Fa Asɛmpa Nwomawa no Kyerɛkyerɛ
1. Sɛn na wɔayɛ Asɛmpa nwomawa no?
1 July Yɛn Ahenni Som no ma yɛhuu sɛ nwoma baako a ɛboa yɛn wɔ asɛnka mu paa ne Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ mu no, wɔamfa emu asɛm amma mu. Wei bɛma ofiewura no akan afi ne Bible mu tẽẽ. Yɛn nwoma pii wɔ hɔ a sɛ obi nsa ka a, ɔno ara bɛtumi asua. Nanso saa nwomawa yi deɛ, gye sɛ yɛne onipa no bom susu ho. Enti sɛ yɛde ma obi a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ no ɔkwan a yɛbɛfa so asua. Wei bɛma n’ani agye ho sɛ ɔbɛhu asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no.—Mat. 13:44.
2. Sɛ yɛkɔ obi nkyɛn bere a ɛdi kan a, yɛbɛyɛ dɛn de Asɛmpa nwomawa no ayɛ adwuma?
2 Bere a Ɛdi Kan: Wobɛtumi aka sɛ: “Nea enti a maba ha ne sɛ nnipa pii nhu baabi a wiase ani kyerɛ. Wohwɛ a nneɛma bɛyɛ yie daakye? [Twɛn ma ɔmmua.] Asɛmpa bi wɔ Bible mu a ɛma yɛnya anidaso. Wo deɛ hwɛ nsɛmmisa a Bible ma yɛnya ho mmuaeɛ.” Ma ofiewura no nwomawa no baako na ɔmpaw nsɛmmisa a ɛwɔ akyi no mu nea n’ani gye ho. Afei monnan nkɔ asɛm no so wɔ nwomawa no mu na monsusu nkyekyɛm a ɛdi kan no ho. Wopɛ nso a, wobɛtumi abisa ofiewura no asɛm bi a n’ani bɛgye ho, na moadan akɔ nwomawa no mu akyerɛ no sɛnea mobɛnya ho mmuaeɛ wɔ Bible mu. Adawurubɔfo bi wɔ hɔ a, sɛ wɔne obi resua adeɛ na yɛwɔ video bi a ɛfa ho wɔ jw.org a, wɔyi kyerɛ no.
3. Yɛde Asɛmpa nwomawa no reyɛ adesua a, yɛbɛyɛ no sɛn?
3 Sɛnea Yɛde Bɛyɛ Adesua: (1) Bisa asɛm a nɔma hyɛ ho no sɛnea ɛbɛyɛ a ofiewura no de n’adwene bɛsi nsɛntitiriw no so. (2) Afei kenkan nkyekyɛm a ɛwɔ aseɛ pɛɛ no. (3) Monkenkan kyerɛwnsɛm a wɔde “kenkan” ahyɛ ho no, na bisa ofiewura no nsɛm a ɛbɛboa ma wahu sɛnea kyerɛwnsɛm no bua asɛmmisa no. (4) Sɛ nkyekyɛm foforo di hɔ a, kenkan na monsusu kyerɛwnsɛm no ho sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ ɔfã 2 ne 3 no. Sɛ modu asɛmmisa bi so na yɛwɔ video bi a ɛbua asɛm no na ɔnhwɛɛ da a, wobɛtumi ayi akyerɛ no. (5) Wowie a, san bisa asɛm a nɔma hyɛ ho no, na hwɛ sɛ ofiewura no ate ase anaa.
4. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛde nwomawa yi adi dwuma yie?
4 Hu nwomawa yi mu nsɛm yie, na hokwan biara a wobɛnya no, fa yɛ adwuma. Ansa na wobɛkɔ wo suani biara hɔ no, gye bere susu ne ho na hwɛ ɔkwan a wobɛtumi de kyerɛwnsɛm a ɛwɔ adesua no mu aboa no. (Mmeb. 15:28; Aso. 17:2, 3) Sɛ wokɔ so de nwomawa yi di dwuma a, daa w’ani bɛgye ho sɛ wode bɛkyerɛ nkurɔfo nokware no; worentumi nkɔ nnya hɔ!