Nsɛm a Yebetumi Aka
De Akyekyɛ Nkaedi Nsato Krataa No
“Yɛaba sɛ yɛrebɛto nsa afrɛ wo ne w’abusua akɔ afahyɛ bi a ɛho hia a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa wɔ March 26 no ase. Saa da no na yɛbɛhyɛ Yesu wu no ho fã. Wɔbɛma ɔkasa a egyina Bible so a ɛkyerɛkyerɛ mfaso a Yesu wu no ma yenya no mu a wontua hwee. Nsato krataa yi kyerɛ bere ne beae a yɛbɛyɛ nhyiam no wɔ yɛn mpɔtam ha.”
The Watchtower March 1
“Ebinom bisa sɛ, ‘Yɛyɛ dɛn hu paa sɛ wonyan Yesu fii awufo mu?’ So woasusuw ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea enti a ɛho hia sɛ wunya ho mmuae no nsow. [Kenkan 1 Korintofo 15:14.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea ɛma yehu sɛ Yesu wusɔre no nyɛ nnaadaasɛm no mu.”
Awake! March
“Wunnye ntom sɛ aware ne abawo nna fam saa bere yi? [Twɛn ma ommua.] Awofo pii anya afotu pa afi Bible mu. Sɛ nhwɛso no, asɛm a ɛwɔ ha yi aboa agyanom ma wɔahwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akamfo wɔn mma na ama mmofra no anya ahotoso kɛse. [Kenkan Kolosefo 3:21.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma titiriw anum a ɛbɛboa agyanom ho asɛm.”