“Monyɛ Hyew Honhom Mu”
1. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho?
1 Ɛsɛ sɛ Kristofo som adwuma a yɛyɛ no nya nkɔanim bere nyinaa. Enti, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ hyew honhom mu na yɛnsom Yehowa.’ (Rom. 12:11) Nanso, nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi abrɛ yɛn som adwuma no ase. Yɛbɛyɛ dɛn ‘ahyɛ’ nsi a yɛde yɛ Ahenni adwuma no “mu gya”?—2 Tim. 1:6, 7.
2. Sɛ yɛn ankasa sua Bible no a, ɛbɛka asɛnka adwuma no dɛn?
2 Bible a Yɛn Ankasa Besua: Sɛ obi betumi ayɛ Ahenni sɛnkafo a otu mpɔn a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn mmara, na ɔma nokware a ɛwɔ mu no ka ne koma kɛse. (Dw. 119:97) Sɛ yɛn ankasa resua Bible no na yehu emu akorade no bi a, etumi ka yɛn koma ma yɛyɛ nsi kɛse. Onyankopɔn a ɔkyerɛkyerɛ yɛn nokware no ho dɔ, ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo no kanyan yɛn ma yeyi Onyankopɔn ayɛ, na yɛbɔ ne din wɔ baguam. (Heb. 13:15) Nokwarem no, sɛ yɛde nsi ka asɛmpa no a, yɛda no adi sɛ ɛsom bo ma yɛn paa.
3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn wɔ yɛn som adwuma no mu?
3 Bɔ Mpae Hwehwɛ Onyankopɔn Honhom: Ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛma yetu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ Onyankopɔn honhom wɔ yɛn so bere nyinaa a, ɛma yɛyɛ nsi ankasa. (1 Pet. 4:11) Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a ɔma yɛn “tumi mmoroso” no a, yebenya honhom fam ahoɔden a yɛde bedi adanse akokoduru so. (Yes. 40:26, 29-31) Bere a ɔsomafo Paulo hyiaa ɔtaa wɔ ne som adwuma no mu no, ‘onyaa mmoa wɔ Onyankopɔn nkyɛn.’ (Aso. 26:21, 22) Yehowa honhom kronkron no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ hyew wɔ yɛn som adwuma no mu, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae.—Luka 11:9-13.
4. Sɛ yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na ebetumi afi mu aba, nanso ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Sɛ yɛyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛtaa kanyan yɛn mfɛfo Kristofo ma wɔn nso yɛ nsi. (2 Kor. 9:2) Sɛ yɛde ahokeka ne ahotoso yɛ asɛnka adwuma no a, ɛda adi sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no betie yɛn. Nanso, sɛ yɛde nsi reyɛ asɛnka adwuma no a, ehia sɛ yɛyɛ anifere na yɛda odwo adi. (Tito 3:2) Ɛsɛ sɛ bere nyinaa yedi ofiewura no ni na yɛkyerɛ obu ma n’adwenkyerɛ.
5. Bible mu afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma?
5 Sɛ́ Ahenni adawurubɔfo no, momma ‘yɛnyɛ hyew wɔ honhom mu’ bere nyinaa. Sɛ yegye bere sua Bible no, na yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ ne honhom kronkron no a, ɛbɛma yɛayɛ nsi. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya “honhom kronkron ne awerɛhyem a emu yɛ den” de ayɛ yɛn som adwuma no nnam so.—1 Tes. 1:5.