Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ
1 Ɛnnɛ nnipa pii te nka sɛ nyamesom a wɔbɛpaw no yɛ wɔn ankasa kokoam asɛm. Enti, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛka eyi ho asɛm akyerɛ yɛn mpɔtam hɔfo. Nanso, mprempren yɛwɔ Mankind’s Search for God nhoma no a ada adi sɛ ɛyɛ mmoa kɛse wɔ asɛm a yɛka kyerɛ nnipa a wɔwɔ nyamesom ahorow mu no mu.
2 Dɛn na wobɛka de akanyan ofiewura no anigye ma wakenkan nhoma yi? Nsɛm anaasɛ nneɛma bɛn na wubesi so dua na akanyan wɔn a wose wɔyɛ Kristofo, wɔn a wɔnyɛ Kristofo, ne wɔn a wonni gyidi no anigye? Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho akyerɛ yɛn mpɔtam hɔfo sɛnea ehia sɛ ‘wɔhwehwɛ Yehowa,’ na ‘wɔfrɛ no bere a ɔbɛn no.’ (Yes. 55:6) Yebetumi asakra nyansahyɛ ahorow no mu na ɛne yɛn mpɔtam hɔ tebea ahyia.
3 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wɔhwehwɛ Nea Yɛwɔ Ka no Mu?: Esiane sɛ nnipa pii kyerɛ sɛ wɔn nyamesom no ara nko na wɔpɛ, na wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛsakra nti, ebia ebehia sɛ yɛma yɛn nnianim asɛm no boa ofiewura no ma ɔde adwene a emu da hɔ hwehwɛ nea yɛwɔ ka no mu.
4 Bere a woakyia sɛnea ɛfata akyi no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Sɛ yɛne yɛn mpɔtam hafo bɔ nkɔmmɔ a, yehu sɛ nnipa pii pɛ wɔn nyamesom no ara na wɔmpɛ sɛ wɔsakra. Nanso sɛ anka nkurɔfo gye bere de hwehwɛ afoforo gyidi horow mu a, so wususuw sɛ eyi betumi ama wɔate nsɛm ase yiye, na nitan so atew wɔ wiase no mu? [Ma ofiewura no mmua.] Hyɛ nea Bible no ka fa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔte nka wɔ afoforo ho no nsow.” Bere a moakenkan Asomafo no Nnwuma 17:26, 27 awie no, twe adwene si Mankind’s Search for God nhoma no kratafa 10, nkyekyem 15 ne 16 so.
5 Nnipa pii ahu sɛ nhoma no mu ti bi a ɛka ofiewura no nyamesom ho asɛm no so a wɔdan kɔ no bɛkanyan n’anigye. Hyɛ sɛnea yebetumi ayɛ eyi no nsow.
6 Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Esiane sɛ nyamesom pii na ɛwɔ hɔ nnɛ nti, so woabisa sɛnea yebetumi ahu sɛ yɛn nyamesom sɔ Onyankopɔn ani no ho asɛm pɛn?” Sɛ ofiewura no kasa wie a, twe n’adwene si adaka a ɛwɔ Mankind’s Search for God nhoma no kratafa 377, a ɛkyerɛ akwan du a wɔbɛfa so ahu nokware som no so, na si nea ɛto so 7 no so dua titiriw. Bisa ofiewura no sɛ ɔpene so sɛ ɛsɛ sɛ obi a ɔsom nokware som te nka saa wɔ mmusua ne aman afoforo ho anaa. Sɛ bere ma kwan a, monhwɛ kyerɛw nsɛm abiɛsa a ɛwom no. Afei ka sɛ ntease afoforo akron a wɔde ama no nso wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a edi mu saa ara fa wie.
7 Emu Nneɛma Afoforo a Ɛboa: Wubetumi de nsɛmti pii a wɔahyehyɛ wɔ nhoma no akyi no nso adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn asasesin no mu nnipa pii te nka sɛ nyamesom nyinaa yɛ akwan horow a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn nso ɛ? Ɛnde hwɛ asɛmti “Religion” a ɛwɔ asɛmti ketewa bi a wɔato din sɛ “‘all religions equal’: 12” no ase. Eyi kyerɛ yɛn sɛnea nsɛmti a wɔahyehyɛ no betumi aboa yɛn ma yɛanya nsɛm a yɛde bɛbɔ nkɔmmɔ. Sɛ yɛne wɔn a wonnye Onyankopɔn nni rebɔ nkɔmmɔ a, yebetumi de nkyekyem 1 ne 2 a ɛwɔ nkratafa 329, a ɛka gyidi a wonni nnɛ ho asɛm no akyerɛ wɔn. Ebia “Questions That Require an Answer” anum no a ɛwɔ nkratafa 17-18 no bɛkanyan wɔn a wobisa sɛ ebia Bible no kyerɛkyerɛ nea nyamesom ahorow no mu fã kɛse no ara ka no titiriw anigye.
8 Sɛ yɛde nsɛm a etu mpɔn dan adwene kɔ Mankind’s Search for God nhoma no so a, ebia yebetumi aboa nnipa a yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ no ma wɔahwehwɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ, a ɔne Yehowa no.