Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
1 Wɔatintim Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no mfuamfua bɛboro ɔpepem 28 wɔ kasa horow 129 mu. Wɔatintim Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, ne The Divine Name That Will Endure Forever no nso ɔpepem pii wɔ kasa horow pii mu. Yɛn botae wɔ August mu ne sɛ yɛde nhomawa yi bɛma na yɛafi ofie Bible adesua ase.
2 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nhomawa yi afi Bible adesua ase bere a nsemmisa biara nni ne nkratafa no ase no? Wubetumi ayɛ eyi denam nhomawa no ara kwa a wo ne ofiewura bɛkenkan, ahwɛ kyerɛw nsɛm ahorow no na moasusuw emu nsɛm no ho no so. Nkyekyem ahorow a edidi so no de nyansahyɛ a ɛfa sɛnea yebetumi afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ emu biara mu ho ma.
3 Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!: Nhomawa yi asete nyɛ den. Sɛ worebefi adesua ase a, ma ofiewura no mmue ne nhomawa no Nɔma 4 ne 5. Ma ɔnka nea ohu wɔ mfonini no mu ho asɛm. Boa no ma onhu sɛnea ɛkyerɛ mfitiase a edi mũ a Onyankopɔn maa Adam ne Hawa nyae wɔ Eden turo no mu no. Bisa no sɛ ɛyɛ nea asase no ayɛ paradise nnɛ, na ma ommua. Bere a woaka tebea bɔne a ɛwɔ asase so nnɛ no ho asɛm tiawa no, dan kɔ Nɔma 49 na kyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɛsan de Paradise aba asase so ne sɛnea wobeyi nsɛmmɔnedi afi hɔ no mu. Wo ne ofiewura nsusuw nsɛm a wɔakyerɛw wɔ hɔ no ne kyerɛw nsɛm ne mfonini no ho. Afei dan kɔ Nɔma 1 ne 2 na bisa ofiewura obi a ne nkutoo na obetumi ayɛ asase yi paradise. Ma ommua. Ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ nea mfitiase no ɔyɛɛ paradise no ara—Onyankopɔn. Yɛ nhyehyɛe na kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so akyiri yi.
4 Nniso a Ɛde Paradise Bɛba: Wɔhyɛ nyansa sɛ, sɛ wode nhomawa yi rema a, munsusuw nkyekyem a ɛwɔ kratafa 3 no ho. Ɔkwan a ɛyɛ tẽẽ a wubetumi afa so ne sɛ wobɛhyɛ nyansa sɛ mobɛbom akenkan asɛm a ɛwɔ nkratafa a edidi so no mu no na ama wahu nea enti a yehia Onyankopɔn Ahenni no. Mubetumi akenkan nkyekyem biara ne kyerɛw nsɛm no na moasusuw ho. Wubetumi aka kyerɛwsɛm a ɛware no mu asɛm na woahyɛ ofiewura no nkuran sɛ onya bere a ɔnkenkan. Boa ofiewura no ma onnya mfonini ahorow no ho anisɔ na ɔnte sɛnea ɛne nkyekyem a moresusuw ho no hyia no ase.
5 The Divine Name That Will Endure Forever: Ma ofiewura mmue ne de no kratafa 6. Kenkan asɛmti a ɛne “Onyankopɔn Din—Nea Ɛkyerɛ ne Sɛnea Wɔbɔ No.” Afei bisa no ɔkwan a osusuw sɛ yebetumi afa so ahu Onyankopɔn din no. Ma ommua. Afei ka kyerɛ no sɛ nhomawa no fã yi bua asemmisa no. Ka kyerɛ ofiewura no ma ɔne wo nkenkan nkyekyem a edi kan no, munsusuw ho, munsusuw kyerɛw nsɛm a ɛwom no nso ho. Si eyi so dua sɛ, sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa anka ankyerɛ yɛn a, ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so ahu ne din no. Monkɔ so nkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm no na munsusuw ho.
6 Yebetumi agyina nhomawa ahorow fɛfɛ a nsɛm pii wom yi so ahyehyɛ daa ofie Bible adesua wɔ Tra Ase Daa nhomawa no mu. Nkɔmmɔ a wo ne ofiewura bɛbɔ wɔ emu biako mu no betumi aboa wo ma woahu sɛ ebia ɛyɛ nea n’ani gye nokware no ho ampa. Mubetumi asusuw nhomawa no fã biara a ofiewura no ani gye ho ho, na ɛho nhia sɛ mubesua nhomawa mũ no nyinaa awie ansa na moakɔ adesua nhoma ahorow no biako so. Momma yɛn nyinaa mfa nhomawa ahorow no nni dwuma yiye bere a yɛboa wɔn a wɔte sɛ nguanten no ma womfa nokware nimdeɛ a edi mũ no.—Yoh. 17:3.