Obiara Betumi Anya Mu Kyɛfa
1 Nhoma a yɛde rema August no bɛma yɛatumi adannan yɛn nsɛm mu ma ɛne ofiewura no ahiade ahyia. Nea yɛde bɛma ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Siesie wo ho sɛ wode nhomawa no mu biara a ɛbɛyɛ nea ɛfata kɛse ma asasesin no ne onipa a woto no wɔ fie no bɛma.
NNISO NHOMAWA NO
2 Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Adesamma ahu amane kɛse wɔ abakɔsɛm bere nyinaa mu. Wususuw sɛ dɛn nti na eyi aba saa? [Ma ommua.] Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ onipa ankasa rentumi nni ne ho so mma ɛnyɛ yiye. [Kenkan Ɔsɛnkafo 8:9.] Kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ adesamma rentumi mfa nniso a ɛde daa asomdwoe ankasa bɛba nsi hɔ. Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa. Hyɛ nea Bible no ka sɛ Onyankopɔn nniso bɛyɛ no nsow.” [Kenkan Mika 4:3, 4.] Fa bra awiei “Sɛnea ɛbɛboa wo ma woate sɛnea Onyankopɔn nniso no de paradise bɛba no ase no, wo nsa betumi aka nhomawa yi, ɛyɛ ntoboa ¢20. Hyɛ nea ɛka wɔ kratafa 3 no nsow.” Kenkan nkyekyem no.
NYA ASETRA MU ANIGYE NHOMAWA NO
3 So woyɛ Yehowa ayeyifo kumaa anaasɛ obi a afei na ɔrefi asɛnka ase? Ebia nea edi so yi bɛboa wo ma wo nso wode nhomawa no bi ama wɔ August mu. Bere a woabɔ wo din akyi no, wubetumi aka sɛ: “Mepɛ sɛ migyaw nhomawa bi a ɛkyerɛ sɛnea ɔsoro hene bi de daa anigye bɛbrɛ adesamma no ma wo. Hyɛ nea wɔaka wɔ mfonini 49 atifi hɔ no nsow. [Kenkan nea ɛwɔ hɔ no.] Mfonini ahorow no a wobɛhwɛ na woakenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no bɛma w’ani agye. Eyi yɛ wo de, ɛyɛ ntoboa ¢20.”
DIVINE NAME NHOMAWA NO
4 Ɔkwan pa a wobɛfa so ayi Onyankopɔn ayɛ ne sɛ wobɛma ne din Yehowa no so. Bere a woabɔ wo din akyi no, wubetumi aka sɛ: “Me ne nnipa a wɔwɔ mo mpɔtam ha reka hia a ɛho hia sɛ yebehu nokware Nyankopɔn no din ho asɛm. So woahyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ nea nnipa pii de Onyankopɔn din no di dwuma anaasɛ wonim nea egyina hɔ ma? [Ma ommua.] Bible no ka wɔ Dwom 83:18 sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa. Nea ne din no kyerɛ ne sɛ, ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam. Bɔ ahorow a ɛyɛ anigye a wahyɛ a ɛrenkyɛ ɛbɛbam no mu biako ne nea ɛwɔ Mika 4:3, 4 no.” Kenkan kyerɛwsɛm no na ka ho asɛm tiawa. Afei bue nhomawa no kratafa 31 na ka sɛ: “Hyɛ nsɛm a wɔaka wɔ ha a ɛfa bo a Onyankopɔn din no a yebehu som ho no nsow. [Kenkan nkyekyem 1.] Nsɛm a ɛwɔ nhomawa yi mu no yɛ anigye kɛse. Wo nsa betumi aka eyi a ɛyɛ ntoboa ¢20.”
5 Nea afiewuranom ani gye ho anaasɛ ɛyɛ wɔn ahiade no gu ahorow. Ebinom ani gye nyamesom ho na wɔda so ara kenkan Bible no. Afoforo ani gye ho sɛ wɔbɛka amammuisɛm ne nniso ho asɛm. Wɔn a wonnim akenkan pii no ani begye asɛm tiawa a mfonini ahorow ka ho ho. Enti bere a yɛne obi kasa no, ɛho hia sɛ yehu nea n’ani gye ho na yɛde nhomawa a ɛfata no ma no. Momma yɛn nyinaa nnya Yehowa ayeyi mu kyɛfa wɔ August mu denam nhomawa ahorow no a yɛde bɛma bere a yɛka Ahenni ho asɛmpa no so.