Ɔsatu a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no ho Dawuru no Befi Ase March 17
1. Ɔsatu bɛn na yebefi ase March 17?
1 Nkaedi no ho fã a yɛhyɛ no afe biara no ma yɛbɔ Yesu wu no ho dawuru. (1 Kor. 11:26) Enti, yɛpɛ sɛ yɛne afoforo kɔ kotie sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu ama yɛn akyɛde a ɛne agyede no ho asɛm. (Yoh. 3:16) Afe yi, ɔsatu a yɛde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase no befi ase Memeneda, March 17. So worehwɛ kwan sɛ wobɛyɛ pii wɔ ɔsatu no mu?
2. Sɛ yɛde nsato krataa no rema a, dɛn na yebetumi aka?
2 Nea Yebetumi Aka: Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛka asɛm tiawa bi. Yebetumi aka sɛ: “Mikyia wo. Yɛaba sɛ yɛrebɛto nsa afrɛ wo ne w’abusua akɔ afahyɛ bi a ɛho hia a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ April 5 no ase. Wɔbɛma ɔkasa a egyina Bible so a ɛkyerɛkyerɛ nea Yesu wu no ayɛ ne nea ɔreyɛ seesei no mu a wontua hwee. Nsato krataa yi kyerɛ bere ne beae a yɛbɛyɛ nhyiam no wɔ yɛn mpɔtam ha.” Sɛ yɛrekyekyɛ nsato krataa no wɔ dapɛn awiei a, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma nso ma wɔ beae a ɛfata.
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ato nsa afrɛ nnipa pii sɛnea yebetumi?
3 To Nsa Frɛ Nnipa Pii Sɛnea Wubetumi: Yɛn botae ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nnipa pii sɛnea yebetumi. Enti hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ wo Bible asuafo, wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ, w’abusuafo, wo mfɛfo adwumayɛfo, wo mfɛfo sukuufo, w’afipamfo ne amannifo afoforo. Mo asafo mu mpanyimfo de sɛnea mode nsato krataa no bɛyɛ adwuma wɔ mo asasesin no mu ho akwankyerɛ bɛma mo. Ɔsatu a yɛyɛ no afe biara de to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no ase no sow aba. Bere a ɔbea bi kɔɔ beae bi a na wɔreyɛ Nkaedi no wɔ afe a etwaam no mu no, wɔn a wogye ahɔho no mu biako kae sɛ ɔbɛboa no ma wahu ɔdawurubɔfo a ɔtoo nsa frɛɛ no no. Nanso, ɔbea no kae sɛ onnim obiara wɔ hɔ na obi a ɔrekɔ afie afie saa da no na ɔtoo nsa frɛɛ no.
4. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nsi kyekyɛ nsato nkrataa no bi?
4 Ebia krataa a wode maa obi nti, ɔbɛba mo Nkaedi no ase. Sɛ́ ebia obi a wobɛto nsa afrɛ no bɛba anaa ɔremma no, mmɔden kɛse a wobɛbɔ no bɛyɛ adansedi ama no. Nsato nkrataa a wobɛkyekyɛ no bɛda no adi sɛ seesei Yesu yɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi. Nsi a wode bɛkyekyɛ nsato krataa no bɛma obiara—w’asasesin no mufo, wo mfɛfo adawurubɔfo, ne nea ɛsen biara no, Yehowa—ahu sɛ w’ani sɔ akyɛde a ɛne agyede no yiye.—Kol. 3:15.