Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma
1 Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmma n’ani nna hɔ wɔ nneɛma nyinaa mu, ɔnyɛ ɔsɛmpakafo, na onwie ne som adwuma no koraa. (2 Tim. 4:5) Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyimfo, yɛyɛ foforo wɔ nokware ho mu anaasɛ yɛanya osuahu pii wɔ asɛnka adwuma no mu no, yɛn nso yɛpɛ sɛ yenya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa kɛse.
2 Bere a yɛreka asɛmpa no wɔ August mu no, yɛde Asafo no nhomawa ahorow (brochure) a wɔayɛ nnansa yi no na ɛbɛma: The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, ne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo.” Sɛ yegye bere de hwehwɛ nhomawa ahorow anan yi mu yiye a, yebetumi de ama nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
SƐNEA YƐDE NHOMAWA AHOROW NO BEDI DWUMA
3 Divine Name nhomawa no: Sɛ wode mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no redi dwuma a, wubetumi de Yohane 17:3 atõa mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so denam asemmisa, Nokware Nyankopɔn koro pɛ no din ne dɛn? so. Bere a woabisa asɛm no awie no, wubetumi aka sɛ: “Yohane 17:3 ka nnipa baanu ho asɛm. Obiako de Yesu, na ɔfoforo no de wɔde abodin “Onyankopɔn” nkutoo na ɛkaa ne ho asɛm. Hyɛ nea wɔka wɔ nhomawa yi kratafa 4, . . . wɔ asɛmti ketewaa ‘Onyankopɔn din Ne Dɛn?’ ase no nsow.” Afei wubetumi akenkan nkyekyem a edi asɛmti ketewaa no akyi no na woadan akɔ Dwom 83:18, faako a Onyankopɔn din no pue no. Ɛno akyi no, wubetumi adan akɔ nhomawa no nkratafa 8 ne 9 na woakyerɛ akwan horow a wɔafa so akyerɛ din kronkron no ase wɔ kasa horow mu, ne sɛnea wɔkyerɛw no wɔ Hebri mu no. Afei wubetumi de saa nhomawa a ɛka nsɛm fi yi ama ofiewura no de agye ¢30.
4 Nniso nhomawa no: Sɛ wokenkan Yohane 17:3 wie na wokyerɛ mu sɛ Onyankopɔn ne Yesu ho nimdeɛ kyerɛ daa nkwa a, bisa ofiewura no sɛ ebia wasusuw ho pɛn sɛ obetumi anya asetra mu anigye wɔ asase so daa anaa. Ma ommua. Afei dan kɔ nhomawa no kratafa 8 na kenkan mpaebɔ nhwɛso no fã bi, na si so dua sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so. Ɛno akyi no, kenkan nkyekyem 1 no fã a aka no na kyerɛ sɛ Ahenni no ne nea Onyankopɔn nam so bedi nsɛnnennen ahorow a ɛma asetra yɛ den nnɛ no ho dwuma. Wubetumi de nhomawa no ama wɔ ha. Anaa, ebia wobɛpɛ sɛ wodan kɔ nkratafa 28 ne 29, wode nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni nniso no de bɛbrɛ adesamma no mu binom kyerɛ, na wode nhomawa no ma de gye ¢30.
5 Asetra wɔ Asase So nhomawa no: Sɛ wode saa nhomawa yi rema a, wubetumi de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ara adi dwuma, anaa ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm a wɔka no ɔkwantiaa so di dwuma. Bere a wɔada wo ho adi awie no, bisa ofiewura no sɛ ebia osusuw sɛ ɛbɛba da bi sɛ obiara benya aduan pii adi anaa. So ɛbere bi bɛba a asase so abusua biara benya n’ankasa fie na wɔatra ase wɔ asomdwoe ne anigye mu anaa? Wɔ ofiewura no mmuaema akyi no, dan kɔ mfonini a ɛto so 47 a ɛwɔ nhomawa no mu no so. Kyerɛkyerɛ tebea horow a ɛyɛ nwonwa a wɔada no adi wɔ ha no mu na kyerɛ sɛnea eyinom nyinaa bɛba asase so nnansa yi ara. Sɛ hokwan wɔ hɔ a, to nsa frɛ ofiewura no ma onsusuw kyerɛw nsɛm a ɛka mfonini a ɛto so 47 ho no ho. Wubetumi aka akyerɛ no sɛ saa nhomawa yi kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya asetra mu anigye wɔ asase so daa. Ma no bi fa gye ¢30.
6 “Hwɛ!” nhomawa no: Nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa a wonnye Bible ntom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu. Wɔasiesie saa nhomawa yi na aboa nnipa a wɔtete saa. Bere a woada wo ho adi awie no, bisa ofiewura no sɛ onim sɛ Bible no nkutoo ne nyamesom nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Paradise mu ankasa anaa. Ma ommua. Afei to nsa frɛ no ma ɔne wo nkenkan Adiyisɛm 21:4 na onhu sɛnea Paradise bɛyɛ. Momfa mfonini a ɛwɔ akyi no nsusuw nkyekyem 1 a ɛwɔ kratafa 3 no ho. To nsa frɛ ofiewura no sɛ onnye nhomawa a ɛyɛ ¢30 yi na onsua pii mfa Paradise ho.
7 Bere a yenya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa wɔ August mu no, yɛn nyinaa betumi de nhomawa ahorow no amoma. Awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔasiesie asɛm bi a wɔka no ɔkwantiaa so. Afoforofo betumi de asɛntiaa bi a wɔapaw na ɛyɛ mmerɛw ma wɔn afi ase. Ɛmmra sɛ yɛde nnamyɛ bɛyɛ asɛmpakafo adwuma no, na yɛde nsɛm a ɛma akomatɔyam a wɔatintim wɔ nhomawa ahorow no mu no bedu nnipa dodow biara a yebetumi no nkyɛn.—1 Tim. 2:3, 4.