Lidia—Onyankopɔn Somfo a Ɔpɛ Ahɔhoyɛ
EFI tete mmere mu no, Onyankopɔn nokware asomfo ada nsow esiane wɔn ahɔhoyɛ nti. (Genesis 18:1-8; 19:1-3) Sɛ́ su a wɔkyerɛ ase sɛ “ɔdɔ, anigye, anaa ayamye a woyi kyerɛ ahɔho” no, ahɔhoyɛ a efi koma mu no yɛ nokware Kristosom ho agyiraehyɛde nnɛ mpo. Nokwarem no, ɛyɛ ade a wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so nyinaa hɔ.—Hebrifo 13:2; 1 Petro 4:9.
Onipa biako a ɔdaa ahɔhoyɛ adi wɔ ɔkwan a ɛda nsow so ne Lidia. “Ɔhyɛɛ” Kristofo asɛmpatrɛwfo a na wɔrekɔsra Filipi no ma wɔtraa ne fie. (Asomafo no Nnwuma 16:15) Ɛwom sɛ wɔka Lidia ho asɛm kakraa bi pɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso asɛm kakraa bi a wɔka faa ne ho no betumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔkwan bɛn so? Ná hena ne Lidia? Dɛn na yenim wɔ ne ho?
“Ɔtɔn Ɔtankɔkɔɔ”
Ná Lidia te Filipi, a ɛyɛ Makedonia kurow kɛse no mu. Nanso, na ofi Tiatira kurow a ɛwɔ Lidia mantam a ɛwɔ Asia Kumaa atɔe fam no mu. Esiane eyi nti, na ebinom susuw sɛ “Lidia” yɛ mmran a wɔde maa no wɔ Filipi. Ɔkwan foforo so no, na ɔyɛ ‘Lidiani,’ te sɛ nea wotumi frɛɛ ɔbea no a Yesu Kristo dii no adanse no “Samariani bea” no. (Yohane 4:9) Ná Lidia tɔn “ɔtankɔkɔɔ” anaa nneɛma a wɔde saa aduru yi hyɛ. (Asomafo no Nnwuma 16:12, 14) Nsɛm a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu aka no di adanse sɛ na ɔtankɔkɔɔ atɔnfo wɔ Tiatira ne Filipi. Ebetumi aba sɛ na Lidia atu akɔ hɔ esiane n’adwuma nti, sɛ ɔrekɔyɛ n’ankasa adwuma anaa Tiatira ɔtankɔkɔɔ adwumakuw no nanmusifo.
Ná wotumi fa akwan horow so nya ɔtankɔkɔɔ aduru. Wonyaa nea na ne bo yɛ den sen biara no fii po mu adɔde mu. Sɛnea afeha a edi kan Romani ayɛsɛm kyerɛwfo Martial kyerɛ no, na atade a wɔde tankɔkɔɔ yɛ wɔ Tiro (beae foforo a na wɔyɛ ade yi bi) a eye sen biara no bo betumi adu sesterces 10,000, anaa denari 2,500, a na ɛbɛyɛ odwumayɛni nna 2,500 akatua. Ɛda adi pefee sɛ, na ɔtam a ɛte saa no bo yɛ den ma na nnipa kakraa bi pɛ na wobetumi atɔ. Enti ebetumi aba sɛ na Lidia di yiye wɔ sika fam. Sɛnea ɛte biara no, otumi yii ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ ɔsomafo Paulo ne n’ahokafo—Luka, Silas, Timoteo, ne ebia afoforo no.
Paulo Asɛnka Wɔ Filipi
Bɛyɛ afe 50 Y.B. mu no, Paulo kɔɔ Europa nea edi kan kofii asɛnka ase wɔ Filipi.a Sɛ na Paulo du kurow foforo bi mu a, na ɔtaa kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no kyerɛ Yudafo ne wɔn ahokafo a wohyia hɔ no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 13:4, 5, 13, 14; 14:1 ho.) Nanso, sɛnea ebinom kyerɛ no, Romafo mmara amma Yudafo kwan sɛ wɔbɛsom wɔ Filipi “mmeae akronkron” hɔ. Enti, bere a wodii “nna kakra” wɔ hɔ no, asɛmpatrɛwfo no kɔɔ asu bi ho wɔ kurow no akyi Homeda no, baabi a ‘wosusuwii sɛ wɔsɔre hɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 16:12, 13) Ɛda adi sɛ na eyi yɛ Asubɔnten Gangites. Mmea nkutoo na asɛmpatrɛwfo no huu wɔn wɔ hɔ, na na Lidia yɛn wɔn mu biako.
‘Obi a Ɔfɛre Nyankopɔn’
Ná Lidia yɛ ‘obi a ɔfɛre Nyankopɔn,’ nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ obi a wasakra kɔ Yudasom mu a ɔrehwehwɛ ɔsom mu nokware. Ɛwom sɛ na Lidia wɔ adwuma pa de, nanso na ɔnyɛ honam fam ade dodowpɛfo. Mmom no, na ogye bere ma honhom fam nneɛma. “Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no,” na Lidia gyee nokware no. Nokwarem no, “wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu.”—Asomafo no Nnwuma 16:14, 15.
Bible no nka nkurɔfo ko a na Lidia fifo a wɔaka no yɛ. Esiane sɛ ɛmmɔ ne kunu din nti, ebetumi aba sɛ na ɔyɛ ɔhokwafo anaa okunafo. Ebia na “ne fifo” no yɛ n’abusuafo, nanso asɛm no betumi akyerɛ nkoa anaa asomfo nso. Sɛnea na ɛte biara no, Lidia de nsi kaa nneɛma a wasua no ho asɛm kyerɛ wɔn a na wɔne no te no. Na hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ onyae bere a wogye dii na wogyee nokware no!
“Ɔhyɛɛ Yɛn”
Ansa na asɛmpatrɛwfo no rehyia Lidia no, ebetumi aba sɛ na wɔn ani sɔ dabere a wɔn ankasa abɔ ho ka anya no. Nanso n’ani gyei sɛ otumi maa wɔn dabere foforo. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhyɛɛ wɔn no kyerɛ sɛ na Paulo ne n’ahokafo no mpene so. Dɛn ntia? Ná Paulo pɛ sɛ ‘ɔka asɛmpa no a, ɔmfa akatua biara mmata ho, na wamfa ne hokwan a ɔwɔ wɔ asɛmpa no ho no anyɛ biribi,’ na wanyɛ adesoa amma obiara. (1 Korintofo 9:18; 2 Korintofo 12:14) Nanso Luka de ka ho sɛ: “Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtra me fi; na ɔhyɛɛ yɛn.” (Asomafo no Nnwuma 16:15) Ná Lidia dwen nokware a obedi Yehowa ho titiriw, na ɛda adi sɛ ahɔhoyɛ su a oyi kyerɛe no yɛ ne gyidi ho adanse. (Fa toto 1 Petro 4:9 ho.) Nhwɛso a ɛkyɛn so bɛn ara ni! So yɛn nso yɛde yɛn nneɛma boa ma asɛmpa no nya nkɔso?
Anuanom a Wɔwɔ Filipi
Bere a woyii Paulo ne Silas fii afiase wɔ wɔne abeawa a na ɔwɔ honhommɔne no asɛm no ho akyi no, wɔsan kɔɔ Lidia fie, baabi a wohuu anuanom bi. (Asomafo no Nnwuma 16:40) Ɛbɛyɛ sɛ na Lidia fie na agyidifo a na wɔwɔ Filipi asafo a wɔatew no foforo no hyia daa. Ɛyɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw sɛ na ne fie na wohyia daa di teokrase dwuma biara wɔ kurow no mu.
Ná ahɔhoyɛ su a ɛyɛ anigye a Lidia daa no adi mfiase no yɛ asafo mũ no su. Ɛmfa ho sɛ na wodi hia no, mmere pii na Filipifo no de nneɛma a Paulo hia kɔmaa no, na ɔsomafo no kyerɛɛ ho anisɔ.—2 Korintofo 8:1, 2; 11:9; Filipifo 4:10, 15, 16.
Paulo ammɔ Lidia din wɔ krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no wɔ bɛyɛ 60-61 Y.B. mu no mu. Kyerɛwnsɛm no nka nea ɛtoo no wɔ adeyɛ a wɔka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma ti 16 no akyi no. Nanso, ɔbea mmɔdenbɔfo yi ho asɛm kakra a wɔka no ma yenya ɔpɛ sɛ ‘yɛbɛbɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.’ (Romafo 12:13) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛwɔ Kristofo a wɔte sɛ Lidia wɔ yɛn mu! Honhom a wɔwɔ no boa kɛse ma asafo no yɛ baabi a anigye ne ayamye wɔ, na eyi hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ́ Makedonia nkurow atitiriw no mu biako no, ɛkame ayɛ sɛ na Filipi yɛ asraafo kurow a edi yiye a na jus italicum (Italia Mmara) na na edi so. Saa mmara yi maa Filipifo no nyaa hokwan ahorow te sɛ Roma ɔmamma no ara pɛ.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 12, 21.
[Kratafa 28 adaka]
Yudafo Asetra Wɔ Filipi
Ɛbɛyɛ sɛ na Filipi asetra nyɛ mmerɛw mma Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu no. Ebetumi aba sɛ na wɔwɔ Yudafo ho adwemmɔne, efisɛ bere tiaa bi ansa na Paulo rekɔ hɔ no, na Ɔhempɔn Klaudio apam Yudafo no afi Roma.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 18:2 ho.
Ne titiriw no, bere a Paulo ne Silas saa abeawa bi a na ɔwɔ akɔm honhom yare no, wɔde wɔn kɔmaa asafohene no. Ne wuranom a na afei wɔahwere ade a ɛma wɔn sika no sɛee wɔn man mufo adwene denam eyi a wɔkae so: “Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔretan yɛn kurow yi ani, na wɔkyerɛ amanne bi a yenni ho kwan sɛ yegye anaasɛ yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo.” Ɛno nti, wɔbɔɔ Paulo ne Silas mmaa de wɔn guu afiase. (Asomafo no Nnwuma 16:16-24; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wɔ tebea a ɛte saa mu no, na egye akokoduru na wɔasom Yehowa, Yudafo Nyankopɔn no, wɔ baguam. Nanso ɛda adi sɛ anhaw Lidia sɛ ɔbɛyɛ soronko.
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Amamfõ a ɛwɔ Filipi