Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
1 Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ ani gye nsɛm a egu ahorow ho. Wubetumi anya brochure ahorow ahorow wɔ wo ho bere a woyɛ asɛnka adwuma wɔ July mu no, na wode biako a w’asasesin no mufo ani begye ho adi dwuma. Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ saa nsɛm a wɔka kyerɛ yi mu biako hwɛ:
2 Sɛ wode “Nniso a Ɛde Paradise Bɛba” “brochure” no rema a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Sɛ Onyankopɔn nkutoo ne sodifo a, anka wususuw sɛ wiase no te dɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛ yɛbɔ Awurade Mpaebɔ, anaa Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro, a Yesu Kristo kyerɛɛ yɛn no a, na nea yɛrebisa ankasa ne sɛ Onyankopɔn mmɛfa asase so tumidi no. [Dan kɔ kratafa 3, na kenkan nkyekyem a edi kan a ɛtwe adwene kɔ Mateo 6:10 so no.] Sɛ wopɛ sɛ wotra wiase a ɛte saa mu a, ɛsɛ sɛ wokenkan saa brochure yi.” Afei fa ma.
3 Wubetumi de “Bere a Obi a Wodɔ No Awu” adi dwuma wɔ saa kwan yi so:
◼ “Wususuw sɛ ɛda bi bɛba a yɛn mu biara dɔfo bi renwu bio? [Twɛn ma ommua.] Saa brochure yi a wɔakyerɛw no yiye yi de Bible mu bɔhyɛ a ahotoso wom a ɛne sɛ saa da no reba nnansa yi ara no akyekye ɔpepem pii werɛ. [Dan kɔ kratafa 5, na kenkan nkyekyem a ɛto so anan no, ne 1 Korintofo 15:21, 22. Afei dan kɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 30 no so.] Mfoniniyɛfo no asi anigye a yebetumi anya bere a yɛrema yɛn adɔfo a wɔawuwu no akwaaba wɔ owusɔre mu no so dua wɔ ha. Nanso ɛhe na saa anigyesɛm yi besi? Saa brochure yi bɛkyerɛ wo mmuae a Bible no de ma wɔ saa asemmisa no ho.” Sɛ ogye brochure no a, wubetumi de aka ho sɛ: “M’ani begye ho sɛ mɛsan aba akyiri yi ne wo abɛbɔ saa asɛm yi ho nkɔmmɔ akɔ akyiri.”
4 Wubetumi afa ɔkwan tee yi so de “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” “brochure” no afi Bible adesua ase:
◼ “Nnipa bebree wɔ Bible no ho nsemmisa bi. Ebia woadwen sɛnea wubenya eyinom mu biako ho mmuae ho pɛn. [Dan kɔ kratafa 30.] Saa asemmisa a etwa to yi akanyan nnipa bebree anigye: ‘Ɔkwan bɛn so na wubetumi asiesie wo ho ama daa nkwa wɔ Paradise?’” Sɛ mobɔ nkratafa 29-30 nkyekyem 57-8 mu nkɔmmɔ a, monkenkan Adiyisɛm 21:3, 4, na wonam saayɛ so ato nhyɛase de afi Bible adesua foforo ase. Fa nkɔmmɔbɔ no bra awiei denam brochure no a wode bɛma no so, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no bere a mubetumi asusuw nsemmisa foforo no bi ho.
5 Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ saa asɛm a wɔka kyerɛ a ɛnyɛ den yi hwɛ bere a wode “brochure” a ɛne “The Divine Name That Will Endure Forever” rema no:
◼ “Nneɛma a edi kan a misua fii Bible mu no biako ne Onyankopɔn din. Wunim? [Twɛn ma ommua.] Ma menkyerɛ wo. Ɛwɔ Bible no mu wɔ Dwom 83:18. [Kenkan.] Saa brochure yi kyerɛ sɛnea Onyankopɔn din, Yehowa, no te wɔ kasa ahorow pii mu. [Fa adaka a ɛwɔ kratafa 8 no kyerɛ no.] Sɛ wopɛ sɛ wusua Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nsɛm pii a, ɛsɛ sɛ wokenkan saa brochure yi.” Fa brochure no ma ofiewura no.
6 Bere a yɛwɔ brochure ahorow a ɛyɛ fɛ a yɛde bedi dwuma no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛasiesie yɛn ho sɛ ‘yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ ahobrɛasefo.’—Yes. 61:1.