Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/90 kr. 1-2
  • Yɛ Nnam Wɔ Ahenni Nkrasɛm No Ntrɛwmu Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Nnam Wɔ Ahenni Nkrasɛm No Ntrɛwmu Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DA NNAMYƐ ADI WƆ NHOMAWA A WODE BƐMA MU
  • NHOMAWA A WƆDE MA HO NYANSAHYƐ AHOROW
  • Asɛnka Ne Asuafoyɛ Adwuma No A Yɛbɛyɛ No Nnam So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Yɛ Nsi Wɔ Nimdeɛ A Ɛma Nkwa No Mu Trɛw Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Yɛn Nnamyɛ Wɔ Ɔsom Adwuma Mu a Yebekura
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 9/90 kr. 1-2

Yɛ Nnam Wɔ Ahenni Nkrasɛm No Ntrɛwmu Mu

1 Yehowa yɛ nnwuma pa Nyankopɔn, na ɔyɛ nnam wɔ hwɛ a ɔbɛhwɛ ma wɔayɛ no mu. Ɔyɛ biribiara wɔn a wɔsom no no yiyedi nti. Yesu yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ n’Agya no nnamyɛ a osuasuae no mu. Bere bi, Yehowa fi ho nnamyɛ kanyan no ma ɔpamoo wɔn a wɔde asɔrefi no. ayɛ aguadidan no fii hɔ. (Yoh. 2:14-17) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ nnipa a ‘wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden’ a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda nnamyɛ adi wɔ ɔsom a yɛde Yehowa Nyankopɔn no mu.​—Tito 2:14.

2 Afoforo nya Kristofo nnwuma pa ho mfaso. Ade a mfaso wɔ so sen biara a yebetumi ayɛ ama obi foforo ne sɛ yɛbɛboa no ma wahu Yehowa na wasom no. (Yoh. 17:3) Yɛnam yɛn nnamyɛ wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so na ɛde mmoa a ɛte sɛɛ ma.

3 Dɛn ne nnamyɛ? Nnamyɛ ne nkate a emu yɛ hyew. Kristofo nnamyɛ fi ɔpɛ a emu yɛ hyew sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ na ɛfata mu. Hela asɛmfua ma “nnamyɛ” no kyerɛ “sɛ biribi huru.” Sɛ́ Onyankopɔn asomfo no, ɛsɛ sɛ yɛda saa su yi adi bere a yɛtrɛw Ahenni nkrasɛm no mu no. So yɛyɛ nnam wɔ yɛn som adwuma no mu? So yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de aboa afoforo ma wɔasua Yehowa atirimpɔw ahorow ho ade?

DA NNAMYƐ ADI WƆ NHOMAWA A WODE BƐMA MU

4 September mu no, yebenya hokwan bio de nhomawa ahorow a ekura nkratafa 32 no mu biara ama gye Sukuu ne Yehowa Adansefo no. Yebetumi de Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” The Divine Name That will Endure Forever, anaa Nniso a Ɛde Paradise Bɛba ama. Siesie wo ho sɛ wode nhomawa biara a ɛte sɛ nea ɛfata asasesin no ne onipa a woto no ɔpon ano sen biara no bɛma.

5 Sɛ yebetumi ayɛ nnam wɔ Ahenni nkrasɛm no ntrɛwmu mu a, ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho yiye. So yenim mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no yiye? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no atõa nhomawa a yɛde ma no mu? Nhomawa no mu nsɛm pɔtee bɛn na yebetumi abɔ din? Sɛ yegye bere de hu nhomawa anum no mu nsɛm yiye na yenya ho anigye wɔ yɛn adwenem a, ebesiesie yɛn ma yɛde ama wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nnamyɛ so.

NHOMAWA A WƆDE MA HO NYANSAHYƐ AHOROW

6 Bere a woada wo ho adi sɛnea ɛfata ma ɛne mprempren tebea no ahyia akyi no, wubetumi aka sɛ: “So woasusuw ho pɛn sɛ ebia nsɛmmɔnedi a ɛwɔ wiase nnɛ no ho asɛm haw Onyankopɔn anaa? [Ma ommua.] Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɛtɔre abɔnefo nyinaa ase nnansa yi ara. [Kenkan Dwom 92:7.] Esiane sɛ eyi te saa nti, hena na yebetumi adan akɔ ne nkyɛn na yɛanya nokware akwankyerɛ ne ahobammɔ? [Kenkan Dwom 145:20.] Enti ɔkwan koro pɛ a yɛnam so benya nkwa ne sɛ yɛne yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ. Ɛho hia sɛ yesusuw nhyira horow a ɔde ahyɛ adesamma asoɔmmerɛwfo bɔ no ho.” Afei wubetumi adan akɔ mfonini 49 a ɛwɔ Nya Asetra mu Anigye mu no so na woakenkan nsɛm a ɛka ho no, na woasi nhyira horow a wɔayɛ ho mfonini no so dua. Anaasɛ dan kɔ Nniso nhomawa no kratafa 29, na mommɔ nhyira horow a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ no ho nkɔmmɔ. Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔde “Hwɛ!” nhomawa no nkyekyem 49 ne 50 di dwuma de kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama adesamma no mu.

6 Esiane sɛ eyinom yɛ mmere a emu yɛ den nti, nkrasɛm a yekura no gye ntɛmpɛ. Ɛho hia sɛ yɛyɛ nnam wɔ Ahenni nkrasɛm no ntrɛwmu mu, na yɛhyɛ afoforo nkuran ma wobehu Onyankopɔn ne n’Asɛm. Sɛ yɛde nnamyɛ trɛw nimdeɛ a ɛma nkwa yi mu a, yedi yɛn onyamesom pa ahofama ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ho adanse. Bisa wo ho sɛ: ‘So mebɔ nnwuma pa ho mmɔden? So wobetumi aka mmoa a mede ma asɛnka dwumadi no ho asɛm sɛ emu yɛ hyew na efi ɔkra nyinaa mu?’ Mmuae a yɛbɛma no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛn nnamyɛ te. Dodow a yenya Ahenni nkrasɛm no ntrɛwmu mu kyɛfa no, dodow no ara na yɛn nnamyɛ yɛ kɛse. Afoforo behu sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena