Ɔsatu a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no Ho Dawuru Befi Ase March 1
1. Bere bɛn na yebefi ase ayɛ ɔsatu a yɛde bɔ Nkaedi no ho dawuru, na dɛn nti na yebefi ase ntɛm wɔ afe yi mu?
1 Efi Fida March 1 no, yebefi ase ayɛ ɔsatu a yɛyɛ no afe biara de to nsa frɛ nkurɔfo bɛka yɛn ho ma yɛyɛ Nkaedi no. Wɔbɛyɛ Nkaedi no March 26, na eyi kyerɛ sɛ ɔsatu no befi ase ntɛm asen mfe a atwam no. Eyi bɛma nkurɔfo pii atumi anya nsato krataa no bi, titiriw bere a wɔte beae bi a ɛwɔ asafo a n’asasesin sõ mu no.
2. Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ na ama yɛanya nsato krataa no bi, na yɛayɛ asasesin no nyinaa mu adwuma?
2 Ahosiesie a Yɛbɛyɛ: Asafo mu mpanyimfo no de sɛnea yɛbɛyɛ asasesin no nyinaa mu adwuma ne sɛnea yɛbɛkyekyɛ nsato krataa no wɔ afie a yɛnto obiara wom no ho akwankyerɛ bɛma. Sɛ yɛkyekyɛ nsato krataa no wɔ afie a ɛwɔ asasesin no mu wie na sɛ ebi ka a, yebetumi akyekyɛ bere a yɛreyɛ baguam adansedi. Ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛhwɛ ma wɔde nsato krataa no agu beae a wogye nsɛmma nhoma no, nanso wɔremfa ne nyinaa nngu hɔ bere koro mu. Ɛsɛ sɛ yɛfa dodow a yebehia wɔ nnawɔtwe no mu nkutoo.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu bere a yɛrekyekyɛ nsato krataa no?
3 Dɛn na Yɛbɛka? Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma yɛn nsɛm yɛ tiawa na ama yɛatumi akɔ nnipa pii nkyɛn. Wɔde nsɛm a yebetumi aka aba kratafa 4 na yebetumi adannan mu ma afata yɛn asasesin no. Nanso, sɛ ofiewura bi ani gye asɛm no ho anaa ɔwɔ nsɛmmisa bi a, ɛho renhia sɛ yɛde ahopere fi hɔ. Sɛ ɛho behia a, yebetumi de nsɛmma nhoma ama bere a yɛrekyekyɛ nsato krataa no wɔ dapɛn awiei. Wɔ March 2 mu no, yɛde yɛn adwene besi nsato krataa no kyekyɛ so mmom sen sɛ yebefi Bible adesua ase.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ ɔsatu no bi?
4 Yɛwɔ anidaso sɛ nnipa pii bɛba abɛka yɛn ho wɔ Nkaedi no ase. Ɔkasa a wɔbɛma no bɛkyerɛkyerɛ onipa ko ankasa a Yesu yɛ mu. (1 Kor. 11:26) Ebesi sɛnea yenya ne wu no so mfaso so dua. (Rom. 6:23) Na ɛbɛtwe adwene asi nea enti a ɛho hia sɛ yɛkae no no so. (Yoh. 17:3) Momma yɛmfa nsi nyɛ ɔsatu no bi!