Yebefi Ase Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa no April 2
1. Bere bɛn na yɛbɛkyekyɛ Nkaedi nsato krataa no afe yi, na mfaso bɛn na ɛwɔ nsato a yɛyɛ no afe afe yi so?
1 Efi April 2 kosi April 17 no, yɛbɛkyekyɛ krataa de ato nsa afrɛ nkurɔfo ma wɔaba adeyɛ a ɛho hia paa wɔ afe no mu—Kristo wu ho Nkaedi no bi. Mfe a atwam no, anigyefo pii agye nsato a yɛyɛ no afe afe no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Nkaedi da no ɔbea bi frɛɛ Betel kae sɛ: “Mibeduu fie ara ni, na mahu sɛ nsato krataa bi hyɛ me pon ase. Mepɛ sɛ mekɔ bi, nanso mintumi nhu bere a wɔbɛyɛ no.” Onuabarima no kyerɛɛ no baabi a obehu bere no wɔ nsato krataa no so. Bere a ɔbea no de n’asɛm reba awiei no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ, “Mɛkɔ mo afahyɛ no bi anwummere yi!”
2. Asɛm bɛn na yebetumi aka de nsato krataa no ama?
2 Sɛnea Yɛbɛyɛ No: Esiane sɛ bere a yɛde bɛkyekyɛ wɔ yɛn asasesin no mu sua nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma yɛn asɛm yɛ tiawa. Yebetumi aka sɛ: “Mikyia wo. Yɛpɛ sɛ yɛde krataa yi to nsa frɛ w’abusua no ba afe afe afahyɛ titiriw a wɔbɛyɛ no wiase afanan nyinaa wɔ Kwasida, April 17 no. [Fa nsato krataa no ma ofiewura no.] Saa da yi na wɔbɛhyɛ Yesu wu no ho fã. Wɔbɛma Bible mu ɔkasa de akyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya Kristo agyede no so mfaso mu. Worentua hwee. Address ne baabi a wɔbɛyɛ nhyiam yi wɔ yɛn mpɔtam ha no wɔ krataa yi so.”
3. Yɛbɛyɛ dɛn ato nsa afrɛ nnipa pii sɛnea yebetumi?
3 Sɛ mo asafo no asasesin sõ a, mpanyimfo no betumi de akwankyerɛ ama sɛ munnyaw krataa no bi wɔ afie a moanto obiara wɔ hɔ no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mubetumi de ahyɛ baabi a ɛrentwetwe afoforo adwene. Mommɔ mmɔden sɛ mobɛto nsa afrɛ wɔn a mobɛsan akɔsra wɔn, mo abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, ne amannifo nyinaa. Sɛ morekyekyɛ nsato krataa no wɔ dapɛn awiei na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mubetumi de nsɛmma nhoma aka ho de ama. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ April mu na ama woatumi akyekyɛ pii wɔ ɔsatu a ɛyɛ anigye yi mu anaa?
4. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ anigyefo ba Nkaedi no?
4 Hwɛ sɛnea eyi bedi anigyefo a wɔbɛba no adanse kɛse! Wɔbɛte ɔdɔ kɛse a Yehowa nam agyede no so ada no adi no ho asɛm. (Yoh. 3:16) Wobehu sɛnea adesamma benya Onyankopɔn Ahenni no so mfaso. (Yes. 65:21-23) Afei nso, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔpɛ sɛ wosua Bible no na wohu pii a, wɔnka ho asɛm nkyerɛ wɔn a wogye ahɔho no. Yɛn mpaebɔ ne sɛ nnipa komapafo pii begye nsato yi so na wɔabɛka yɛn ho wɔ Nkaedi yi ase!