Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/15 kr. 15-20
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anigye ho Adwene Foforo
  • Nea Anigye Ankasa Gyina So
  • Nneɛma a Ɛde Anigye Ba a Ɛsakra
  • Anigye a Aware Nka Ho wɔ Tete Mmere no Mu
  • Ahokwafo nanso Wɔwɔ Anigye Nnɛ
  • Sigyadi mu Mfaso Horow
  • Nokware Anigye Gyina Dɛn So?
  • So Aware Nkutoo Na Ɛde Anigye Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Anigye Ne Wɔn a Wɔsom “Anigye Nyankopɔn No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/15 kr. 15-20

Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu

“[Anigye ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa], ne Nyankopɔn, so.”​—DWOM 146:5.

1, 2. Dɛn na wɔaka wɔ anigye asekyerɛ ho, na dɛn na anigye kyerɛ ma nnipa pii nnɛ?

DƐN ne anigye? Nsɛm asekyerɛfo, nyansapɛfo, ne nyamekyerɛfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ ase mfehaha pii ni. Nanso wɔmfaa nkyerɛase a wɔn nyinaa gye tom mmae ɛ. Encyclopœdia Britannica gye tom sɛ: “‘Anigye’ yɛ nsɛmfua a asekyerɛ yɛ den sen biara no mu biako.” Ɛda adi sɛ anigye kyerɛ nneɛma a egu ahorow ma nnipa ahorow, na egyina sɛnea adwene a wokura wɔ asetra ho no te so.

2 Nnipa pii fam no, anigye gyina akwahosan pa, honam fam ahonyade, ne fekubɔ a anigye wom so. Nanso, nnipa bi wɔ hɔ a wɔwɔ eyinom nyinaa nanso wonni anigye. Wɔ mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn fam no, Bible no de anigye ho adwene a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea nnipa dodow no ara kura no ho ma.

Anigye ho Adwene Foforo

3, 4. (a) Henanom na Yesu kae sɛ wɔwɔ anigye? (b) Dɛn na yebetumi ahu wɔ nneɛma a ɛde anigye ba a Yesu bobɔɔ din no ho?

3 Yesu Kristo anka wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ anigye gyina akwahosan pa, honam fam ahonyade, ne nea ɛtete saa so. Ɔkae sɛ wɔn a wɔwɔ anigye ampa no ne wɔn a ‘wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn,’ ne wɔn a “trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn.” Nea ɛka nneɛma abien yi a ehia na obi anya nokware anigye ho ne Yesu asɛm a ɛte sɛ abebu yi: “[Anigye] ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ.” (Mateo 5:3-6) Ɛda adi sɛ Yesu anka sɛ nnipa ani begye mpofirim bere a wɔahwere wɔn dɔfo bi no. Mmom no, na ɔreka wɔn a wodi wɔn bɔne tebea ne nea efi mu ba ho awerɛhow no ho asɛm.

4 Ɔsomafo Paulo kaa abɔde a wɔne adesamma a wogyina anidaso a ɛne sɛ ‘wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee mu’ no so si apini wɔ bɔne ase no ho asɛm. (Romafo 8:21, 22) Adesamma a wogye Yehowa nsiesiei a ɛne bɔne fafiri a ɛnam Kristo agyede afɔrebɔ so tom, na wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no nya awerɛkyekye ankasa na wɔma wɔn ani gye. (Romafo 4:6-8) Wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, Yesu kae nso sɛ anigye ne “wɔn a wodwo,” “mmɔborohunufo,” “wɔn a wɔn koma mu tew,” ne ‘wɔn a wɔpɛ asomdwoe.’ Ɔde awerɛhyem mae sɛ ɛwom mpo sɛ wɔtaa wɔn de, nanso saa ahobrɛasefo no renhwere wɔn anigye. (Mateo 5:5-11) Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ nneɛma a ɛwɔ anuonyam a ɛde anigye ba no bu adefo ne ahiafo nyinaa sɛ wɔyɛ pɛ.

Nea Anigye Ankasa Gyina So

5. Dɛn ne anigye a Onyankopɔn nkoa a wɔahyira wɔn ho so wɔ no nnyinaso?

5 Ɛnyɛ honam fam ahonyade na ɛde nokware anigye ba. Onyansafo Ɔhene Salomo kae sɛ: “Yehowa nhyira​—na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.” (Mmebusɛm 10:22, New World Translation) Wɔ abɔde a wogye Yehowa amansan tumidi tom fam no, anigye ne Onyankopɔn nhyira na ɛnam. Onipa a wahyira ne ho so a ɔwɔ Yehowa nhyira na ɔte nka sɛ ne nhyira wɔ no so wɔ anigye ampa. Bible mu no, anigye kyerɛ abodwo, ahomeka ne akomatɔyam a wɔte nka wɔ Yehowa som mu.

6. Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nyɛ na wɔanya anigye ankasa?

6 Nokware anigye gyina abusuabɔ pa a wɔne Yehowa wɔ no so. Egyina ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne nokware a wodi ma no no so. Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so fi koma nyinaa mu gye Paulo nsɛm yi tom: “Yɛn mu biara nte ase mma ne ho. . . Yɛte ase ma [Yehowa] . . . Yɛyɛ [Yehowa] dea.” (Romafo 14:7, 8) Enti, sɛ yɛanyɛ osetie amma Yehowa na yɛamfa anigye anyɛ n’apɛde a, yɛrentumi nnya nokware anigye. Yesu se: “[Anigye] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!”​—Luka 11:28.

Nneɛma a Ɛde Anigye Ba a Ɛsakra

7, 8. (a) Yebetumi akyekyɛ nneɛma a ɛde anigye ba no mu dɛn? (b) Dɛn na wobetumi aka wɔ aware ne abawo ho?

7 Yebetumi afrɛ nneɛma a ɛma wonya anigye a yɛaka ho asɛm dedaw no sɛ “mfitiasede” anaa “nea ɛwɔ hɔ daa,” efisɛ eye ma Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so no bere nyinaa. Afei nso, nea yebetumi afrɛ no nea ɛsakra, nneɛma a ebetumi ama wɔanya anigye wɔ bere bi mu, nanso bere foforo mu no, wobenya kakraa bi anaasɛ wɔrennya bi koraa no nso wɔ hɔ. Wɔ tete agyanom no ne mmere a edi Kristosom anim no mu no, na wobu aware ne abawo sɛ nneɛma a ehia na wɔanya anigye. Eyi da adi wɔ Rahel adesrɛ a ɛka koma a ɔde too Yakob anim no mu: “Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu.” (Genesis 30:1) Na su yi a wokura wɔ abawo ho ne Yehowa atirimpɔw ma saa bere no hyia.​—Genesis 13:14-16; 22:17.

8 Na wobu aware ne abawo sɛ nhyira horow a Onyankopɔn de ma wɔ Yehowa tete nkurɔfo mu. Nanso na eyinom ne tebea afoforo de ahohia ba wɔ amanehunu mmere mu wɔ wɔn abakɔsɛm mu. (Fa Dwom 127, 128 toto Yeremia 6:12; 11:22; Kwadwom 2:19; 4:4, 5 ho.) Enti, ɛda adi sɛ aware ne abawo nyɛ nneɛma a ɛma wonya anigye a ɛtra hɔ daa.

Anigye a Aware Nka Ho wɔ Tete Mmere no Mu

9. Dɛn nti na wɔkamfoo Yefta babea no afe biara?

9 Onyankopɔn nkoa pii anya nokware anigye bere a wɔnyɛ awarefo. Obu a Yefta babea no nyae wɔ ntam a n’agya kae no ho nti, ɔtraa ase sɛ ɔhokwafo. Ɔne ne mmeawa ayɔnkofo sui wɔ ne baabunyɛ no ho bere bi. Nanso hwɛ anigye ara a onyae bere a ɔde ne bere nyinaa som wɔ Yehowa fie, ebia wɔ “mmea a wɔba bɛsom, ahyiae ntamadan no ano” no mu no. (Exodus 38:8) Eyi nti, wɔkamfoo no afe biara.​—Atemmufo 11:37-40.

10. Dɛn na Yehowa kae sɛ Yeremia nyɛ, na so ɛda adi sɛ ɛno nti wannya anigye wɔ asetra mu?

10 Esiane sɛ odiyifo Yeremia traa ase wɔ mmere a emu yɛ den mu nti, Onyankopɔn kae sɛ ɛnsɛ sɛ ɔware wo mma. (Yeremia 16:1-4) Nanso Yeremia huu nokwasɛm a Onyankopɔn nsɛm yɛ no: “Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa] so, na [Yehowa] yɛ n’anidaso.” (Yeremia 17:7) Yeremia de nokwaredi som Onyankopɔn sɛ ɔhokwafo wɔ mfe 40 ne akyi a ɔde somee sɛ odiyifo no mu. Nea yenim ara ne sɛ wanware anwo mma da. Nanso, hena na obegye kyim sɛ Yeremia anni annye, te sɛ Yudafo nkaefo anokwafo a ‘wɔn ani kaa Yehowa nnepa ho no’?​—Yeremia 31:12.

11. Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a ɛfa Yehowa nkoa anokwafo a na wɔwɔ anigye, ɛwom sɛ na wonni aware mu ahokafo de, ho no bi ne nea ɛwɔ he?

11 Nnipa afoforo pii de anigye som Yehowa a na wonni aware mu ɔhokafo. Na wɔyɛ ahokwafo, anaasɛ akunafo. Wɔn mu binom ne odiyifobea Hana; ebia Dorka anaasɛ Tabita; ɔsomafo Paulo; ne wɔn mu nhwɛsofo a ɔsen biara​—Yesu Kristo.

Ahokwafo nanso Wɔwɔ Anigye Nnɛ

12. Dɛn na Yehowa nkoa a wɔwɔ anigye, a wɔahyira wɔn ho so no mu binom agye nnɛ, na dɛn ntia?

12 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo mpempem pii de nokwaredi resom Onyankopɔn a wonni aware mu ahokafo. Ebinom atumi agye Yesu ɔfrɛ no atom: “Nea obetumi agye [sigyadi akyɛde] no, ma onnye.” “Ɔsoro ahenni nti” na wɔayɛ saa. (Mateo 19:11, 12) Ɛkyerɛ sɛ wɔde ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no adi dwuma yiye denam bere ne ahoɔden pii a wɔde di dwuma de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso no so. Wɔn mu pii resom sɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, anaasɛ wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaasɛ ne baa dwumadibea ahorow no Betel abusua no biako mu.

13. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoni betumi atra ase sɛ ɔhokwafo na wanya anigye?

13 Onuawa aberewa dɔfo bi de “Ɔkwampaefo Ɔhokwafo a Ɔwɔ Anigye” yɛɛ n’asɛmti. (The Watchtower, May 1, 1985, nkratafa 23-6) Onuawa ɔhokwafo foforo bi a ɔde mfe 50 ne akyi asom wɔ Betel no kae sɛ: “Mewɔ akomatɔyam a edi mu wɔ m’asetra ne m’adwuma mu. Mprempren meyɛ adwuma a m’ani gye ho no kɛse sen bere biara a atwam. Minnuu me ho. Mɛsan asi saa gyinae no ara bio.”​—The Watchtower, June 15, 1982, kratafa 15.

14, 15. (a) Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, dɛn na ehia na obi atra ase sɛ ɔhokwafo? (b) Dɛn nti na Paulo ka sɛ ɔhokwafo yɛ ‘yiye sen saa’ na ‘ɔwɔ anigye kɛse’?

14 Hyɛ saa asɛmfua “gyinae” no nsow. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na nea ogyina pintinn, ne komam, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ n’ankasa pɛ so tumi, na wasi gyinae yi n’ankasa komam sɛ ɔbɛma ne baabunyɛ atra hɔ no, ɔbɛyɛ no yiye. Enti nea ɔde ne baabunyɛ ma wɔ aware mu no nso yɛ yiye, na nea ɔmfa mma wɔ aware mu no bɛyɛ yiye asen saa.” (1 Korintofo 7:37, 38, NW) Dɛn nti na “ɔbɛyɛ yiye asen saa”? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mepɛ sɛ mukwati adwennwene. Ɔbarima hokwafo da dwen Awurade nneɛma ho, sɛnea obetumi asɔ Awurade ani. . . . Bio nso, ɔbea hokwafo ne ɔbaabun dwen Awurade nneɛma ho . . . Na mo ankasa yiyedi nti na meka eyi, . . . na maka mo akɔ nea ɛfata, ne nea ɛkyerɛ som a mobɛsom Awurade daa a biribiara ntwetwe mo adwene ho.”​—1 Korintofo 7:32-35, NW.

15 So ‘Awurade a wɔbɛsom no daa a biribiara ntwetwe adwene no’ a adwene no ne sɛ ‘wɔbɛsɔ Awurade ani’ no fa anigye ho? Ɛda adi sɛ Paulo susuwii saa. Ɔreka Kristoni okunafo bi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔde ne ho sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, Awurade mu nko na ɔnyɛ. Nanso, sɛnea misusuw no, sɛ ɔtra hɔ saa ara a, ɔwɔ anigye kɛse, na nokwarem no, misusuw sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.”​—1 Korintofo 7:39, 40, NW.

Sigyadi mu Mfaso Horow

16. Mfaso horow bɛn na Yehowa Adansefo a wɔnyɛ awarefo nya?

16 Sɛ ebia Kristoni bi ankasa gyinaesi na ɛma ɔte hɔ sɛ ɔhokwafo anaasɛ nsɛm tebea horow na ahyɛ no ma ɔte hɔ saa no, sigyadi de mfaso horow pii ba. Mpɛn pii no ahokwafo wɔ mmere pii a wɔde besua Onyankopɔn Asɛm na wɔadwen ho. Sɛ wɔde tebea yi di dwuma a, wɔn honhom mu yiyedi kɔ anim kɛse. Esiane sɛ wonni aware mu ɔhokafo a wɔne no besusuw wɔn haw ahorow ho nti, pii sua sɛnea wɔde wɔn ho to Yehowa so kɛse, na wɔhwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ biribiara mu. (Dwom 37:5) Eyi boa ma wɔne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse.

17, 18. (a) Hokwan ahorow a ɛbɛma wɔatrɛw ɔsom adwuma mu bɛn na ɛwɔ hɔ ma Yehowa nkoa ahokwafo? (b) Yehowa nkoa ahokwafo mu binom aka wɔn anigye ho asɛm dɛn?

17 Kristofo ahokwafo wɔ hokwan ahorow a wɔde bɛtrɛw wɔn som mu de akamfo Yehowa. Wɔde ntetee titiriw a wɔde ma wɔ Asafo mu Asomfo Ntetee Sukuu mu mprempren no ma anuanom mmarima ahokwafo anaasɛ akunafo nkutoo. Anuawanom ahokwafo nso de wɔn ho kɛse sɛ wobenya hokwan ahorow wɔ Onyankopɔn som mu. Onuawa aberewa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de ne ho mae sɛ ɔbɛsom wɔ Afrika ɔman bi mu bere a, sɛ yɛbɛfa n’ankasa asɛm aka a, na “ɔyɛ ɔbea a onni ahoɔden kɛse a wadi boro mfe 50 no.” Bere a wɔbaraa ɛhɔnom adwuma no na wɔpam asɛmpatrɛwfo no nyinaa mpo no, ɔtraa hɔ. Ɔda so ara resom wɔ hɔ sɛ ɔkwampaefo, ɛwom sɛ mprempren wadi mfe bɛboro 80 de. So ɔwɔ anigye? Ɔkyerɛwee wɔ n’asetra ho asɛm mu sɛ: “Mitumi de ahofadi ne sɛnea sigyadi ma mitumi kɔ baabiara no dii dwuma de yɛɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu, na eyi ama manya anigye kɛse. . . . Me ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu ayɛ den wɔ mfe a atwam no mu. Sɛ ɔhokwafo a ɔte Afrika man bi mu no, mahu no sɛ Ɔno na Ɔbɔ me ho ban.”

18 Nea ɛfata sɛ yehu nso ne onua bi a ɔde mfe du du pii som wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti no nsɛm a ɔkae no. Na ɔwɔ anigye, ɛwom sɛ wanware da, na na ɔwɔ ɔsoro anidaso a onni anidaso biara sɛ ɔbɛware de. Bere a odii mfe 79 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Da biara mibisa yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmmoa me na ɔmma me nyansa a ɛbɛma makɔ so anya honhom fam ne honam fam ahoɔden na ama makɔ so ayɛ n’apɛde kronkron no. Wɔ mfe aduanan akron a atwam a mede asom Yehowa no mu no, manya asetra a anigye, mfaso, ne nhyira wom ankasa. Na Yehowa dom nti, mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ so asom no de nidi ne anuonyam ama no na ayɛ nhyira ama ne nkurɔfo. . . . Yehowa anigye [no] boa me ma mekɔ so ko gyidi ko pa no, na mehwɛ bere a Yehowa atamfo rentra hɔ bio, na n’anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa so ma no kwan.”​—Numeri 14:21; Nehemia 8:10; The Watchtower, November 15, 1968, nkratafa 699-702.

Nokware Anigye Gyina Dɛn So?

19. Yɛn anigye begyina dɛn so daa?

19 Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ a ɛsom bo, n’anim dom, ne ne nhyira​—eyinom ne nneɛma a ɛde nokware anigye brɛ yɛn daadaa. Esiane nea ɛde nokware anigye ba ho adwempa yi nti, Yehowa nkoa a wɔaware mpo hu sɛ ɛnyɛ wɔn aware no ne ade a ɛho hia sen biara wɔ wɔn asetra mu. Wotie Paulo afotu yi sɛ: “Na eyi na meka, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi.” (1 Korintofo 7:29) Eyi nkyerɛ sɛ wobebu wɔn ani agu wɔn yerenom so. Kristofo a wɔyɛ okununom a wɔn ho akokwaw de Yehowa som di kan, na wɔn yerenom a wosuro Onyankopɔn, wɔwɔ ɔdɔ, na wɔboa wɔn, a wɔn mu binom mpo de wɔn bere nyinaa som sɛ wɔn kununom ahokafo no nso yɛ saa ara.​—Mmebusɛm 31:10-12, 28; Mateo 6:33.

20. Su pa bɛn na kristofo pii kura wɔ aware mu hokwan ahorow a wɔwɔ no ho?

20 Anuanom mmarima awarefo ahwɛfo akwantufo, wɔn a wɔatu wɔn ho ama yɛ adwuma wɔ Betel, asafo mu mpanyimfo​—nokwarem no, Kristofo a wɔaware nyinaa a wɔde Ahenni nneɛma di kan​—‘mfa wiase no nni dwuma nkosi ase’; wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛma wɔn aware mu hokwan ahorow ne wɔn nkwa so a wɔahyira resom Yehowa no ahyia. (1 Korintofo 7:31) Nanso, wɔwɔ anigye. Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ aware titiriw na ama wɔanya anigye, na mmom ɔsom a wɔde ma Yehowa no. Na okununom anokwafo pii ne wɔn yerenom​—yiw, ne wɔn mma nso​—wɔ anigye sɛ wɔanya no saa.

21, 22. (a) Esiane nea Yeremia 9:23, 24 ka no nti, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yenya anigye? b) Nneɛma a ɛde anigye ba bɛn na wɔbobɔ din wɔ Mmebusɛm 3:13-18?

21 Odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “Sɛ [Yehowa] se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho, na eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene [Yehowa] a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so, na eyi na ɛsɔ m’ani, [Yehowa] asɛm ni.”​—Yeremia 9:23, 24.

22 Sɛ ebia yɛyɛ ahokwafo anaasɛ awarefo no, ɛsɛ sɛ ade a ɛma yenya anigye sɛn biara no yɛ Yehowa ho nimdeɛ, ne gyidi sɛ yɛwɔ ne nhyira esiane sɛ yɛyɛ n’apɛde nti. Yɛwɔ anigye nso sɛ yɛwɔ nea ɛka bom yɛ nokware gyinapɛn ahorow, nneɛma a Yehowa ani gye ho no mu ntease. Ɔhene Salomo a ɔwaree mmea pii no ammu aware sɛ ade biako pɛ a wɔnam so nya anigye. Ɔkae sɛ: “[Anigye] ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam. N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na [anigye] ne nea okura mu.”​—Mmebusɛm 3:13-18.

23, 24. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa nkoa anokwafo nyinaa benya anigye wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu?

23 Ɛmmra sɛ yɛn a yɛaware no benya daa anigye bere a yɛyɛ Onyankopɔn apɛde no. Na ɛmmra sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo a wɔapaw sɛ wɔbɛtra ase sɛ ahokwafo anaasɛ nsɛm tebea ahyɛ wɔn ma wɔte hɔ saa no begyina wɔn sɔhwɛ nyinaa ano, na wanya anigye ne akomatɔyam bere a wɔsom Yehowa mprempren ne daa no. (Luka 18:29, 30; 2 Petro 3:11-13) Wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu no, wobebuebue “nhoma” no mu. (Adiyisɛm 20:12) Nea ɛbɛwɔ eyi mu no ne ahyɛde ne mmara a ɛyɛ anigye, a ɛbɛboa ma adesamma asoɔmmerɛfo anya anigye.

24 Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn ‘anigye Nyankopɔn’ no de nneɛma pa a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛma yɛanya anigye a edi mu bɛma yɛn. (1 Timoteo 1:11) Onyankopɔn bɛkɔ so ‘abue ne nsam na ama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ.’ (Dwom 145:16) Ɛnyɛ nwonwa sɛ anigye wɔ Yehowa som mu, na ɛbɛtra hɔ daa.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so anigye gyina so?

◻ Bible mmere mu no, na henanom ne Yehowa nkoa ahokwafo a wɔwɔ anigye no mu binom?

◻ Dɛn nti na Paulo kamfoo sigyadi kyerɛe, na ɔkwan bɛn so na Kristofo binom ahu eyi sɛ ɛyɛ asetra a anigye wom?

◻ Dɛn na yɛn anigye begyina so daa?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ nhyehyɛe foforo no mu anokwafo nyinaa ani begye?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Anuawanom ahokwafo pii de nokwaredi resom Yehowa sɛ bere nyinaa asomfo

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa apɛdeyɛ ne ade titiriw a ɛde anigye ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena