So Aware Nkutoo Na Ɛde Anigye Ba?
“Ɔde ne ho sɛ ɔware obiara a ɔpɛ. Awurade mu nko na ɔnyɛ. Nanso sɛ ɔtra hɔ saa ara a, ɔwɔ anigye kɛse.”—1 KORINTOFO 7:39, 40, New World Translation.
1. Kyerɛwnsɛm no ka Yehowa ho asɛm dɛn, na dɛn na wayɛ ama n’abɔde?
YEHOWA ne “anigye Nyankopɔn” no. (1 Timoteo 1:11, NW) Sɛ́ “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo Yamyefo no, ɔde nea n’abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa—nnipa ne abɔfo—hia na wɔn ani agye wɔ ne som mu no pɛpɛɛpɛ ma wɔn. (Yakobo 1:17) Esiane ɛno nti, anomaa a ɔreto dwom, ɔkraman ba a ɔredi agoru, anaa nsuboa bi a wɔfrɛ no dolphin a ɔpɛ agorudi nyinaa di adanse sɛ Yehowa bɔɔ mmoa sɛ wonnya asetra mu anigye wɔ wɔn trabea. Odwontofo no ka no anwensɛm mu mpo sɛ “wɔma [Yehowa] nnua nso mee, Lebanon nkyeneduru a oduae no.”—Dwom 104:16.
2. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu nya anigye wɔ n’Agya apɛde a ɔyɛ no mu? (b) Nea ɛma wonya anigye bɛn na na Yesu asuafo no wɔ?
2 Yesu kristo yɛ ‘Yehowa suban ankasa sɛso pɛpɛɛpɛ.’ (Hebrifo 1:3) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ Yesu sɛ “Otumfoɔ koro a ɔwɔ anigye.” (1 Timoteo 6:15, NW) Ɔyɛ sɛnea Onyankopɔn apɛdeyɛ betumi ayɛ nea akomatɔyam kɛse wom sen aduan, na ɛma yenya anigye a edi mu ho nhwɛso ma yɛn. Yesu kyerɛe nso sɛ yebetumi anya anigye bere a yɛde Onyankopɔn suro yɛ ade, kyerɛ sɛ yɛde obu a emu dɔ ne osuro pa a ɛne yɛ a yɛrenyɛ nea Ɔmpɛ bɛyɛ ade. (Dwom 40:8; Yesaia 11:3; Yohane 4:34) Bere a asuafo 70 “de anigye” san bae, bere a wɔkɔyɛɛ Ahenni asɛnka ɔsatu akyi no, Yesu ankasa “ho san no [mmoroso] honhom [kronkron] mu.” Ɔkaa n’anigye no kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu wiei no, ɔdan ne ho kyerɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: “[Anigye] ne aniwa a ehu nea muhu yi; na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante.”—Luka 10:17-24.
Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛn Ani Gye
3. Nneɛma a ɛde anigye ba no bi ne nea ɛwɔ he?
3 So ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yehu nneɛma a mprempren yehu sɛ ɛma Yehowa Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow ba mu wɔ awiei bere yi mu no? So ɛnsɛ sɛ yɛn ani gye mmoroso sɛ yɛate nkɔmhyɛ ahorow a tete adiyifo ne ahemfo anokwafo, te sɛ Yesaia, Daniel, ne Dawid, antumi ante ase no ase? So yɛn ani nnye sɛ yɛresom anigye Nyankopɔn, a ɔne Yehowa, wɔ Otumfoɔ a ɔwɔ anigye, yɛn Hene Yesu Kristo no akanni ase? Nokwarem no, yɛn ani gye!
4, 5. (a) Sɛ yebekura anigye mu wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati? (b) Nneɛma a ɛboa ma yenya anigye no bi ne nea ɛwɔ he, na asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?
4 Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya anigye wɔ Yehowa som mu a, ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma a ehia na yɛanya anigye no gyina wiase no nsusuwii so. Eyinom ntumi mma yennwen nneɛma ho yiye efisɛ honam fam ahonyade, akɛsesɛm, ne nea ɛtete saa ka ho. “Anigye” biara a egyina nneɛma a ɛtete saa so no renkyɛ, efisɛ wiase yi retwam.—1 Yohane 2:15-17.
5 Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so mu pii nim sɛ wiase no botae horow a wobedu ho no remma wonnya nokware anigye. Yɛn soro Agya no nkutoo na ɔde honhom fam ne honam fam nneɛma a ɛboa ma ne nkoa nya nokware anigye no ma. Hwɛ aseda ara a yɛde ma wɔ honhom fam aduan a ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma yɛn no ho! (Mateo 24:45-47) Yɛde aseda nso ma wɔ honam fam aduan a yenya fi Onyankopɔn ɔdɔ nsa mu no ho. Afei nso, aware akyɛde a ɛyɛ nwonwa no ne emu abusua asetra mu anigye horow nso wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Naomi de nsɛm yi kaa nea ne koma hwehwɛ ma ne nsenom akunafo no sɛ: “Yehowa nkyɛ mo ade, na munnya atraye mo kununom fi.” (Rut 1:9, NW) Enti aware betumi ama wɔanya anigye kɛse. Nanso, so aware nkutoo ne ɔkwan a wɔbɛfa so anya asetra a anigye wom? Ɛho hia sɛ mmofra titiriw yɛ nhwehwɛmu anibere so de hu sɛ ɛte saa anaa.
6. Sɛnea Genesis kyerɛ no, na dɛn ne aware nhyehyɛe no atirimpɔw titiriw?
6 Bible no reka sɛnea aware bae ho asɛm no, ɛka sɛ: “Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn. Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monhyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:27, 28) Ɛdenam aware a Yehowa hyehyɛe so no, wɔde Adam dii dwuma ma wawo adesamma pii aba nkwa mu, na saayɛ so no adesamma abusua no mu atrɛw. Nanso na pii wɔ aware mu sen saa.
“Awurade mu Nko”
7. Aware ho ahwehwɛde bɛn na tete agya panyin nokwafo bi bɔɔ mmɔden sɛ obedi ho dwuma?
7 Esiane sɛ Yehowa ne aware Hyehyɛfo nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔde aware ho gyinapɛn ahorow a ɛbɛma ne nkoa anya anigye besisi hɔ. Wɔ tete agyanom no bere so no, wɔanhyɛ wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo a wɔbɛware wɔn no ho nkuran koraa. Abraham maa n’akoa panyin Elieser kaa no Yehowa ntam sɛ ɔrenware Kanaanni mma agya panyin no ba Isak. Elieser tuu kwan tenten na odii Abraham ahyɛde so pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wanya ‘ɔbea a Yehowa ayi no ama ne wura ba’ no. (Genesis 24:3, 44) Enti Isak waree Rebeka. Bere a wɔn babarima Esau waree yerenom wɔ Hetifo abosonsomfo no mu no, saa mmea no “hyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhow.”—Genesis 26:34, 35; 27:46; 28:1, 8.
8. Anohyeto bɛn na Mmara apam no de mae wɔ aware ho, na dɛn ntia?
8 Wɔbaraa Kanaan aman pɔtee bi mu mmarima anaa mmea a wɔbɛware wɔn no wɔ Mmara apam no ase. Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware. Efisɛ ɔbɛdan wo ba ani afi m’akyi, na wasom anyame foforo, na Yehowa bo afuw mo, na wasɛe wo ntɛm.”—Deuteronomium 7:3, 4.
9. Afotu bɛn na Bible no de ma Kristofo wɔ aware ho?
9 Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo a wɔbɛware wɔn no ho anohyeto a ɛte saa ara ma wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?” (2 Korintofo 6:14, 15) Saa afotu no fa nneɛma ahorow ho, na nokwarem no, ɛfa aware ho. Paulo ahyɛde a emu da hɔ fann a ɔde maa Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so nyinaa no ne sɛ ɛsɛ sɛ wonya adwene sɛ sɛ obi wɔ “Awurade mu nko” a, na wɔbɛware no.—1 Korintofo 7:39, New World Translation, Reference Bible no mu ase hɔ asɛm.
Wontumi Nware “Awurade Mu”
10. Kristofo ahokwafo pii reyɛ dɛn, na nsemmisa bɛn na ɛsɔre?
10 Kristofo ahokwafo pii apaw sɛ wobedi Yesu Kristo nhwɛso no akyi denam ahokwafo akyɛde a wobenya no so. Afei nso, esiane sɛ mprempren wontumi nnya ɔhokafo a osuro Onyankopɔn na wɔaware ‘wɔ Awurade mu’ nti, Kristofo anokwafo pii de wɔn ho ato Yehowa so, na wɔatra ase sɛ ahokwafo sen sɛ anka wɔbɛware obi a ɔnyɛ gyidini. Onyankopɔn honhom ma wɔsow aba te sɛ anigye, asomdwoe, gyidi, ne ahosodi, na ɛma wotumi tra ase sɛ ahokwafo a wɔn ho tew. (Galatifo 5:22, 23) Wɔn a wotumi gyina ahofama ma Onyankopɔn ho sɔhwɛ yi ano no mu binom ne yɛn Kristofo anuawanom pii a yɛwɔ obu a emu dɔ sen biara ma wɔn no. Wɔ aman horow so no, wɔdɔɔso sen anuanom mmarima no, ma enti wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse. Nokwarem no, “Yehowa ankasa ka sɛ; mmea a wɔreka asɛmpa no yɛ asafo kɛse.” (Dwom 68:11, NW) Nokwarem no, Onyankopɔn nkoa ahokwafo mmarima ne mmea nyinaa kura wɔn mudi mu, efisɛ ‘wɔde wɔn koma nyinaa to Yehowa so, na ɔreteɛ wɔn akwan.’ (Mmebusɛm 3:5, 6) Nanso so ɛda adi sɛ wɔn a mprempren wontumi nware “Awurade mu” no rennya anigye?
11. Dɛn na Kristofo a Bible nnyinasosɛm so di nti wɔtra ase sɛ ahokwafo no betumi anya ho awerɛhyem?
11 Momma yɛnkae sɛ yɛyɛ anigye Nyankopɔn, Yehowa, no Adansefo a yɛresom wɔ Otumfoɔ a ɔwɔ anigye, Kristo Yesu, ase. Enti sɛ anohyeto ahorow a wɔde ama pefee wɔ Bible no mu no so di kanyan yɛn ma yɛtra ase sɛ ahokwafo, esiane sɛ yentumi nnya aware mu ɔhokafo wɔ “Awurade mu” nti a, so ntease wom sɛ yebesusuw sɛ Yehowa ne Kristo bɛma yɛadi awerɛhow? Dabida. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ yebetumi anya anigye sɛ Kristofo bere a yɛyɛ ahokwafo no. Yehowa betumi ama yɛanya anigye ankasa, sɛ ebia yɛyɛ awarefo anaa ahokwafo no.
Nea Ɛde Nokware Anigye Ba
12. Dɛn na abɔfo asoɔdenfo asɛm no kyerɛ wɔ aware ho?
12 Ɛnyɛ aware nkutoo na ɛma Onyankopɔn nkoa nyinaa nya anigye. Fa abɔfo no sɛ nhwɛso. Ansa na Nsuyiri no reba no, abɔfo bi nyaa akɔnnɔ a ɛnsɛ sɛ honhom abɔde nya, anyɛ wɔn dɛ sɛ wɔrentumi nware, wɔfaa ɔhonam nipadua duraa wɔn ho na wɔatumi aware mmea sɛ wɔn yerenom. Esiane sɛ saa abɔfo yi ‘gyaw wɔn ankasa trabere’ nti, Onyankopɔn ‘de daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.’ (Yuda 6; Genesis 6:1, 2) Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn anyɛ nhyehyɛe amma abɔfo no da sɛ wɔnware. Enti aware antumi anyɛ nea wɔnam so benya anigye.
13. Dɛn nti na abɔfo kronkron no wɔ anigye, na dɛn na eyi kyerɛ ma Onyankopɔn nkoa nyinaa?
13 Nanso abɔfo anokwafo no wɔ anigye. Yehowa too asase no nhyɛase ma “adekyee nsoromma no nyinaa ani gyei na Onyankopɔn mma [a wɔyɛ abɔfo] no boom bɔɔ ose.” (Hiob 38:7, The New Jerusalem Bible) Dɛn nti na abɔfo kronkron no wɔ anigye? Efisɛ wɔsom Yehowa bere nyinaa, “tie n’asɛm” sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi so. Wɔn ani gye sɛ ‘wɔyɛ’ nea ɛsɔ n’ani.’ (Dwom 103:20, 21, New World Translation Reference Bible no mu ase hɔ asɛm) Yiw, anigye a abɔfo kronkron no wɔ no fi Yehowa a wɔde nokwaredi som no no. Ɛne ɔkwan a adesamma nso bɛfa so anya nokware anigye. Ɛno nti, Kristofo awarefo a wɔasra wɔn, a wɔde anigye resom Onyankopɔn mprempren no renware bere a wɔanyan wɔn akɔ ɔsoro asetra mu no, nanso wɔn ani begye sɛ honhom abɔde a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. Enti sɛ ebia wɔyɛ awarefo anaasɛ ahokwafo no, Yehowa nkoa anokwafo nyinaa betumi anya anigye, efisɛ anigye nokware nnyinaso ne nokwaredi a wɔde som Ɔbɔadeɛ no.
‘Biribi a Eye Kyɛn Mmabanin ne Mmabea’
14. Nkɔmhyɛ mu bɔhyɛ bɛn na wɔde maa tete Israel ayitotofo a na wosuro Onyankopɔn no, na dɛn nti na ebia eyi bɛyɛ nwonwa?
14 Sɛ Kristoni nokwafo bi anware da mpo a, Onyankopɔn betumi ama onii no anya anigye. Obetumi anya nkuranhyɛ afi nsɛm a wɔka kyerɛɛ tete Israel ayitotofo wɔ nkɔmhyɛ mu no mu: “Na sɛ [Yehowa] ka kyerɛ ayitotofo ni: Wɔn a wodi me homeda na wɔpaw ade a ɛsɔ m’ani na wokura m’apam mu no, mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne [biribi] a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma [wɔn].” (Yesaia 56:4, 5) Ebia anka obi bɛhwɛ kwan sɛ wɔde ɔyere ne mma bɛhyɛ saafo no bɔ na ama wɔn din akɔ so atra hɔ. Nanso nea wɔde hyɛɛ wɔn bɔ ne ‘biribi a eye sen mmabanin ne mmabea’—din a ɛbɛtra hɔ daa wɔ Yehowa fie.
15. Dɛn na yebetumi aka wɔ Yesaia 56:4, 5 mmamu ho?
15 Sɛ yɛfa ayitotofo yi sɛ “Nyankopɔn Israel” ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ mu a, ɛnde na wogyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wonya trabea a ɛbɛtra hɔ daa wɔ Yehowa honhom mu fie, anaasɛ n’asɔrefi. (Galatifo 6:16) Akyinnye biara nni ho sɛ na nkɔmhyɛ yi bɛbam wɔ tete Israel ayitotofo a na wosuro Onyankopɔn a wonya owusɔre no so. Sɛ wogye Kristo agyede afɔrebɔ no tom, na wɔkɔ so paw nea Yehowa ani gye ho a, wɔn nsa bɛka “daa din” wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Eyi betumi ayɛ nea ɛfa “nguan foforo” no mufo a wɔde aware ne awofoyɛ kame wɔn ho na ama wɔatu wɔn ho asi hɔ asom Yehowa kɛse no ho. (Yohane 10:16) Ebia eyinom mu binom bewu sɛ ahokwafo a wonni mma. Nanso sɛ wodi nokware a, wɔn nsa bɛka ‘biribi a eye sen mmabanin ne mmabea’—edin a “wɔrentwa nkyene” wɔ owusɔre no mu wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.
Ɛnyɛ Aware Nkutoo na Ɛma Anigye
16. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na aware de anigye ba?
16 Nnipa binom te nka sɛ aware ne anigye na ɛnam. Nanso, ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ wɔ Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ mu mpo no, ɛnyɛ bere nyinaa na aware de anigye ba. Edi ɔhaw ahorow bi ho dwuma, nanso ɛtaa de ɔhaw afoforo a eye den sɛ wobedi ho dwuma sen nea ahokwafo hyia no ba. Paulo kae sɛ aware ma ‘obi ho hia no wɔ honam mu.’ (1 Korintofo 7:28) Ɛtɔ mmere bi a, ɔwarefo ‘dwennwene,’ na ‘n’adwene yɛ nta.’ Ɔtaa hu sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ‘ɔbɛsom Awurade daa a biribiara ntwetwe n’adwene.’—1 Korintofo 7:33-35, NW.
17, 18. (a) Amanneɛbɔ bɛn na ahwɛfo akwantufo bi de ama? (b) Afotu bɛn na Paulo de mae, na dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde bedi dwuma?
17 Aware ne sigyadi nyinaa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Rut 1:9; Mateo 19:10-12) Nanso, sɛ ebesi obi yiye wɔ saa tebea abien yi nyinaa mu a, ehia sɛ ɔde mpaebɔ susuw nsɛm ho. Amansin so ahwɛfo bɔ amanneɛ sɛ Adansefo pii rewareware bere a wonnyinii koraa no, na wɔtaa dan awofo bere a wonsiesiee wɔn ho sɛ wobedi asɛyɛde ahorow a ɛde ba no ho dwuma. Saa aware yi mu bi gu. Awarefo afoforo tumi gyina wɔn haw ahorow ano, nanso wɔn aware no mma wonnyaa anigye ɛ. Sɛnea Engiresini agoru kyerɛwfo Congreve kyerɛwee no, wɔn a wɔpere wɔn ho ware “benu wɔn ho wɔ wɔn adeyɛ no ho akyɛ.”
18 Amansin so ahwɛfo nso bɔ amanneɛ sɛ anuanom mmarima nkumaa bi mpɛ sɛ wobebisa kwan akɔyɛ adwuma wɔ Betel anaasɛ wobetu wɔn ho asi hɔ akɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi, esiane ahwehwɛde a ɛse ɛsɛ sɛ wɔde mfe kakra tra ase sɛ ahokwafo no nti. Nanso Paulo de afotu ma sɛ ɛsɛ sɛ obi twɛn kosi sɛ ‘ne baabun betwam’ ansa na waware, kyerɛ sɛ ɔntwɛn mma ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a edi kan no ano mmrɛ ase ansa. (1 Korintofo 7:36-38) Mfe a obi de tra ase sɛ ɔhokwafo a wanyin no ma onya osuahu ne nhumu a ɛsom bo, na ɛma otumi paw aware mu ɔhokafo yiye anaasɛ osi gyinae a wasusuw ho yiye sɛ ɔbɛtra ase sɛ ɔhokwafo.
19. Sɛ yenhia aware ankasa a, yebetumi abu nsɛm den?
19 Yɛn mu binom anyin atra yɛn baabunyɛ a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a ano yɛn den ka ho. Ɛtɔ mmere bi a, ebia yebedwen aware mu nhyira horow ho, nanso na yɛwɔ sigyadi akyɛde no ankasa. Ebia Yehowa behu sɛ yɛsom no ɔkwan a etu mpɔn so wɔ sigyadi tebea no mu, na yenhia aware a ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ yegyaw ne som mu hokwan ahorow bi gu hɔ no ankasa. Sɛ aware nyɛ ade a yɛn ankasa yehia, na yennyaa ɔhokafo a, ebia na Onyankopɔn wɔ biribi foforo ma yɛn. Enti, momma yennya gyidi sɛ ɔde nea yehia no bɛma yɛn. Ahobrɛase a yɛde begye nea ɛte sɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ no atom, te sɛ nea bere a Yudafo anuanom no hui sɛ Onyankopɔn ama Amanaman Mufo adwensakra na ama wɔatumi anya nkwa no, “womuaa wɔn ano, na woyii Onyankopɔn ayɛ” no, de anigye a ɛsen biara ba.—Asomafo no Nnwuma 11: 1-18.
20. (a) Sigyadi ho afotu bɛn na wɔde ma Kristofo nkumaa wɔ ha? (b) Anigye ho asɛntitiriw bɛn na wɔda so ara bu no sɛ nokwasɛm?
20 Enti aware betumi ama yɛanya anigye, nanso ebetumi de ɔhaw ahorow nso aba. Nokwasɛm biako ni: Ɛnyɛ aware ne ɔkwan biako pɛ a yɛbɛfa so anya anigye. Sɛ yebetwa asɛm no nyinaa tiawa a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo nkumaa titiriw bɛbɔ mmɔden de mfe pii atra ase sɛ ahokwafo. Wobetumi de mfe a ɛte saa no asom Yehowa, na wɔanya nkɔso wɔ honhom fam. Nanso, mfe a wɔn a wɔahyira wɔn ho so koraa ma Onyankopɔn no nyinaa adi anaa honhom fam nkɔso a wɔanya no mfa ho, wɔda so ara bu asɛntitiriw yi sɛ nokwasɛm. Nokwaredi a wɔde som Yehowa no na ɛma wonya nokware anigye.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na Yehowa nkoa wɔ anigye?
◻ Dɛn nti na aware nyɛ ade a ɛde anigye a ɛsen biara ba?
◻ Sɛ Yehowa nkurɔfo repaw aware mu hokafo a, dɛn na wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ?
◻ Dɛn nti na ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Kristofo a wɔtra ase sɛ ahokwafo no betumi anya anigye?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ wogye tom wɔ aware ne anigye ho?