krataa a Wɔbɛkyekyɛ wɔ Wiase Nyinaa!
1. Ɔsatu titiriw bɛn na yɛbɛyɛ wɔ wiase nyinaa ansa na Nkaedi no adu so?
1 “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Luka 22:19) Nea ɛbɛyɛ na yɛadi Yesu ahyɛde yi so no, Yehowa asomfo ne wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nyinaa bɛyɛ nhyiam de akae Yesu wu no March 30, 2010. Yɛbɛkyekyɛ Nkaedi ho nsato krataa titiriw bi wɔ wiase nyinaa fi March 13 kosi March 30.
2. Ɔkwan bɛn so na yɛde nsato krataa no bɛma?
2 Sɛnea Wode Krataa no Bɛma: Wubetumi de krataa no ama ofiewura no ma wahwɛ mfonini a ɛwɔ akyi no, na woaka sɛ: “March 30 anwummere, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam akae Yesu wu no. Mede krataa yi reto nsa afrɛ wo ne w’abusua sɛ mommra bi. Wo nnamfo nso betumi aba bi. Mesrɛ wo, hyɛ bere ne beae a wɔbɛyɛ Nkaedi no wɔ mpɔtam ha no nsow.” Sɛ tebea no fata a, wubetumi akenkan Luka 22:19 afi Bible no mu de Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi akyerɛ no. Nanso kae sɛ, esiane sɛ bere a yɛde bɛkyekyɛ nsato krataa no sua nti, ɛnsɛ sɛ yɛkasa pii.
3. Henanom na yebetumi ato nsa afrɛ wɔn?
3 Sɛ mo asafo no asasesin sõ a, mpanyimfo no betumi de akwankyerɛ ama sɛ munnyaw krataa no bi wɔ afie a moanto obiara wɔ hɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mubetumi de nsɛmma nhoma aka nsato krataa no ho de ama. Bɔ mmɔden to nsa frɛ wɔn a wobɛsan akɔsra wɔn, wo Bible asuafo, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, wo mfɛfo sukuufo, w’abusuafo, w’afipamfo ne amannifo nyinaa.
4. Agyede a Yehowa fi ɔdɔ mu de ama yɛn no ho anisɔ bɛka yɛn ma yɛayɛ dɛn?
4 Siesie Wo Ho sɛ Wode Wo Ho Bɛhyɛ mu Bi: Nkaedi yɛ bere pa a yebetumi atrɛw yɛn som adwuma no mu. So wubetumi ahyehyɛ wo bere yiye na woayɛ akwampaefo boafo? Wowɔ mma anaa Bible asuafo a wɔrenya honhom mu nkɔso? Sɛ saa a, ka kyerɛ mpanyimfo no na wɔnhwɛ sɛ wobetumi afata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu, na wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsatu foforo yi mu anaa. Agyede a Yehowa fi ɔdɔ mu de ama yɛn no ho anisɔ nti, ɛnyɛ Nkaedi no ase nko na yɛbɛkɔ, na mmom yɛbɛto nsa afrɛ nnipa pii ma wɔn nso aba bi.—Yoh. 3:16.