Ti 17
Ɔkwan a Wobɛfa So Anya Anigye
YƐN nyinaa pɛ sɛ yɛn ani gye, ɛnte saa?— Nanso nnipa pii nni anigye ankasa. So wunim nea enti a ɛte saa?— Efisɛ wonhuu nea ɛde anigye ba no. Wosusuw sɛ nneɛma pii a wobenya no na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso sɛ wonya nneɛma yi a, wɔn anigye no ntra hɔ nkyɛ.
Ade titiriw a ɛde ba ni. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Enti, ɔkwan bɛn so na wobɛfa anya anigye?— Ɛne sɛ wobɛkyɛ afoforo nneɛma na woayɛ nneɛma ama wɔn. So na wunim saa?—
Ma yensusuw eyi ho nkɔ akyiri kakra. So Yesu kae sɛ obi a ogye akyɛde no ani rennye?— Dabi, wanka saa. Sɛ wɔkyɛ wo ade a, wompɛ?— Obiara pɛ. Sɛ yenya nneɛma a ɛyɛ fɛ a, yɛn ani gye.
Nanso Yesu kae sɛ sɛ yɛma afoforo ade a, yenya anigye pii. Ɛnde hena na wobɛka sɛ wama nkurɔfo nneɛma pii sen obiara?— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn.
Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘ma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.’ Ɔma osu tɔ fi soro na owia nso bɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a nnɔbae benyin na ama yɛanya aduan adi. (Asomafo no Nnwuma 14:17; 17:25) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible frɛ Yehowa sɛ ‘anigye Nyankopɔn’ no! (1 Timoteo 1:11) Nneɛma a ɛma Onyankopɔn ani gye no mu biako ne sɛ ɔbɛkyɛ afoforo ade. Nanso sɛ yɛkyɛ afoforo ade a, ebetumi ama yɛn nso yɛn ani agye.
Ɛnde afei, dɛn na yebetumi de akyɛ afoforo? Dɛn na wobɛka?— Ɛtɔ mmere bi a, yɛsɛe sika wɔ akyɛde bi ho. Sɛ ɛyɛ akyɛde a efi sotɔɔ bi mu a, ɛsɛ sɛ wutua ho ka. Enti sɛ wopɛ sɛ wode biribi a ɛte saa kyɛ a, ɛsɛ sɛ woboaboa sika ano kosi sɛ wubenya nea ɛbɛso akyɛde no ho ka no.
Nanso ɛnyɛ akyɛde nyinaa na ɛsɛ sɛ yɛtɔ fi sotɔɔ mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ owia bɔ paa ma wim yɛ hyew a, nsuonwini kuruwa ma dwudwo koma paa. Enti sɛ wode akyɛde a ɛte saa ma obi a sukɔm de no a, wubetumi anya anigye a efi adekyɛ mu ba no bi.
Ebia da bi wo ne wo maame bɛtõ paanoo. Ɛno betumi ayɛ anigye. Nanso dɛn na wubetumi de paanoo yi bi ayɛ a ebetumi ama w’ani agye sen sɛ wo nkutoo bedi ne nyinaa?— Wubetumi akyekyere bi de akɔkyɛ w’adamfo bi. So wobɛpɛ sɛ woyɛ saa bere bi anaa?—
Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ne n’asuafo no nyinaa nim anigye a efi adekyɛ mu ba no. So wunim nea wɔde maa afoforo?— Ɛyɛ ade a ɛsom bo sen biara wɔ wiase! Ná wonim nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no, na wɔde anigye kaa asɛmpa yi kyerɛɛ afoforo. Wɔyɛɛ eyi a wɔamma obiara antua ho sika amma wɔn.
Bere bi ɔsomafo Paulo ne n’adamfo pa, osuani Luka, hyiaa ɔbea bi a na ɔno nso pɛ sɛ onya adekyɛ mu anigye no bi. Wohyiaa no asubɔnten bi ho. Paulo ne Luka kɔɔ hɔ esiane sɛ na wɔate sɛ ɛhɔ yɛ beae a wɔbɔ mpae nti. Na ampa ara, bere a woduu hɔ no, wohyiaa mmea bi a na wɔrebɔ mpae.
Paulo fii ase kaa Yehowa Nyankopɔn ne N’ahenni ho asɛm kyerɛɛ mmea yi. Wɔfrɛ wɔn mu biako Lidia, na ɔyɛɛ aso tiee yiye. Ɛno akyi no, Lidia pɛe sɛ ɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ n’ani agye asɛmpa a na wate no ho yiye. Enti ɔka kyerɛɛ Paulo ne Luka sɛ: ‘Sɛ moabu me sɛ migye Yehowa di nokwarem a, mommra mmɛtra me fie.’ Na ɔhyɛɛ wɔn ma wɔbaa ne fie.—Asomafo no Nnwuma 16:13-15.
Lidia ani gyei sɛ onyaa Onyankopɔn asomfo yi wɔ ne fie. Ɔdɔɔ wɔn efisɛ wɔboaa no ma osuaa Yehowa ne Yesu, ne sɛnea nnipa betumi atra ase daa ho ade. N’ani gyei sɛ otumi maa Paulo ne Luka aduan dii nyaa baabi a wɔbɛda. Enti ade a Lidia de kyɛe no ma onyaa anigye efisɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyɛ ade ankasa. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛkae. Ebia obi bɛka akyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛkyɛ ade. Nanso sɛ yenni ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ a, ade a yɛde bɛkyɛ no remma yɛn ani nnye.
Sɛ nhwɛso no, sɛ wunya tɔfe bi a wopɛ sɛ wudi nso ɛ? Sɛ meka kyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ woma abofra foforo bi a, so w’ani begye sɛ wode bɛma?— Na sɛ ɛba sɛ bere a wuhyiaa w’adamfo bi a wopɛ n’asɛm yiye no, na wukura tɔfe nso ɛ? Sɛ w’ankasa na wunyaa adwene sɛ wobɛma w’adamfo no tɔfe no bi a, so anka ɛremma w’ani nnye?—
Ɛtɔ mmere bi a na yɛdɔ obi araa ma enti yɛpɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa ma no, a ɛnka bi. Bere a Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse no, saa na ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ Ne ho.
Ná Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nim ɔbea bi a ɔte nka saa. Ohuu no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Ná ne sika yɛ nkaprɛmma abien pɛ; na nea ɔwɔ nyinaa ne no. Nanso ɔde ne nyinaa guu adaka mu sɛ asɔrefie ntoboa anaa akyɛde. Ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara anhu nea na wayɛ no mpo. Ɔyɛe efisɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ, efisɛ na ɔdɔ Yehowa ankasa. Ɛmaa n’ani gyei sɛ otumi de biribi mae.—Luka 21:1-4.
Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyɛ biribi. So wubetumi asusuw bi ho?— Sɛ yɛde biribi ma esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa nti a, yɛn ani begye. Ɛno nti na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Yɛmma’ no. (Luka 6:38) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛma nnipa foforo ani agye. Na yɛn ani begye asen obiara!
Ma yɛnkenkan sɛnea adekyɛ de anigye ba no ho nsɛm foforo wɔ Mateo 6:1-4; Luka 14:12-14; ne 2 Korintofo 9:7.
[Mfonini wɔ kratafa 92]
Dɛn nti na Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn’?
[Mfonini wɔ kratafa 93]
Dɛn na ebetumi ama w’ani agye sen sɛ anka w’ankasa wubedi wo paanoo nyinaa?
[Mfonini wɔ kratafa 94]
Dɛn na Lidia reka kyerɛ Paulo ne Luka no?
[Mfonini wɔ kratafa 94]
Dɛn nti na Lidia ani agye sɛ ɔbɛyɛ biribi ama Paulo ne Luka?
[Mfonini wɔ kratafa 96]
Dɛn nti na na ɔbea hiani yi ani agye sɛ ɔde nea ɔwɔ nyinaa ama?