Nhyehyɛe Ma Nnawɔtwe a Ɛfi Aseɛ October 5
NNAWƆTWE A ƐFI ASEƐ OCTOBER 5
Dwom 13 ne Mpaebɔ
Asafo Bible Adesua:
cl ti 31 ¶13-20 (simma 30)
Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Berɛsosɛm 1-4 (simma 8)
No. 1: 1 Berɛsosɛm 1:28-42 (simma 3 anaa nea ɛnnu saa)
No. 2: Sika Nantwie Ba No—my adesua 36 (simma 5)
No. 3: Nnyinasosɛm Mmienu Bɛn na Ɛho Hia Paa?—fg adesua 11 asɛmmisa 3 (simma 5)
Ɔsom Nhyiam:
Bosome Yi Asɛmti: ‘Di asɛmpa no ho adanseɛ fekɔfekɔ.’—Aso. 20:24.
10 min: Fa Nsɛmma Nwoma Ma wɔ October Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Nea ɛdi kan koraa no, ma wɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ nifa so no nyɛ ɔyɛkyerɛ mmienu mfa nkyerɛ sɛnea yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛma. Afei monsusu nsɛm a yɛbɛtumi aka no mu biara ho.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Wode Yɛɛ Adwuma? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Bere a yɛresusu asɛm a ɛne, “Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Asasesin a Nnwuma Wom” ho no, wɔkaa sɛ yɛmfa nyɛ adwuma. Ma atiefo nka sɛnea nyansahyɛ no aboa wɔn ne osuahu a ɛhyɛ nkuran a wɔanya.
Dwom 98 ne Mpaebɔ