Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Nkaedi Nsato Krataa
“Yɛrekyekyɛ krataa yi de ato nsa afrɛ nkurɔfoɔ aba dwumadi titiriw bi ase. Ɛdu April 3 a, nnipa ɔpepem pii bɛhyia wɔ wiase nyinaa akae Yesu Kristo wuo no na wɔatie Bible kasa. Ɔkasa no bɛma yɛahu mfaso a yɛnya fi Yesu wuo no so. Wohwɛ krataa yi so a, wobɛhu bere a yɛde bɛyɛ ne baabi a yɛbɛhyiam.”
Ɔwɛn-Aban March 1
“April 3 yɛ da a nnipa a wɔwɔ yɛn mpɔtam ha pii bɛhyia akae Yesu Kristo wuo no. Nanso ebinom nnye nni sɛ Yesu wuo no yɛ biribi titiriw biara. Wo nso ɛ, w’adwene yɛ wo sɛn? Wogye di sɛ Yesu wuo ne ne wusɔreɛ no so wɔ mfaso ma yɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Hwɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka. [Kenkan 1 Korintofoɔ 15:22, 26.] Nsɛmma nwoma yi ma yɛhu mfaso a Yesu agyede no bɛma yɛanya daakye. Ɛne sɛ da bi bɛba a, yɛnte owuo nka bio wɔ asase so.”
Nyan! March
“Yɛresrasra nnipa a wɔwɔ mpɔtam ha de Nyan! a aba foforɔ yi akyerɛ wɔn. [Fa anim hɔ kyerɛ no.] Hwɛ asɛmmisa a edi kan no: ‘Onyankopɔn wɔ hɔ?’ Ɛsono adwene a obiara kura wɔ asɛm yi ho. Ebinom se Onyankopɔn wɔ hɔ, afoforɔ nso nnye nni sɛ ɔwɔ hɔ. Sɛ wohwɛ kuw mmienu yi a, ɛhefo na wɔwɔ anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yie daakye? [Twɛn ma ɔmmua.] Onyankopɔn bɔhyɛ yi ma nnipa pii nya anidaso. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Wonim nea enti a ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ mu hwɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ ɔnni hɔ? Nsɛmma nwoma yi bɛma woahu nneɛma nnan nti a ɛhia sɛ woyɛ saa.”