Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa no March 22
Afe yi, yebefi ase akyekyɛ Nkaedi nsato krataa no Memeneda, March 22. Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nhyem. Sɛ edu dapɛn awiei na yɛrekyekyɛ nsato krataa no a, yebetumi nso de nsɛmma nhoma a aba foforo no bi ama. Memeneda a edi kan wɔ April mu no, yɛde yɛn adwene besi nsato krataa no kyekyɛ so kɛse sen sɛ yebefi Bible adesua ase. Nanso, sɛ yehyia obi na ɔkyerɛ asɛm no ho anigye paa a, yebetumi ne no afi Bible adesua ase. Ɔsom adwuma sohwɛfo no hwɛ na sɛ baguam adansedi betumi aboa ama wɔakyekyɛ nsato krataa no ama nnipa pii wɔ asasesin no mu a, obetumi ayɛ ho nhyehyɛe. Fi ase kyerɛw abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, amannifo ne wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, ne obiara a wopɛ sɛ woto nsa frɛ no no din to hɔ, na sɛ yefi ase kyekyɛ nsato krataa no a, woakɔma wɔn bi. Yɛrehwɛ kwan sɛ nnipa bebree bɛba abɛka yɛn ho ma yɛakae ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ne ne ba Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no.—Yoh. 3:16; 15:13.